< 詩篇 77 >

1 我わがこゑをあげて神によばはん われ聲を神にあげなばその耳をわれにかたぶけたまはん
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun. Asaf dwom. Mesu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa; mesu mefrɛɛ no sɛ ɔntie me.
2 わがなやみの日にわれ主をたづねまつれり 夜わが手をのべてゆるむることなかりき わがたましひは慰めらるるをいなみたり
Ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade; metrɛɛ me nsa a ɛmpa aba mu anadwo na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.
3 われ神をおもひいでて打なやむ われ思ひなげきてわが霊魂おとろへぬ (セラ)
Ao Onyankopɔn mekaee wo, na mesii apinie; medwendweneeɛ, na me honhom tɔɔ piti.
4 なんぢはわが眼をささへて閉がしめたまはず 我はものいふこと能はぬほどに惱みたり
Woamma mʼani ankum; amanehunu dodoɔ enti, mantumi ankasa.
5 われむかしの日いにしへの年をおもへり
Medwenee nna a atwam no ho, teteete mfeɛ no ho;
6 われ夜わが歌をむもひいづ 我わが心にてふかくおもひわが霊魂はねもころに尋ねもとむ
mekaee me nnwom a na meto no anadwo. Mʼakoma dwenee ho na me honhom bisaa sɛ:
7 主はとこしへに棄たまふや 再びめぐみを垂たまはざるや
“Enti, Awurade bɛpo yɛn daa? Ɔrenhunu yɛn mmɔbɔ bio anaa?
8 その憐憫はのこりなく永遠にさり そのちかひは世々ながく廢れたるや
Nʼadɔeɛ a ɛnsa da atu ayera koraa anaa? Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa anaa?
9 神は恩をほどこすことを忘れたまふや 怒をもてそのあはれみを絨たまふや (セラ)
Onyankopɔn werɛ afiri sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufoɔ anaa? Abufuo enti ne yam nhyehye no bio anaa?”
10 斯るときに我いへらく此はただわが弱きがゆゑのみいで至上者のみぎの手のもろもろの年をおもひいでん
Afei, medwenee sɛ, “Onyankopɔn Ɔsorosoroni, deɛ ɛhyɛ me kra so ne sɛ, wommfa wo tete nsa nifa no mmoa yɛn bio.”
11 われヤハの作爲をのべとなへん われ往古よりありし汝がくすしきみわざを思ひいたさん
Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ; aane, mɛkae wʼanwanwadeɛ a woyɛɛ tete no.
12 また我なんぢのすべての作爲をおもひいで汝のなしたまへることを深くおもはん
Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho na masusu wo nneyɛɛ akɛseɛ nyinaa ho.
13 神よなんぢの途はいときよし 神のごとく大なる神はたれぞや
Ao Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronn. Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Onyankopɔn?
14 なんぢは奇きみわざをなしたまへる神なり もろもろの民のあひだにその大能をしめし
Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ; wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.
15 その臂をもてヤコブ、ヨセフの子輩なんぢの民をあがなひたまへり (セラ)
Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfoɔ, Yakob ne Yosef asefoɔ no.
16 かみよ大水なんぢを見たり おほみづ汝をみてをののき淵もまたふるへり
Ao Onyankopɔn, nsuo no hunuu wo, nsuo no hunuu wo na wɔpopoeɛ; ebunu no mpo ho wosoeɛ.
17 雲はみづをそそぎいだし空はひびきをいだし なんぢの矢ははしりいでたり
Omununkum tɔɔ nsuo, aprannaa gyegyee wɔ soro; na wo bɛmma twaa ogya dii akɔneaba.
18 なんぢの雷鳴のこゑは暴風のうちにありき 電光は世をてらし地はふるひうごけり
Wʼaprannaa boboom wɔ twahoframa no mu, wʼanyinam hyerɛn ewiase; asase popoeɛ na ɛwosoeɛ.
19 なんぢの大道は海のなかにあり なんぢの徑はおほみづの中にあり なんぢの蹤跡はたづねがたかりき
Wode wo kwan faa ɛpo mu, wode faa nsuo kɛseɛ mu, nanso wɔanhunu wʼanammɔn.
20 なんぢその民をモーセとアロンとの手によりて羊の群のごとくみちびきたまへり
Wonam Mose ne Aaron so dii wo nkurɔfoɔ anim sɛ nnwankuo.

< 詩篇 77 >