< داوران 19 >

و در آن ایام که پادشاهی در اسرائیل نبود، مرد لاوی در پشت کوهستان افرایم ساکن بود، و کنیزی از بیت لحم یهودا ازبرای خود گرفته بود. ۱ 1
Saa bere no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ofi Lewi abusuakuw mu te Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi. Da bi, ɔde ɔbea bi fi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena.
و کنیزش بر او زنا کرده، ازنزد او به خانه پدرش در بیت لحم یهودا رفت، ودر آنجا مدت چهار ماه بماند. ۲ 2
Nanso ɔbea no anni no nokware enti ɔsan kɔɔ nʼagya fi wɔ Betlehem. Asram anan akyi no,
و شوهرش برخاسته، از عقب او رفت تا دلش را برگردانیده، پیش خود باز آورد، و غلامی با دو الاغ همراه اوبود، و آن زن او را به خانه پدر خود برد. و چون پدر کنیز او را دید، از ملاقاتش شاد شد. ۳ 3
ne kunu no faa ɔsomfo ne afurum foforo kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔdɛfɛdɛfɛ no na wasan nʼakyi aba. Oduu ɔbea no agya fi no, ɔde no kɔɔ ofi no mu maa nʼagya no gyee no fɛw so.
و پدرزنش، یعنی پدر کنیز او را نگاه داشت. پس سه روز نزد وی توقف نمود و اکل و شرب نموده، آنجا بسر بردند. ۴ 4
Ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se ɔntena nkyɛ kakra. Enti odii nnansa, didi, nom, daa hɔ.
و در روز چهارم چون صبح زود بیدار شدند او برخاست تا روانه شود، اما پدرکنیز به داماد خود گفت که دل خود را به لقمه‌ای نان تقویت ده، و بعد از آن روانه شوید. ۵ 5
Ne nnannan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Didi ansa na woakɔ.”
پس هردو با هم نشسته، خوردند و نوشیدند. و پدر کنیزبه آن مرد گفت: «موافقت کرده، امشب را بمان ودلت شاد باشد.» ۶ 6
Enti wɔn baanu no tenaa ase didi, nomee. Afei, ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.”
و چون آن مرد برخاست تا روانه شود، پدرزنش او را الحاح نمود و شب دیگر در آنجا ماند. ۷ 7
Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti ɔpenee so daa hɔ anadwo no.
و در روز پنجم صبح زود برخاست تا روانه شود، پدر کنیز گفت: «دل خود را تقویت نما و تازوال روز تاخیر نمایید.» و ایشان هردو خوردند. ۸ 8
Nnaanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso bio, ɔbea no agya kae se, “Didi ansa, na awia mu kakra no wubetumi akɔ.” Enti wɔsan didii bio.
و چون آن شخص با کنیز و غلام خود برخاست تا روانه شود، پدر زنش یعنی پدر کنیز او را گفت: «الان روز نزدیک به غروب می‌شود، شب رابمانید اینک روز تمام می‌شود، در اینجا شب رابمان و دلت شاد باشد و فردا بامدادان روانه خواهید شد و به خیمه خود خواهی رسید.» ۹ 9
Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne somfo boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso nʼase no ka kyerɛɛ no se, “Muntie! Ade reyɛ asa. Montena na munnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mubetumi asi mu anɔpahema.”
اما آن مرد قبول نکرد که شب را بماند، پس برخاسته، روانه شد و به مقابل یبوس که اورشلیم باشد، رسید، و دو الاغ پالان شده و کنیزش همراه وی بود. ۱۰ 10
Nanso afei de, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem).
و چون ایشان نزد یبوس رسیدند، نزدیک به غروب بود. غلام به آقای خود گفت: «بیا و به این شهر یبوسیان برگشته، شب را در آن بسر بریم.» ۱۱ 11
Bere a woduu Yebus no na ade reyɛ asa, na ɔsomfo no ka kyerɛɛ ne wura no se, “Ade reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifo kuropɔn yi mu anadwo yi.”
آقایش وی را گفت: «به شهر غریب که احدی از بنی‌اسرائیل در آن نباشدبرنمی گردیم بلکه به جبعه بگذریم.» ۱۲ 12
Ne wura no buae se, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafo kuropɔn a Israelfo nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea.
و به غلام خود گفت: «بیا و به یکی از این‌جاها، یعنی به جبعه یا رامه نزدیک بشویم و در آن شب رابمانیم.» ۱۳ 13
Yebenya nnabea anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.”
پس از آنجا گذشته، برفتند و نزد جبعه که از آن بنیامین است، آفتاب بر ایشان غروب کرد. ۱۴ 14
Enti wɔtoaa so. Wɔrebedu kurow Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ.
پس به آن طرف برگشتند تا به جبعه داخل شده، شب را در آن بسر برند. و او درآمد در کوچه شهر نشست، اما کسی نبود که ایشان را به خانه خود ببرد و منزل دهد. ۱۵ 15
Ɛhɔ na wɔdaa anadwo no. Wɔdaa kurow no abɔnten kɛse so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔho.
و اینک مردی پیر در شب از کار خود ازمزرعه می‌آمد، و این شخص از کوهستان افرایم بوده، در جبعه ماوا گزیده بود، اما مردمان آن مکان بنیامینی بودند. ۱۶ 16
Anwummere no, akwakoraa bi fii nʼafum baa fie. Na ofi Efraim bepɔw asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so.
و او نظر انداخته، شخص مسافری را در کوچه شهر دید، و آن مرد پیر گفت: «کجا می‌روی و از کجا می‌آیی؟» ۱۷ 17
Bere a ohuu akwantufo yi sɛ wɔtete kurow no abɔnten kɛse so no, obisaa wɔn faako a wofi ne nea wɔrekɔ.
او وی را گفت: «ما از بیت لحم یهودا به آن طرف کوهستان افرایم می‌رویم، زیرا از آنجا هستم و به بیت لحم یهودا رفته بودم، و الان عازم خانه خداوند هستم، و هیچ‌کس مرا به خانه خود نمی پذیرد، ۱۸ 18
Ɔbarima no buaa no se, “Yefi Betlehem a ɛwɔ Yuda na yɛrekɔ Efraim bepɔw asase no so; kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Hyiadan. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fi ankɔma yɛn nnabea,
و نیزکاه و علف به جهت الاغهای ما هست، و نان وشراب هم برای من و کنیز تو و غلامی که همراه بندگانت است، می‌باشد و احتیاج به چیزی نیست.» ۱۹ 19
ɛwɔ mu sɛ yɛwɔ nea ehia yɛn biara. Yɛwɔ sare ne aduan a yɛde bɛma yɛn mfurum; yenhia hwee.”
آن مرد پیر گفت: «سلامتی بر تو باد، تمامی حاجات تو بر من است، اما شب را درکوچه بسر مبر.» ۲۰ 20
Akwakoraa no kae se, “Mommra me fi. Mɛma mo biribiara a ebehia mo. Na anadwo yi de, ɛnsɛ sɛ moda abɔnten kɛse so ha.”
پس او را به خانه خود برده، به الاغها خوراک داد و پایهای خود را شسته، خوردند و نوشیدند. ۲۱ 21
Enti ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fi, na ɔmaa wɔn mfurum no aduan. Wɔhohoroo wɔn nan ase wiei no, wɔbɔɔ mu didii.
و چون دلهای خود را شاد می‌کردند، اینک مردمان شهر، یعنی بعضی اشخاص بنی بلیعال خانه را احاطه کردند، و در را زده، به آن مرد پیرصاحب‌خانه خطاب کرده، گفتند: «آن مرد را که به خانه تو داخل شده است بیرون بیاور تا او رابشناسیم.» ۲۲ 22
Bere a wɔregye wɔn ani no, kurow no mu nnipa bɔnefo bi betwaa ofi no ho hyiae. Wofii ase pempem ɔpon no teɛteɛɛ mu guu akwakoraa no so se, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛnea yebetumi ne no ada.”
و آن مرد صاحب‌خانه نزد ایشان بیرون آمده، به ایشان گفت: «نی‌ای برادرانم شرارت مورزید، چونکه این مرد به خانه من داخل شده است، این عمل زشت را منمایید. ۲۳ 23
Akwakoraa no fi ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn se, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔho na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguase.
اینک دختر باکره من و کنیز این مرد، ایشان را نزد شمابیرون می‌آورم. ایشان را ذلیل ساخته، آنچه درنظر شما پسند آید به ایشان بکنید. لیکن با این مرداین کار زشت را مکنید.» ۲۴ 24
Me babea ɔbabun ne ɔbarima yi mpena ni. Mede wɔn bɛma mo. Na nea mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasede yi.”
اما آن مردمان نخواستند که او را بشنوند. پس آن شخص کنیزخود را گرفته، نزد ایشان بیرون آورد و او راشناختند و تمامی شب تا صبح او را بی‌عصمت می‌کردند، و در طلوع فجر او را رها کردند. ۲۵ 25
Nanso wɔantie no. Enti Lewini no faa ne mpena no piaa no fii adi. Na kurow no mu mmarima no faa no nnidiso nnidiso kosii adekyee. Ahemadakye no na wogyaw no ma ɔkɔe.
وآن زن در سپیده صبح آمده، به در خانه آن شخص که آقایش در آن بود، افتاد تا روشن شد. ۲۶ 26
Ɔbea no koduu ofi a ne kunu no te mu no pon ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kosii sɛ anim tetewee.
و در وقت صبح آقایش برخاسته، بیرون آمد تا به راه خود برود و اینک کنیزش نزد در خانه افتاده، و دستهایش بر آستانه بود. ۲۷ 27
Bere a ne kunu buee ɔpon no sɛ ɔrepue pɛ na ohuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butuw hɔ a ne nsa gu apongua no so.
و او وی راگفت: «برخیز تا برویم.» اما کسی جواب نداد، پس آن مرد او را بر الاغ خود گذاشت و برخاسته، به مکان خود رفت. ۲۸ 28
Ohuu no no, ɔkae se, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso wammua. Enti ɔde no too nʼafurum no so de no kɔɔ fie.
و چون به خانه خود رسید، کاردی برداشت و کنیز خود را گرفته، اعضای اورا به دوازده قطعه تقسیم کرد، و آنها را در تمامی حدود اسرائیل فرستاد. ۲۹ 29
Oduu fie no, ɔtwee afoa de twitwaa ne mpena no mu asinasin dumien. Na ɔde sin baako biara kɔɔ Israel mmusuakuw dumien no mu.
و هر‌که این را دیدگفت: «از روزی که بنی‌اسرائیل از مصر بیرون آمده‌اند تا امروز عمل مثل این کرده و دیده ونشده است. پس در آن تامل کنید و مشورت کرده، حکم نمایید.» ۳۰ 30
Na obiara a ohuu saa aninyanne yi kae se, “Efi bere a Israel fii Misraim no, obi nnii saa amumɔyɛsɛm yi bi da. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?”

< داوران 19 >