< Mmɛbusɛm 19 >

1 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.
Better is the poor who walks in his integrity than he who is perverse in his lips and is a fool.
2 Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ.
It isn’t good to have zeal without knowledge, nor being hasty with one’s feet and missing the way.
3 Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso nʼakoma huru tia Awurade.
The foolishness of man subverts his way; his heart rages against Yahweh.
4 Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gya no hɔ.
Wealth adds many friends, but the poor is separated from his friend.
5 Adansekurumni bɛnya nʼakatua, na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni.
A false witness shall not be unpunished. He who pours out lies shall not go free.
6 Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn, na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo.
Many will entreat the favor of a ruler, and everyone is a friend to a man who gives gifts.
7 Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso ɔnhunu wɔn baabiara.
All the relatives of the poor shun him; how much more do his friends avoid him! He pursues them with pleas, but they are gone.
8 Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra; deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.
He who gets wisdom loves his own soul. He who keeps understanding shall find good.
9 Adansekurumni bɛnya asotwe, na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.
A false witness shall not be unpunished. He who utters lies shall perish.
10 Akɛsesɛm mfata ɔkwasea, anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so!
Delicate living is not appropriate for a fool, much less for a servant to have rule over princes.
11 Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ; sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.
The discretion of a man makes him slow to anger. It is his glory to overlook an offense.
12 Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo.
The king’s wrath is like the roaring of a lion, but his favor is like dew on the grass.
13 Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛeɛ, ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ nsusosɔ a ɛntwa da.
A foolish son is the calamity of his father. A wife’s quarrels are a continual dripping.
14 Afie ne ahonyadeɛ yɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ, na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade.
House and riches are an inheritance from fathers, but a prudent wife is from Yahweh.
15 Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ.
Slothfulness casts into a deep sleep. The idle soul shall suffer hunger.
16 Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu.
He who keeps the commandment keeps his soul, but he who is contemptuous in his ways shall die.
17 Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka.
He who has pity on the poor lends to Yahweh; he will reward him.
18 Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ, na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako.
Discipline your son, for there is hope; don’t be a willing party to his death.
19 Ɛsɛ sɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka; sɛ woka ma no a wobɛyɛ bio.
A hot-tempered man must pay the penalty, for if you rescue him, you must do it again.
20 Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa.
Listen to counsel and receive instruction, that you may be wise in your latter end.
21 Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu, nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu.
There are many plans in a man’s heart, but Yahweh’s counsel will prevail.
22 Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ; ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ.
That which makes a man to be desired is his kindness. A poor man is better than a liar.
23 Awurade suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.
The fear of Yahweh leads to life, then contentment; he rests and will not be touched by trouble.
24 Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu na ɔremma so mpo nkɔ nʼano!
The sluggard buries his hand in the dish; he will not so much as bring it to his mouth again.
25 Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ.
Flog a scoffer, and the simple will learn prudence; rebuke one who has understanding, and he will gain knowledge.
26 Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no yɛ ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.
He who robs his father and drives away his mother is a son who causes shame and brings reproach.
27 Me ba, sɛ wogyae nkyerɛkyerɛ tie a, wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho.
If you stop listening to instruction, my son, you will stray from the words of knowledge.
28 Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw; na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne.
A corrupt witness mocks justice, and the mouth of the wicked gulps down iniquity.
29 Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ, ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.
Penalties are prepared for scoffers, and beatings for the backs of fools.

< Mmɛbusɛm 19 >