< 詩篇 75 >

1 神よわれら汝にかんしやす われら感謝すなんぢの名はちかく坐せばなり もろもろの人はなんぢの奇しき事跡をかたりあへり
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so. Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ.
2 定りたる期いたらば我なほき審判をなさん
Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mebu atɛntenenee.
3 地とすべての之にすむものと消去しとき我そのもろもろの柱をたてたり (セラ)
Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
4 われ誇れるものに誇りかにおこなふなかれといひ 惡きものに角をあぐるなかれといへり
Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so.
5 なんぢらの角をたかく擧るなかれ頸をかたくして高りいふなかれ
Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiabuo nkasa.’”
6 擧ることは東よりにあらず西よりにあらずまた南よりにもあらざるなり
Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so.
7 ただ神のみ審士にましませば此をさげ彼をあげたまふ
Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so.
8 ヱホバの手にさかづきありて酒あわだてり その中にものまじりてみつ 神これをそそぎいだせり 誠にその滓は地のすべてのあしき者しぼりて飮むべし
Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma; ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa nom ma ɛka aseɛ puo.
9 されど我はヤコブの神をのべつたへん とこしへに讃うたはん
Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa; mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn.
10 われ惡きもののすべての角をきりはなたん 義きものの角はあげらるべし
Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn, nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ.

< 詩篇 75 >