< 詩篇 76 >

1 神はユダにしられたまへり その名はイスラエルに大なり
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. Asaf dwom. Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel.
2 またサレムの中にその幕屋あり その居所はシオンにあり
Ne ntomadan si Salem, ne tenaberɛ wɔ Sion.
3 彼所にてかれは弓の火矢ををり盾と劍と戰陣とをやぶりたまひき (セラ)
Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya, ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu.
4 なんぢ榮光あり掠めうばふ山よりもたふとし
Wo ho hann no hyerɛn, na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no.
5 心のつよきものは掠めらる かれらは睡にしづみ勇ましきものは皆その手を見うしなへり
Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufoɔ nna; na akofoɔ no mu baako mpo ntumi mpagya ne nsa.
6 ヤコブの神よなんぢの叱咤によりて戰車と馬とともに深睡につけり
Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.
7 神よなんぢこそ懼るべきものなれ 一たび怒りたまふときは誰かみまへに立えんや
Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ. Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim?
8 なんぢ天より宣告をのりたまへり 地のへりくだる者をみなすくはんとて神のさばきに立たまへるとき地はおそれて默したり (セラ)
Wobuu atɛn firii soro, asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,
9 なんぢ天より宣告をのりたまへり 地のへりくだる者をみなすくはんとて神のさばきに立たまへるとき地はおそれて默したり (セラ)
ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn, de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so.
10 實に人のいかりは汝をほむべし 怒のあまりは汝おのれの帶としたまはん
Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo, na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.
11 なんぢの神ヱホバにちかひをたてて償へ そのまはりなるすべての者はおそるべきヱホバに禮物をささぐべし
Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no bɔ na monni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no.
12 ヱホバはもろもろの諸侯のたましひを絶たまはん ヱホバは地の王たちのおそるべき者なり
Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase; na asase so ahemfo suro no.

< 詩篇 76 >