< مزامیر 59 >

برای سالار مغنیان بر لاتهلک. مکتوم داود وقتی که شاول فرستاد که خانه را کشیک بکشند تا او را بکشند ای خدایم مرا از دشمنانم برهان! مرا ازمقاومت کنندگانم برافراز! ۱ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no bere a Saulo soma kɔwɛn Dawid fi sɛ wonkokum no no. Ao, Onyankopɔn, gye me fi mʼatamfo nsam; bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me no ho.
مرا ازگناهکاران خلاصی ده! و از مردمان خون ریزرهایی بخش! ۲ 2
Gye me fi amumɔyɛfo nsam. Gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam.
زیرا اینک برای جانم کمین می‌سازند و زورآوران به ضد من جمع شده‌اند، بدون تقصیر من‌ای خداوند و بدون گناه من. ۳ 3
Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me! Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia me a emfi me mfomso anaa bɔne bi, Awurade.
بی قصور من می‌شتابند و خود را آماده می‌کنند. پس برای ملاقات من بیدار شو و ببین. ۴ 4
Menyɛɛ mfomso bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so. Sɔre begye me; hwɛ mʼamanehunu!
اما تو‌ای یهوه، خدای صبایوت، خدای اسرائیل! بیدارشده، همه امت‌ها را مکافات برسان و بر غداران بدکار شفقت مفرما، سلاه. ۵ 5
Wo, Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ.
شامگاهان برمی گردند و مثل سگ بانگ می‌کنند و در شهردور می‌زنند. ۶ 6
Wɔsan ba anwummere, wɔbobɔ mu sɛ akraman, na wokyinkyin kuropɔn no mu.
از دهان خود بدی را فرومی ریزند. در لبهای ایشان شمشیرهاست. زیرا می‌گویند: «کیست که بشنود؟» ۷ 7
Hwɛ nea wɔfe fi wɔn anom, wɔn anofafa mu nsɛm ano yɛ nnam sɛ mfoa, na wosusuw se: “Hena na ɔbɛte yɛn nka?”
و اما تو‌ای خداوند، بر ایشان خواهی خندید و تمامی امت‌ها را استهزا خواهی نمود. ۸ 8
Nanso wo Awurade, woserew wɔn; wudi saa aman no nyinaa ho fɛw.
‌ای قوت من بسوی تو انتظار خواهم کشید زیراخدا قلعه بلند من است. ۹ 9
Wone mʼAhoɔden, mehwɛ wo kwan; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen,
خدای رحمت من پیش روی من خواهد رفت. خدا مرا بردشمنانم نگران خواهد ساخت. ۱۰ 10
me Nyankopɔn a metumi atweri no. Onyankopɔn bedi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haw.
ایشان را به قتل مرسان. ۱۱ 11
Nanso nkum wɔn, Awurade, yɛn nkatabo, na me nkurɔfo werɛ amfi wɔn. Wo tumi mu no tutu wɔn ase, na brɛ wɔn ase.
به‌سبب گناه زبان و سخنان لبهای خود، در تکبر خویش گرفتار شوند. و به عوض لعنت و دروغی که می‌گویند، ۱۲ 12
Bɔne a efi wɔn anom, ne wɔn ano nsɛm nti ma wɔn ahomaso nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atoro a wotwa nti,
ایشان را فانی کن در غضب فانی کن تا نیست گردند و بدانند که خدادر یعقوب تا اقصای زمین سلطنت می‌کند. سلاه. ۱۳ 13
sɛe wɔn wɔ abufuwhyew mu, kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so mmaa nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
و شامگاهان برگردیده، مثل سگ بانگ زنند ودر شهر گردش کنند. ۱۴ 14
Wɔsan ba anwummere, wɔbobɔ mu sɛ akraman, na wokyinkyin kuropɔn no mu.
و برای خوراک پراکنده شوند و سیر نشده، شب را بسر برند. ۱۵ 15
Wokyinkyin pɛ aduan na sɛ wɔammee a, wosu bobɔ mu.
و اما من قوت تو را خواهم سرایید و بامدادان از رحمت تو ترنم خواهم نمود. زیرا قلعه بلند من هستی ودر روز تنگی ملجای منی. ۱۶ 16
Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔe ho dwom anɔpa; efisɛ woyɛ mʼabandennen, me guankɔbea wɔ ahohia mmere mu.
‌ای قوت من برای تو سرود می‌خوانم، زیرا خدا قلعه بلند من است وخدای رحمت من. ۱۷ 17
Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

< مزامیر 59 >