< تثنیه 33 >

و این است برکتی که موسی، مرد خدا، قبل از وفاتش به بنی‌اسرائیل برکت داده، ۱ 1
Eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo no ansa na ɔrewu:
گفت: «یهوه از سینا آمد، و از سعیر برایشان طلوع نمود. و از جبل فاران درخشان گردید. و با کرورهای مقدسین آمد، و از دست راست او برای ایشان شریعت آتشین پدید آمد. ۲ 2
Ose, “Awurade fi Sinai bae ofi Seir baa wɔn so; ɔhran fi Paran bepɔw so. Ɔde akronkronfo pii bae fi anafo fam ne mmepɔw nsian so.
به درستی که قوم خود را دوست می‌دارد. وجمیع مقدسانش در دست تو هستند. و نزدپایهای تو نشسته، هر یکی از کلام تو بهره‌مندمی شوند. ۳ 3
Nokware ni, wo na wodɔ nnipa no, akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam. Wɔn nyinaa kotow wo nan ase, na wonya nkyerɛkyerɛ fi wo hɔ,
موسی برای ما شریعتی امر فرمود که میراث جماعت یعقوب است. ۴ 4
mmara a Mose de maa yɛn no; Yakob nkurɔfo agyapade.
و او در یشورون پادشاه بود هنگامی که روسای قوم اسباطاسرائیل با هم جمع شدند. ۵ 5
Ɔyɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun bere a nnipa no ntuanofo hyiae, wɔne Israel mmusuakuw no.
روبین زنده بماند ونمیرد. و مردان او در شماره کم نباشند.» ۶ 6
“Ma Ruben nya nkwa na onwu, na mma ne nkurɔfo so nhuan.”
و این است درباره یهودا که گفت: «ای خداوند آواز یهودا رابشنو. و او را به قوم خودش برسان. به‌دستهای خود برای خویشتن جنگ می‌کند. و تو از دشمنانش معاون می‌باشی.» ۷ 7
Na ɔkaa eyi faa Yuda ho: “Tie, Awurade, tie Yuda sufrɛ; fa no brɛ ne nkurɔfo. Ɔde nʼankasa nsa bɔ ne ho ban. Ao, yɛ ne boafo tia nʼatamfo!”
و درباره لاوی گفت: «تمیم و اوریم تو نزدمرد مقدس توست. که او را در مسا امتحان نمودی. و با او نزد آب مریبا منازعت کردی. ۸ 8
Asɛm a ɔka faa Lewi abusuakuw ho: “Awurade, wode ade kronkron ama wʼasomfo nokwafo Lewifo. Wosɔɔ wɔn hwɛe wɔ Masa wɔne wɔn koe wɔ Meriba asu ho.
که درباره پدر و مادر خود گفت که ایشان را ندیده‌ام و برادران خود را نشناخت. و پسران خود راندانست. زیرا که کلام تو را نگاه می‌داشتند. و عهدتو را محافظت می‌نمودند. ۹ 9
Lewifo tiee wʼasɛm bɔɔ wʼapam no ho ban. Wodii wo nokware sen sɛnea wodii wɔn awofo, abusuafo ne wɔn mma nokware.
احکام تو را به یعقوب تعلیم خواهند داد. و شریعت تو را به اسرائیل. بخور به حضور تو خواهند‌آورد. وقربانی های سوختنی بر مذبح تو. ۱۰ 10
Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo. Wɔde aduhuam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so.
‌ای خداونداموال او را برکت بده، و اعمال دستهای او را قبول فرما. کمرهای مقاومت کنندگانش را بشکن. کمرهای خصمان او را که دیگر برنخیزند.» ۱۱ 11
Hyira Lewifo, Ao Awurade na ma wɔn nsa ano nnwuma nsɔ wʼani. Bubu wɔn atamfo; bɔ wɔn atamfo hwe fam a wɔnsɔre bio.”
و درباره بنیامین گفت: «حبیب خداوند نزدوی ایمن ساکن می‌شود. تمامی روز او را مستورمی سازد. و در میان کتفهایش ساکن می‌شود.» ۱۲ 12
Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuw ho: “Ma Awurade dɔ nnye ntin wɔ Benyamin nkurɔfo mu, efisɛ ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa, na nea Awurade dɔ no no nhome wɔ ne nwini ase daa.”
و درباره یوسف گفت: «زمینش از خداوندمبارک باد، از نفایس آسمان و از شبنم، و از لجه هاکه در زیرش مقیم است. ۱۳ 13
Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuw ho: “Awurade mfa ne sorosoro bosu a ɛsom bo ne bun mu nsu a efi asase ase no, nhyira wɔn nsase.
از نفایس محصولات آفتاب و از نفایس نباتات ماه. ۱۴ 14
Ɔmfa ne nnepa efi owia mu ba ne adonne a ebetumi apue afi ɔsram so;
از فخرهای کوههای قدیم، و از نفایس تلهای جاودانی. ۱۵ 15
ne nnɔbae pa a efi tete mmepɔw mu ne nea abu so wɔ nkoko a etim hɔ daa mu
ازنفایس زمین و پری آن، و از رضامندی او که دربوته ساکن بود. برکت بر سر یوسف برسد. و برفرق سر آنکه از برادران خود ممتاز گردید. ۱۶ 16
ne akyɛde a ɛso nni a efi asase ne ne mayɛ mu, ne adom a efi nea na ɔte nwura a ɛhyew mu no. Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef ti so, nea ɔyɛ ne nuanom mu ɔheneba no anintɔn mu.
جاه او مثل نخست زاده گاوش باشد. و شاخهایش مثل شاخهای گاو وحشی. با آنها امتها را جمیع تا به اقصای زمین خواهد زد. و اینانند ده هزارهای افرایم و هزارهای منسی.» ۱۷ 17
Yosef sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan wɔ ahenni mu. Ne ahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. Ɔde bɛwowɔ aman no, wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo. Eyinom ne Efraim mpem du du no; eyinom ne Manase mpempem no.”
و درباره زبولون گفت: «ای زبولون در بیرون رفتنت شاد باش، و تو‌ای یساکار در خیمه های خویش. ۱۸ 18
Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuw ho: “Sebulon asefo, munni anigye wɔ mo adifi mu. Isakar asefo, munni anigye wɔ mo ntamadan mu.
قومها را به کوه دعوت خواهند نمود. در آنجا قربانی های عدالت را خواهند گذرانید. زیرا که فراوانی دریا را خواهند مکید. وخزانه های مخفی ریگ را.» ۱۹ 19
Wɔbɛfrɛ nnipa ahorow akɔ bepɔw no so kɔbɔ trenee afɔre wɔ hɔ; wobefi po mu adenya mmoroso mu ato pon afi ademude a ahintaw wɔ nwea mu.”
و درباره جاد گفت: «متبارک باد آنکه جاد را وسیع گرداند. مثل شیرماده ساکن باشد، وبازو و فرق را نیز می‌درد، ۲۰ 20
Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho: “Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu! Gad te hɔ sɛ gyata a ɔretetew abasa anaa eti.
و حصه بهترین رابرای خود نگاه دارد، زیرا که در آنجا نصیب حاکم محفوظ است. و با روسای قوم می‌آید. وعدالت خداوند و احکامش را با اسرائیل بجامی آورد.» ۲۱ 21
Gad nkurɔfo paw asase pa no maa wɔn ho; ɔkannifo kyɛfa na wɔde maa wɔn. Bere a nkurɔfo no mpanyimfo hyiae no, wɔyɛɛ Awurade atɛntrenee apɛde no, ne nʼatemmu a ɛfa Israelfo ho no.”
و درباره دان گفت: «دان بچه شیر است که ازباشان می‌جهد.» ۲۲ 22
Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuw ho: “Dan yɛ gyata ba a, ɔrepue afi Basan.”
و درباره نفتالی گفت: «ای نفتالی ازرضامندی خداوند سیر شو. و از برکت او مملوگردیده، مغرب و جنوب را به تصرف آور.» ۲۳ 23
Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuw ho: “Naftali wɔ adom bebree na Awurade nhyira ayɛ wo ma; ɔtare no anafo fam bɛyɛ wo kyɛfa.”
و درباره اشیر گفت: «اشیر از فرزندان مبارک شود، و نزد برادران خود مقبول شده، پای خود را به روغن فرو برد. ۲۴ 24
Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuw ho: “Mma no mu nea wɔahyira no koraa ne Aser; wɔmma ne nuanom mpɛ nʼasɛm, na ɔmfa ngo nguare nʼanan ase.
نعلین تو از آهن وبرنجست، و مثل روزهایت همچنان قوت توخواهد بود. ۲۵ 25
Wʼapon ho nkyerewa nyɛ dade ne kɔbere mfrafrae; wʼahoɔden ne wo nkwanna bɛsae so.
‌ای یشورون مثل خدا کسی نیست، که برای مدد تو بر آسمانها سوار شود. ودر کبریای خود برافلاک. ۲۶ 26
“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Nyankopɔn; a ɔnam ɔsorosoro ne nʼahenni mu mununkum so ba bɛboa wo.
خدای ازلی مسکن توست. و در زیر توبازوهای جاودانی است. و دشمن را از حضور تواخراج کرده، می‌گوید هلاک کن. ۲۷ 27
Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo guankɔbea; nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ hɔ daa no. Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim; ɔbɛka se, ‘Sɛe wɔn!’
پس اسرائیل در امنیت ساکن خواهد شد، و چشمه یعقوب به تنهایی. و در زمینی که پر از غله و شیره باشد. وآسمان آن شبنم می‌ریزد. ۲۸ 28
Enti, Israel bɛtena ase dwoodwoo; Yakob benya bammɔ wɔ asase a atoko ne nsa foforo wɔ so, faako a ɔsoro bosu gugu.
خوشابه‌حال تو‌ای اسرائیل. کیست مانند تو! ای قومی که ازخداوند نجات یافته‌اید. که او سپر نصرت تو وشمشیر جاه توست. و دشمنانت مطیع تو خواهند شد. و تو بلندیهای ایشان را پایمال خواهی نمود.» ۲۹ 29
Nhyira nka mo, Israel! Hena na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo nkatabo ne boafo ne mo anuonyam afoa! Mo atamfo bɛkotow mo anim, na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.”

< تثنیه 33 >