< داوران 10 >

و بعد از ابیملک تولع بن فواه بن دودا، مردی از سبط یساکار، برخاست تااسرائیل را رهایی دهد، و او در شامیر در کوهستان افرایم ساکن بود. ۱ 1
Abimelek wu akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba begyee Israel. Na ofi Isakar abusuakuw mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so.
و او بر اسرائیل بیست و سه سال داوری نمود، پس وفات یافته، در شامیر مدفون شد. ۲ 2
Ɔyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abiɛsa. Owui no, wosiee no wɔ Samir.
و بعد از او یائیر جلعادی برخاسته، براسرائیل بیست و دو سال داوری نمود. ۳ 3
Tola wu akyi no, Yair a ofi Gilead bɛyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abien.
و او راسی پسر بود که بر سی کره الاغ سوار می‌شدند، وایشان را سی شهر بود که تا امروز به حووت یائیرنامیده است، و در زمین جلعاد می‌باشد. ۴ 4
Na ne mmabarima aduasa tena wɔn mfurum so kyinkyin, na wodi nkurow aduasa so wɔ Gilead asase so, a ebesi nnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkurow.
و یائیروفات یافته، در قامون دفن شد. ۵ 5
Yair wui na wosiee no Kamon.
و بنی‌اسرائیل باز در نظر خداوند شرارت ورزیده، بعلیم و عشتاروت و خدایان ارام وخدایان صیدون و خدایان موآب و خدایان بنی عمون و خدایان فلسطینیان را عبادت نمودند، و یهوه را ترک کرده، او را عبادت نکردند. ۶ 6
Bio, Israelfo yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filisti anyame. Wɔtwee wɔn ho fii Awurade ho a wɔansom no koraa.
وغضب خداوند بر اسرائیل افروخته شده، ایشان را به‌دست فلسطینیان و به‌دست بنی عمون فروخت. ۷ 7
Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amorifo nsa,
و ایشان در آن سال بر بنی‌اسرائیل ستم و ظلم نمودند، و بر جمیع بنی‌اسرائیل که به آن طرف اردن در زمین اموریان که در جلعادباشد، بودند، هجده سال ظلم کردند. ۸ 8
na wofii ase hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Amorifo (wɔ Gilead) asase no so mfe dunwɔtwe.
وبنی عمون از اردن عبور کردند، تا با یهودا و بنیامین و خاندان افرایم نیز جنگ کنند، و اسرائیل درنهایت تنگی بودند. ۹ 9
Amorifo no nso twaa Yordan kɔɔ atɔe fam kɔtow hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfo kɔɔ ahokyere kɛse mu.
و بنی‌اسرائیل نزد خداوند فریاد برآورده، گفتند: «به تو گناه کرده‌ایم، چونکه خدای خود راتر ک کرده، بعلیم را عبادت نمودیم.» ۱۰ 10
Afei Israelfo su frɛɛ Awurade se, “Yɛayɛ bɔne atia wo, efisɛ yɛatwe yɛn ho afi yɛn Nyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.”
خداوندبه بنی‌اسرائیل گفت: «آیا شما را از مصریان واموریان و بنی عمون و فلسطینیان رهایی ندادم؟ ۱۱ 11
Awurade buae se, “Mannye mo amfi Misraimfo, Amorifo, Amonfo, Filistifo,
و چون صیدونیان و عمالیقیان و معونیان برشما ظلم کردند، نزد من فریاد برآورید و شما را از دست ایشان رهایی دادم. ۱۲ 12
Sidonfo, Amalekfo ne Maonfo nsam? Bere a wɔhyɛɛ mo so no, musu frɛɛ me na migyee mo.
لیکن شما مرا ترک کرده، خدایان غیر را عبادت نمودید، پس دیگرشما را رهایی نخواهم داد. ۱۳ 13
Nanso moagyaw me akɔsom anyame foforo. Ɛno nti, merennye mo bio.
بروید و نزدخدایانی که اختیار کرده‌اید، فریاد برآورید، وآنها شما را در وقت تنگی شما رهایی دهند.» ۱۴ 14
Munkosu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wonnye mo bere a morehu amane yi.”
بنی‌اسرائیل به خداوند گفتند: «گناه کرده‌ایم، پس برحسب آنچه درنظر تو پسند آید به ما عمل نما، فقط امروز ما را رهایی ده.» ۱۵ 15
Nanso Israelfo no kɔɔ so srɛɛ Awurade se, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛnea ɛfata. Nanso gye yɛn fi yɛn atamfo nsam nnɛ.”
پس ایشان خدایان غیر را از میان خود دور کرده، یهوه راعبادت نمودند، و دل او به‌سبب تنگی اسرائیل محزون شد. ۱۶ 16
Na Israelfo no tow ananafo anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraw no wɔ wɔn ahokyere no ho.
پس بنی عمون جمع شده، در جلعاد اردوزدند، و بنی‌اسرائیل جمع شده، در مصفه اردوزدند. ۱۷ 17
Saa bere no na Amonfo asraafo aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Israel asraafo so wɔ Mispa.
و قوم یعنی سروران جلعاد به یکدیگرگفتند: «کیست آن که جنگ را با بنی عمون شروع کند؟ پس وی سردار جمیع ساکنان جلعادخواهد بود.» ۱۸ 18
Na Gilead ntuanofo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Obiara a obedi kan atow ahyɛ Amonfo so no bɛyɛ nea obedi Gileadfo nyinaa so.”

< داوران 10 >