< Nnwom 118 >

1 Monna Awurade ase efisɛ oye, na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Give thanks to Jehovah, for he is good, for his loving kindness endures forever.
2 Momma Israel nka se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
Let Israel now say that his loving kindness endures forever.
3 Momma Aaronfi nka se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
Let the house of Aaron now say that his loving kindness endures forever.
4 Momma wɔn a wosuro Awurade nka se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
Now let those who fear Jehovah say that his loving kindness endures forever.
5 Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade; ogyee me so, na ɔma me dee me ho.
Out of my distress, I called on JAH. JAH answered me with freedom.
6 Awurade ne me boafo; enti merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?
Jehovah is my helper; I will not fear. What can man do to me?
7 Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me boafo. Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo.
Jehovah is my helper; and I will look in triumph on those who hate me.
8 Eye sɛ yebehintaw wɔ Awurade mu, sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so.
It is better to take refuge in Jehovah, than to put confidence in man.
9 Eye sɛ yebehintaw Awurade mu, sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.
It is better to take refuge in Jehovah, than to put confidence in princes.
10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae, nanso Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.
All the nations surrounded me, but in the name of Jehovah, I cut them off.
11 Wotwaa me ho hyiaa wɔ baabiara, nanso Awurade din mu, mitwitwaa wɔn gui.
They surrounded me, yes, they surrounded me. In the name of Jehovah I indeed cut them off.
12 Wɔkyere guu me so sɛ nnowa, nanso wɔhyew ntɛm so sɛ nsɔe a ogya atɔ mu; Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.
They surrounded me like bees. They blazed like a fire among thorns. In the name of Jehovah I cut them off.
13 Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, nanso Awurade boaa me.
I was pushed hard, to make me fall, but Jehovah helped me.
14 Awurade yɛ mʼahoɔden ne me bammɔ; wayɛ me nkwagye.
JAH is my strength and my song, and he has become my salvation.
15 Osebɔ ne nkonimdi gyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!
The voice of rejoicing and salvation is in the tents of the righteous. "The right hand of Jehovah does valiantly.
16 Wɔama Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!”
The right hand of Jehovah is exalted. The right hand of Jehovah does valiantly."
17 Merenwu, mmom mɛtena ase na mapae mu aka nea Awurade ayɛ.
I will not die, but live, and declare the works of JAH.
18 Awurade atwe mʼaso dennen, nanso onyaa me mmaa owu ɛ.
JAH has punished me severely, but he has not given me over to death.
19 Bue trenee apon ma me; na mɛhyɛn mu na mede aseda ama Awurade.
Open to me the gates of righteousness. I will enter into them and praise JAH.
20 Awurade ponkɛse ni; ɛhɔ na atreneefo bɛfa ahyɛn mu.
This is the gate of Jehovah; the righteous will enter into it.
21 Mɛda wo ase, efisɛ wugyee me so; na woayɛ me nkwagye.
I will give thanks to you, for you have answered me, and have become my salvation.
22 Ɔbo a adansifo no poe no, abɛyɛ tweatibo.
The stone which the builders rejected has become the cornerstone.
23 Awurade na wayɛ eyi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so.
This is Jehovah's doing. It is marvelous in our eyes.
24 Nnɛ yɛ da a Awurade ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.
This is the day that Jehovah has made. We will rejoice and be glad in it.
25 Awurade, gye yɛn nkwa; Awurade, ma yɛn nkonimdi.
Save us now, we beg you, Jehovah. Jehovah, we beg you, send prosperity now.
26 Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba. Yehyira wo fi Awurade fi.
Blessed is he who comes in the name of Jehovah. We have blessed you out of the house of Jehovah.
27 Awurade yɛ Onyankopɔn, na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santen nkɔ afɔremuka no mmɛn ho.
Jehovah is God, and he has given us light. Bind the sacrifice with cords, even to the horns of the altar.
28 Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ; wone me Nyankopɔn na mɛma wo so.
You are my God, and I will give thanks to you. You are my God, I will exalt you.
29 Monna Awurade ase, efisɛ oye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Oh give thanks to Jehovah, for he is good, for his loving kindness endures forever.

< Nnwom 118 >