< Yesaia 26 >

1 Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: Yɛwɔ kuropɔn dennen; Onyankopɔn de nkwagye ayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn.
In that day, this song will be sung in the land of Judah: "We have a strong city. He appoints salvation for walls and ramparts.
2 Mummuebue apon no na atreneefo man no nhyɛn mu, ɔman nokwafo no.
Open the gates, that the righteous nation may enter: the one which keeps faith.
3 Wobɛkora no so asomdwoe mu nea wasi nʼadwene pi, efisɛ ɔde ne ho to wo so.
You will keep him in peace, in peace whose thoughts are fixed on you, because he trusts in you.
4 Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ, efisɛ, Awurade, Awurade yɛ daa Botan.
Trust in Jehovah forever; for in JAH, Jehovah, is an everlasting Rock.
5 Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; obubu gu fam pasaa ma ɛda mfutuma mu.
For he has brought down those who dwell on high, the lofty city. He lays it low to the ground. He casts it to the dust.
6 Anammɔn tiatia so, wɔn a wɔhyɛ wɔn so anammɔn ahiafo anammɔntu.
The feet of the poor tramples it down, the footsteps of the needy."
7 Ɔtreneeni kwan so yɛ tamaa; wo, Ɔnokwafo, woma ɔtreneeni kwan so yɛ trontrom.
The way of the righteous is level. O Just One, you make the path of the righteous smooth.
8 Yiw, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi, yɛretwɛn wo; na wo din ne ne kɛseyɛ yɛ nea yɛn koma pɛ.
Yes, in the path of your judgments, Jehovah, have we waited for you. Your name and your renown are the desire of our soul.
9 Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; anɔpa nso me honhom ani gyina wo. Sɛ wʼatemmu ba asase yi so a, nnipa a wɔwɔ wiase sua treneeyɛ.
With my soul have I desired you in the night. Yes, my spirit within me will seek you early, for when your judgments are in the earth, the inhabitants of the world learn righteousness.
10 Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de, nanso wonsua treneeyɛ; na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wommu Awurade kɛseyɛ.
Let favor be shown to the wicked, yet he will not learn righteousness. In the land of uprightness he will deal wrongfully, and will not see Jehovah's majesty.
11 Ao Awurade, wɔama wo nsa so kɔ soro, nanso wonhu. Ma wonhu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfo ho na ɛnhyɛ wɔn aniwu; ma ogya a wɔasɔ ama wʼatamfo no nhyew wɔn.
Jehovah, your hand is lifted up, yet they do not see; they see the zeal of the people, and are ashamed. Yes, fire will consume your adversaries.
12 Awurade, woama yɛn asomdwoe; nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.
Jehovah, you will ordain peace for us, for you have also worked all our works for us.
13 Awurade yɛn Nyankopɔn, awuranom afoforo bi adi yɛn so, nanso wo din nko ara na yɛ kamfo.
Jehovah our God, other lords besides you have had dominion over us, but by you only will we make mention of your name.
14 Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafi mu no wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wosɛee wɔn wɔama yɛn werɛ afi wɔn.
The dead shall not live, and the departed spirits shall not rise. Therefore have you visited and destroyed them, and caused all memory of them to perish.
15 Woama ɔman no ayɛ kɛse, Awurade; woama ɔman no ayɛ kɛse; woahyɛ wo ho anuonyam; woatrɛtrɛw asase no ahye nyinaa mu.
You have increased the nation, Jehovah. You have increased the nation. You are glorified. You have enlarged all the borders of the land.
16 Awurade, wofi ahohia mu baa wo nkyɛn; bere a wotwee wɔn aso no, na wontumi mmue wɔn ano mpo mmɔ mpae.
Jehovah, in trouble they sought you. They poured out a prayer when your chastening was on them.
17 Sɛnea ɔpemfo a awo aka no fi ɔyaw mu bukabukaw ne mu na osu no, saa ara na yɛyɛe wɔ wʼanim, Awurade.
Like as a woman with child, who draws near the time of her delivery, is in pain and cries out in her pangs; so we have been before you, Jehovah.
18 Yenyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyaw mu nanso yɛwoo mframa. Yɛamfa nkwagye amma asase so; wɔanwo nnipa amma asase so.
We have been with child. We have been in pain. We gave birth, it seems, only to wind. We have not worked any deliverance in the earth; neither have the inhabitants of the world fallen.
19 Nanso wʼawufo benya nkwa; wɔn nipadua bɛsɔre. Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no, nsɔre mfa anigye nteɛ mu. Mo bosu te sɛ anɔpa bosu; asase beyi nʼafunu apue.
Your dead shall live; my dead bodies shall rise. Awake and shout for joy, you who dwell in the dust; for your dew is like the dew of the dawn, and the earth shall bring forth the departed spirits.
20 Monkɔ, me nkurɔfo, monhyɛnhyɛn mo adan mu na montoto apon no mu; momfa mo ho nsie bere tiaa bi kosi sɛ nʼabufuwhyew ano bedwo.
Come, my people, enter into your chambers, and shut your doors behind you. Hide yourself for a little moment, until the indignation is past.
21 Hwɛ, Awurade refi nʼatenae abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho. Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so no adi; ɔrentumi mfa nʼatɔfo nsie bio.
For, look, Jehovah comes forth out of his place to punish the inhabitants of the earth for their iniquity. The earth also will disclose her blood, and will no longer cover her slain.

< Yesaia 26 >