< یوشع 1 >

و واقع شد بعد از وفات موسی، بنده خداوند، که خداوند یوشع بن نون، خادم موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Mose a ɔyɛ Awurade somfo no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose boafo no se,
«موسی بنده من وفات یافته است، پس الان برخیز و از این اردن عبور کن، تو و تمامی این قوم، به زمینی که من به ایشان، یعنی به بنی‌اسرائیل می‌دهم. ۲ 2
“Afei a me somfo Mose awu no, ɛsɛ sɛ wudi me nkurɔfo no anim kotwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.
هر جایی که کف پای شما گذارده شود به شما داده‌ام، چنانکه به موسی گفتم. ۳ 3
Sɛnea mehyɛɛ Mose bɔ no, baabiara a wode wo nan besi no, mede bɛma wo.
از صحرا و این لبنان تانهر بزرگ یعنی نهر فرات، تمامی زمین حتیان و تادریای بزرگ به طرف مغرب آفتاب، حدود شماخواهد بود. ۴ 4
Efi Negeb sare a ɛwɔ anafo fam kosi Lebanon mmepɔw a ɛwɔ atifi fam, efi Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apuei fam kosi Ntam Po a ɛwɔ atɔe fam, ne Hetifo asase nyinaa.
هیچکس را در تمامی ایام عمرت یارای مقاومت با تو نخواهد بود. چنانکه با موسی بودم با تو خواهم بود، تو را مهمل نخواهم گذاشت و ترک نخواهم نمود. ۵ 5
Obiara rentumi nsɔre ntia wo, wo nkwanna nyinaa. Sɛnea na mekaa Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennyaw wo na merempa wʼakyi da.
قوی و دلیر باش، زیرا که تو این قوم را متصرف، زمینی که برای پدران ایشان قسم خوردم که به ایشان بدهم، خواهی ساخت. ۶ 6
Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, efisɛ wubedi me nkurɔfo yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.
فقط قوی و بسیار دلیر باش تابرحسب تمامی شریعتی که بنده من، موسی تو راامر کرده است متوجه شده، عمل نمایی. زنهار ازآن به طرف راست یا چپ تجاوز منما تا هر جایی که روی، کامیاب شوی. ۷ 7
“Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfi ho, na wubedi nkonim biribiara a woyɛ mu.
این کتاب تورات ازدهان تو دور نشود، بلکه روز و شب در آن تفکرکن تا برحسب هر‌آنچه در آن مکتوب است متوجه شده، عمل نمایی زیرا همچنین راه خود را فیروز خواهی ساخت، و همچنین کامیاب خواهی شد. ۸ 8
Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye.
آیا تو را امر نکردم؟ پس قوی ودلیر باش، مترس و هراسان مباش زیرا در هر جاکه بروی یهوه خدای تو، با توست.» ۹ 9
Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”
پس یوشع روسای قوم را امر فرموده، گفت: ۱۰ 10
Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofo no se,
«در میان لشکرگاه بگذرید و قوم را امرفرموده، بگویید: برای خود توشه حاضر کنید، زیرا که بعد از سه روز، شما از این اردن عبورکرده، داخل خواهید شد تا تصرف کنید در زمینی که یهوه خدای شما، به شما برای ملکیت می‌دهد.» ۱۱ 11
“Momfa atenae no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wonsiesie wɔn nnuan. Nnansa akyi no, mubetwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama mo no.”
و یوشع روبینیان و جادیان و نصف سبطمنسی را خطاب کرده، گفت: ۱۲ 12
Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua no fa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se,
«بیاد آورید آن سخن را که موسی، بنده خداوند، به شما امرفرموده، گفت: یهوه، خدای شما به شما آرامی می‌دهد و این زمین را به شما می‌بخشد. ۱۳ 13
“Monkae ahyɛde a Awurade somfo Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Nyankopɔn, rema mo ɔhome na ɔde asase yi ama mo.’
زنان واطفال و مواشی شما در زمینی که موسی در آن طرف اردن به شما داد خواهند ماند، و اما شمامسلح شده، یعنی جمیع مردان جنگی پیش روی برادران خود عبور کنید، و ایشان را اعانت نمایید. ۱۴ 14
Mo yerenom, mo mma ne mo anantwi bɛtena Yordan apuei fam ha. Nanso, mo akofo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bedi mmusuakuw a aka no anim atwa Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ
تا خداوند برادران شما را مثل شما آرامی داده باشد، و ایشان نیز در زمینی که یهوه، خدای شمابه ایشان می‌دهد تصرف کرده باشند، آنگاه به زمین ملکیت خود خواهید برگشت و متصرف خواهید شد، در آن که موسی، بنده خداوند به آن طرف اردن به سوی مشرق آفتاب به شما داد.» ۱۵ 15
nkosi sɛ Awurade bɛma wɔn ɔhome sɛnea wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bedi asase a Awurade, mo Nyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apuei fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade somfo de maa mo no, bɛyɛ mo atenae.”
ایشان در جواب یوشع گفتند: «هر‌آنچه به ما فرمودی خواهیم کرد، و هر جا ما را بفرستی، خواهیم رفت. ۱۶ 16
Wobuaa Yosua se, “Nea woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ.
چنانکه موسی را در هر چیزاطاعت نمودیم، تو را نیز اطاعت خواهیم نمود، فقط یهوه، خدای تو، با تو باشد چنانکه با موسی بود. ۱۷ 17
Yɛbɛyɛ osetie ama wo sɛnea yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Nyankopɔn, nni wʼakyi sɛnea odii Mose akyi no.
هر کسی‌که از حکم تو رو گرداند و کلام تو را در هر چیزی که او را امر فرمایی اطاعت نکند، کشته خواهد شد، فقط قوی و دلیر باش.» ۱۸ 18
Obiara a ɔbɛtew wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛde mu biara so no, wonkum no. Enti, hyɛ wo ho den na nya akokoduru!”

< یوشع 1 >