< Nnwom Mu Dwom 1 >

1 Salomo nnwom mu dwom.
The Song of songs, which is Solomon's.
2 Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano, efisɛ wo dɔ no yɛ anigye sen bobesa.
Let him kiss me with the kisses of his mouth; for your love is better than wine.
3 Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye; wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie. Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo!
Your oils have a pleasing fragrance. Your name is oil poured forth, therefore the virgins love you.
4 Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu. Nnamfonom: Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho. Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa. Ababaa: Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
Take me away with you. Let us hurry. The king has brought me into his chambers. We will be glad and rejoice in you. We will praise your love more than wine. They are right to love you.
5 Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ, Yerusalem mmabea, mobiri te sɛ Kedar ntamadan, te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam!
I am dark, but lovely, you daughters of Jerusalem, like Kedar's tents, like Solomon's curtains.
6 Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti, efisɛ owia na ayɛ me saa. Me na mmabarima bu fuw me, enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so; na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo.
Do not stare at me because I am dark, because the sun has scorched me. My mother's sons were angry with me. They made me keeper of the vineyards. I haven't kept my own vineyard.
7 Kyerɛ me, me dɔfo, faako a wode wo nguankuw kɔ adidi na owigyinae nso, faako a woma wo nguan home. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanim wɔ wo nnamfonom nguankuw ho?
Tell me, you whom my soul loves, where you graze your flock, where you rest them at noon; For why should I be as one who is veiled beside the flocks of your companions?
8 Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa, fa ɔkwan a nguan fa so so na fa wo mpapomma kɔ adidi wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.
If you do not know, most beautiful among women, follow the tracks of the sheep. Graze your young goats beside the shepherds' tents.
9 Me dɔfo, mede wo toto ɔpɔnkɔbere a wɔde hama asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho no ho.
I have compared you, my love, to a steed in Pharaoh's chariots.
10 Asokaa ama wʼafono ho ayɛ fɛ, na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.
Your cheeks are beautiful with earrings, your neck with strings of jewels.
11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ asokaa a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.
We will make you earrings of gold, with studs of silver.
12 Bere a ɔhene te ne didipon ho no, nʼaduhuam hua no gyee hɔ.
While the king sat at his table, my perfume spread its fragrance.
13 Me dɔfo ayɛ me sɛ kurobow toa a ɛda me nufu ntam.
My beloved is to me a sachet of myrrh, that lies between my breasts.
14 Me dɔfo ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmfrɔm wɔ En-Gedi bobeturo mu.
My beloved is to me a cluster of henna blossoms from the vineyards of En Gedi.
15 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ ni! Wʼaniwa aba te sɛ mmorɔnoma.
Look, you are beautiful, my love. Look, you are beautiful. Your eyes are doves.
16 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ ni! Yɛn mpa so yɛ akɔnnɔakɔnnɔ.
Look, you are beautiful, my beloved, yes, pleasant; and our couch is verdant.
17 Yɛn fi mpuran yɛ sida; yɛn nsɛmso yɛ ɔpepaw.
The beams of our house are cedars. Our rafters are firs.

< Nnwom Mu Dwom 1 >