< مزامیر 57 >

برای سالار مغنیان برلاتهلک. مکتوم داود وقتی که از حضور شاول به مغاره فرار کرد ای خدا بر من رحم فرما، بر من رحم فرما! زیرا جانم در تو پناه می‌برد، و درسایه بالهای تو پناه می‌برم تا این بلایا بگذرد. ۱ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” nne so. Dawid dwom a ɔtoo bere a oguan fii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya guankɔbea. Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea kosi sɛ amanehunu no betwa mu.
نزدخدای تعالی آواز خواهم داد، نزد خدایی که همه‌چیز را برایم تمام می‌کند. ۲ 2
Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.
از آسمان فرستاده، مرا خواهد رهانید. زیرا تعاقب کننده سخت من ملامت می‌کند، سلاه. خدا رحمت و راستی خودرا خواهد فرستاد. ۳ 3
Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware.
جان من در میان شیران است. در میان آتش افروزان می‌خوابم یعنی آدمیانی که دندانهایشان نیزه‌ها و تیرهاست. و زبان ایشان شمشیر برنده است. ۴ 4
Gyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe nam amono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam.
‌ای خدا بر آسمانها متعال شو و جلال تو بر تمامی جهان. ۵ 5
Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.
دامی برای پایهایم مهیا ساختند و جانم خم گردید. چاهی پیش رویم کندند، و خود در میانش افتادند، سلاه. ۶ 6
Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri, ahohiahia brɛɛ me ase. Wotuu amoa wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.
دل من مستحکم است خدایا دل من مستحکم است. سرود خواهم خواند و ترنم خواهم نمود. ۷ 7
Ao, Onyankopɔn, me koma agyina pintinn, me koma yɛ pintinn; mɛto dwom na mayi wo ayɛ.
‌ای جلال من بیدار شو! ای بربط وعود بیدار شو! صبحگاهان من بیدار خواهم شد. ۸ 8
Me kra nyan! Sanku ne bɛnta, munnyan! Me nso menyan anɔpahema.
‌ای خداوند تو را در میان امت‌ها حمد خواهم گفت. تو را در میان قوم‌ها تسبیح خواهم خواند. ۹ 9
Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa mu.
زیرا رحمت تو تا آسمانها عظیم است وراستی تو تا افلاک. ۱۰ 10
Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; wo nokwaredi du wim.
خدایا بر آسمانها متعال شو. و جلال تو بر تمامی جهان. ۱۱ 11
Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro; ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so.

< مزامیر 57 >