< Mmɛbusɛm 18 >

1 Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya; na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.
A man who isolates himself pursues selfishness, and defies all sound judgment.
2 Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ na mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa.
A fool has no delight in understanding, but only in revealing his own opinion.
3 Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so, na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.
When wickedness comes, contempt also comes, and with shame comes disgrace.
4 Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ, na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro.
The words of a man’s mouth are like deep waters. The fountain of wisdom is like a flowing brook.
5 Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.
To be partial to the faces of the wicked is not good, nor to deprive the innocent of justice.
6 Ɔkwasea ano de akasakasa ba na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.
A fool’s lips come into strife, and his mouth invites beatings.
7 Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛ na nʼanofafa yɛ ne kra afidie.
A fool’s mouth is his destruction, and his lips are a snare to his soul.
8 Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ; ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.
The words of a gossip are like dainty morsels: they go down into a person’s innermost parts.
9 Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.
One who is slack in his work is brother to him who is a master of destruction.
10 Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den; ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.
Yahweh’s name is a strong tower: the righteous run to him, and are safe.
11 Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.
The rich man’s wealth is his strong city, like an unscalable wall in his own imagination.
12 Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
Before destruction the heart of man is proud, but before honor is humility.
13 Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no, ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.
He who answers before he hears, that is folly and shame to him.
14 Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ mu na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?
A man’s spirit will sustain him in sickness, but a crushed spirit, who can bear?
15 Nhunumu akoma nya nimdeɛ; na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.
The heart of the discerning gets knowledge. The ear of the wise seeks knowledge.
16 Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma na ɛde no ba atitire anim.
A man’s gift makes room for him, and brings him before great men.
17 Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ, kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.
He who pleads his cause first seems right— until another comes and questions him.
18 Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so, na ɛpata atamfoɔ.
The lot settles disputes, and keeps strong ones apart.
19 Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire.
A brother offended is more difficult than a fortified city. Disputes are like the bars of a fortress.
20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee, nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.
A man’s stomach is filled with the fruit of his mouth. With the harvest of his lips he is satisfied.
21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.
Death and life are in the power of the tongue; those who love it will eat its fruit.
22 Deɛ wanya yere no anya adepa na ɔnya adom firi Awurade hɔ.
Whoever finds a wife finds a good thing, and obtains favor of Yahweh.
23 Ohiani srɛ ahummɔborɔ, nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.
The poor plead for mercy, but the rich answer harshly.
24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.
A man of many companions may be ruined, but there is a friend who sticks closer than a brother.

< Mmɛbusɛm 18 >