< تثنیه 34 >

و موسی از عربات موآب، به کوه نبو، برقله فسجه که در مقابل اریحاست برآمد، و خداوند تمامی زمین را، از جلعاد تا دان، به او نشان داد. ۱ 1
Na Mose fi Moab asase tataw so foro kɔɔ Nebo Bepɔw so, san foroo Pisga a etwa Yeriko. Ɛhɔ na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, efi Gilead kosi Dan;
و تمامی نفتالی و زمین افرایم ومنسی و تمامی زمین یهودا را تا دریای مغربی. ۲ 2
Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kosi Ntam Po no ho;
وجنوب را و میدان دره اریحا را که شهر نخلستان است تا صوغر. ۳ 3
Negeb; ne nsase a efi Yeriko Bon, ne Mmɛ Kuropɔn no de kosi Soar tɔnn.
و خداوند وی را گفت: «این است زمینی که برای ابراهیم و اسحاق و یعقوب قسم خورده، گفتم که این را به ذریت تو خواهم داد، تو را اجازت دادم که به چشم خود آن راببینی لیکن به آنجا عبور نخواهی کرد.» ۴ 4
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Eyi ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob se mede bɛma wɔn asefo no. Afei, mama wo de wʼani ahu, nanso worentwa nkɔ so.”
پس موسی بنده خداوند در آنجا به زمین موآب برحسب قول خداوند مرد. ۵ 5
Na Mose, Awurade somfo no wuu wɔ Moab asase so sɛnea Awurade kae no.
و او را در زمین موآب در مقابل بیت فعور، در دره دفن کرد، واحدی قبر او را تا امروز ندانسته است. ۶ 6
Wosiee no wɔ obon bi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, nanso ebesi nnɛ, obiara nnim faako a ne da wɔ.
و موسی چون وفات یافت، صد و بیست سال داشت، و نه چشمش تار، و نه قوتش کم شده بود. ۷ 7
Mose dii mfirihyia ɔha ne aduonu na owui, nanso na nʼani hu ade yiye na ne ho nso yɛ den.
وبنی‌اسرائیل برای موسی در عربات موآب سی روز ماتم گرفتند. پس روزهای ماتم و نوحه گری برای موسی سپری گشت. ۸ 8
Israelfo suu no nnafua aduasa wɔ Moab tataw so ara kosii sɛ nʼayiyɛ kɔɔ awiei.
و یوشع بن نون از روح حکمت مملو بود، چونکه موسی دستهای خود را بر او نهاده بود، وبنی‌اسرائیل او را اطاعت نمودند، و برحسب آنچه خداوند به موسی‌امر فرموده بود، عمل کردند. ۹ 9
Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom, efisɛ Mose de ne nsa guu ne so. Enti Israelfo yɛɛ osetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.
و نبی‌ای مثل موسی تا بحال در اسرائیل برنخاسته است که خداوند او را روبرو شناخته باشد. ۱۰ 10
Mose akyi no, odiyifo biara mmaa Israel a Awurade nim no anim ne anim
در جمیع آیات و معجزاتی که خداونداو را فرستاد تا آنها را در زمین مصر به فرعون و جمیع بندگانش و تمامی زمینش بنماید. ۱۱ 11
a Awurade somaa no ma ɔkɔyɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao ne ne mpanyimfo nyinaa wɔ asase no so nyinaa.
و درتمامی دست قوی، و جمیع آن هیبت عظیم که موسی در نظر همه اسرائیل نمود. ۱۲ 12
Na obiara nnaa tumi kɛse anaa ahodwiriw nneyɛe adi te sɛnea Mose yɛɛ wɔ Israel nyinaa ani so no.

< تثنیه 34 >