< داوران 15 >

و بعد از چندی، واقع شد که شمشون در روزهای درو گندم برای دیدن زن خود با بزغاله‌ای آمد و گفت نزد زن خود به حجره خواهم درآمد. لیکن پدرش نگذاشت که داخل شود. ۱ 1
Akyiri no, awitwabere mu no, Samson faa abirekyi ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn, nanso ɔbea no agya amma no mu kwan.
و پدرزنش گفت: «گمان می‌کردم که او رابغض می‌نمودی، پس او را به رفیق تو دادم، آیاخواهر کوچکش از او بهتر نیست؛ او را به عوض وی برای خود بگیر.» ۲ 2
Ɔbea no agya no kae se, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno nti, mede no ama ɔbarima a na odi wʼanan ase wɔ mo ayeforohyia mu no. Nanso hwɛ ne nuabea ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.”
شمشون به ایشان گفت: «این دفعه از فلسطینیان بی‌گناه خواهم بود اگرایشان را اذیتی برسانم.» ۳ 3
Samson kae se, “Saa bere yi, obiara rentumi mmɔ me sobo wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifo ho.”
و شمشون روانه شده، سیصد شغال گرفت، و مشعلها برداشته، دم بر دم گذاشت، و در میان هر دو‌دم مشعلی گذارد. ۴ 4
Afei ofii hɔ kɔe, kɔkyeree sakraman ahaasa. Ɔkyekyeree sakraman abien abien dua bɔɔ ho, na ɔkyekyeree ogyatɛn fam dua abien biara ho.
ومشعلها را آتش زده، آنها را در کشتزارهای فلسطینیان فرستاد، و بافه‌ها و زرعها و باغهای زیتون را سوزانید. ۵ 5
Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa sakraman no tuu mmirika faa Filistifo mfuw mu. Ɔhyew wɔn awi nyinaa pasaa; nea wɔahyehyɛ wɔ san so ne nea wontwae nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobeturo ne ngonnua nyinaa.
و فلسطینیان گفتند: «کیست که این را کرده است؟» گفتند: «شمشون دامادتمنی، زیرا که زنش را گرفته، او را به رفیقش داده است.» پس فلسطینیان آمده، زن و پدرش را به آتش سوزانیدند. ۶ 6
Filistifo no bisae se, “Na hena na ɔyɛɛ saa amumɔyɛ yi?” Wɔn ara buae se, “Ɛyɛ Samson efisɛ nʼase barima a ofi Timna de Samson yere ama ɔbarima a na odi ne nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.” Enti Filistifo no kɔkyeree ɔbea no ne nʼagya hyew wɔn ma wowuwui.
و شمشون به ایشان گفت: «اگربه اینطور عمل کنید، البته از شما انتقام خواهم کشید و بعد از آن آرامی خواهم یافت.» ۷ 7
Samson suae se, “Esiane nea moayɛ yi nti, metua mo so ka na merennyae ara da kosi sɛ me bo bɛtɔ me yam!”
و ایشان را از ساق تا ران به صدمه‌ای عظیم کشت. پس رفته، در مغاره صخره عیطام ساکن شد. ۸ 8
Enti ɔde abufuw kɔtow hyɛɛ Filistifo no so kunkum wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam.
و فلسطینیان برآمده، در یهودا اردو زدند ودر لحی متفرق شدند. ۹ 9
Filistifo no nso kyeree nsraban wɔ Yuda sɛee Lehi kurow no de tuaa ne so ka.
و مردان یهودا گفتند: «چرا بر ما برآمدید.» گفتند: «آمده‌ایم تا شمشون را ببندیم و برحسب آنچه به ما کرده است به اوعمل نماییم.» ۱۰ 10
Yuda mmarima bisaa Filistifo no se, “Adɛn nti na motow hyɛ yɛn so saa?” Filistifo no buae se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Nea ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebetua no so ka.”
پس سه هزار نفر از یهودا به مغاره صخره عیطام رفته، به شمشون گفتند: «آیاندانسته‌ای که فلسطینیان بر ما تسلط دارند، پس این چه‌کار است که به ما کرده‌ای؟» در جواب ایشان گفت: «به نحوی که ایشان به من کردند، من به ایشان عمل نمودم.» ۱۱ 11
Enti Yudafo mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so? Dɛn na woreyɛ yɛn yi?” Nanso Samson buae wɔn se, “Nea wɔyɛɛ me no na mituaa wɔn so ka.”
ایشان وی را گفتند: «ماآمده‌ایم تا تو را ببندیم و به‌دست فلسطینیان بسپاریم.» شمشون در جواب ایشان گفت: «برای من قسم بخورید که خود بر من هجوم نیاورید.» ۱۲ 12
Nanso Yuda mmarima ka kyerɛɛ no se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifo.” Samson kae se, “Monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa de, morenkum me.”
ایشان در جواب وی گفتند: «حاشا! بلکه تو رابسته، به‌دست ایشان خواهیم سپرد، و یقین تو رانخواهیم کشت.» پس او را به دو طناب نو بسته، ازصخره برآوردند. ۱۳ 13
Wobuae se, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifo. Yɛrenkum wo.” Enti wɔde hama foforo abien guu ne so kyekyeree no papee, twee no fii ɔbotan no mu.
و چون او به لحی رسید، فلسطینیان ازدیدن او نعره زدند و روح خداوند بر وی مستقرشده، طنابهایی که بر بازوهایش بود مثل کتانی که به آتش سوخته شود گردید، و بندها از دستهایش فروریخت. ۱۴ 14
Samson duu Lehi no, Filistifo no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetew ahama a egu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tetew fii ne nsakɔn guu fam.
و چانه تازه الاغی یافته، دست خود را دراز کرد و آن را گرفته، هزار مرد با آن کشت. ۱۵ 15
Afei, ɔmaa afurum abogye bi a na ɛda fam so de kunkum Filistifo apem.
و شمشون گفت: «با چانه الاغ توده برتوده با چانه الاغ هزار مرد کشتم.» ۱۶ 16
Na Samson kae se, “Mede afurum abogye, Ahɔre wɔn sɛ siw! Mede afurum abogye, akunkum mmarima apem!”
و چون ازگفتن فارغ شد، چانه را از دست خود انداخت وآن مکان را رمت لحی نامید. ۱۷ 17
Na owiee kasa no, ɔtow abogye no kyenee. Na wɔtoo beae hɔ din Ramat-Lehi a ase ne Abogye bepɔw.
پس بسیار تشنه شده، نزد خداوند دعاکرده، گفت که «به‌دست بنده ات این نجات عظیم را دادی و آیا الان از تشنگی بمیرم و به‌دست نامختونان بیفتم؟» ۱۸ 18
Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yiye nti osu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛse yi. Na enti osukɔm nkum me, na minwu wɔ saa abosonsomfo yi nsam ana?”
پس خدا کفه‌ای را که درلحی بود شکافت که آب از آن جاری شد و چون بنوشید جانش برگشته، تازه روح شد. از این سبب اسمش عین حقوری خوانده شد که تا امروز درلحی است. ۱۹ 19
Enti Awurade maa nsu pue fii tokuru bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho san no. Na ɔtoo hɔ din se En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de besi nnɛ.
و او در روزهای فلسطینیان بیست سال بر اسرائیل داوری نمود. ۲۰ 20
Samson yɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu; bere a na Filistifo di Israel asase so no.

< داوران 15 >