< مزامیر 58 >

برای سالار مغنیان برلاتهلک. مکتوم داود آیا فی الحقیقت به عدالتی که گنگ است سخن می‌گویید؟ و‌ای بنی آدم آیابه راستی داوری می‌نمایید؟ ۱ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana? Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana?
بلکه در دل خودشرارتها به عمل می‌آورید و ظلم دستهای خود رادر زمین از میزان درمی کنید. ۲ 2
Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.
شریران از رحم منحرف هستند. از شکم مادر دروغ گفته، گمراه می‌شوند. ۳ 3
Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu; wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.
ایشان را زهری است مثل زهر مار. مثل افعی کر که گوش خود را می‌بندد. ۴ 4
Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de, ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso,
که آوازافسونگران را نمی شنود، هر‌چند به مهارت افسون می‌کند. ۵ 5
a ɔnte ntafowayifo dwom, na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.
‌ای خدا دندانهایشان را دردهانشان بشکن. ای خداوند دندانهای شیران راخرد بشکن. ۶ 6
Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom, Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!
گداخته شده، مثل آب بگذرند. چون او تیرهای خود را می‌اندازد، در ساعت منقطع خواهند شد. ۷ 7
Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.
مثل حلزون که گداخته شده، می‌گذرد. مثل سقط زن، آفتاب را نخواهنددید. ۸ 8
Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa.
قبل از آنکه دیگهای شما آتش خارها رااحساس کند. آنها را چه تر و چه خشک خواهدرفت. ۹ 9
Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw, sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.
مرد عادل چون انتقام را دید شادی خواهد نمود. پایهای خود را به خون شریرخواهد شست. ۱۰ 10
Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye, na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu.
و مردم خواهند گفت: «هرآینه ثمره‌ای برای عادلان هست. هر آینه خدایی هست که در جهان داوری می‌کند.» ۱۱ 11
Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.”

< مزامیر 58 >