< エゼキエル書 20 >

1 七年の五月十日にイスラエルの長老の中の人々ヱホバに問んとて來りてわが前に坐しけるに
Afe a ɛtɔ so nson no bosome enum no ɛda a ɛtɔ so edu no, Israel mpanimfoɔ no mu bi bɛbisaa Awurade hɔ adeɛ, na wɔtenatenaa mʼanim.
2 ヱホバの言我にのぞみて云ふ
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
3 人の子よイスラエルの長老等に告て之にいふべし主ヱホバかく言ふ汝等我に問んとて來れるや主ヱホバいふ我は活く我汝らの問を容じと
“Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaba sɛ morebɛbisa me nkyɛn adeɛ anaa? Sɛ mete ase yi, meremma mo ɛkwan mma mommisa me nkyɛn mmoa, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’
4 汝かれらを鞫かんとするや人の子よ汝かれらを鞫かんとするや彼等の先祖等のなしたる憎むべき事等をかれらに知しめて
“Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no si wɔn anim
5 言べし主ヱホバかくいふ我イスラエルを選みヤコブの家の裔にむかひてわが手をあげエジプトの地にて我をかれらに知せかれらにむかひて吾手をあげて我は汝らの神ヱホバなりと言し日
na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a meyii Israel no, memaa me nsa so kaa ntam kyerɛɛ Yakob efie asefoɔ na meyii me ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Misraim. Memaa me nsa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene Awurade, mo Onyankopɔn.”
6 その日に我かれらにむかひて吾手をあげエジプトの地よりかれらをいだし吾がかれらのために求め得たるその乳と蜜の流るる地に導かんとせり是諸の地の中の美しき者なり
Saa ɛda no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so, asase nyinaa mu deɛ ɛyɛ papa paa.
7 而して我かれらに言けらく各人その目にあるところの憎むべき事等を棄てよエジプトの偶像をもてその身を汚すなかれ我は汝らの神ヱホバなりと
Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mu biara nto nsɛsodeɛ tantan a mode mo ani asi soɔ no ntwene na mommfa Misraim ahoni no ngu mo ho fi, mene Awurade, mo Onyankopɔn.”
8 然るに彼らは我に背きて我に聽したがふことを好まざりき彼等一人もその目にあるところの憎むべき者を棄てずエジプトの偶像を棄てざりしかば我エジプトの地の中において吾憤恨をかれらに注ぎわが忿怒をかれらに洩さんと言り
“‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantoto nsɛsodeɛ tantan no a wɔde wɔn ani asi soɔ no angu, na wɔannyae ahoni a ɛfiri Misraim no akyiri die. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo wɔ wɔn so wɔ Misraim.
9 然れども我わが名のために事をなして彼らをエジプトの地より導きいだせり是吾名の異邦人等の前に汚されざらんためなりその異邦人等の中に彼等居り又その前にて我おのれを彼等に知せたり
Nanso me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma wɔngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a meyii me ho adi kyerɛɛ Israelfoɔ wɔ mu, de yii wɔn firii Misraim no.
10 すなはち我エジプトの地より彼等を導き出して曠野に携ゆき
Enti medii wɔn anim firii Misraim, de wɔn baa ɛserɛ no so.
11 わが法憲をこれに授けわが律法をこれに示せり是は人の行ひて之に由て生べき者なり
Mede me nhyehyɛeɛ maa wɔn na me ma wɔhunuu me mmara, ɛfiri sɛ obiara a ɔdi soɔ no nam so bɛnya nkwa.
12 我また彼らに安息日を與へて我と彼らの間の徴となしかれらをして吾ヱホバが彼らを聖別しを知しめんとせり
Na mede me home nna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ yɛn ntam, sɛdeɛ wɔbɛhunu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron.
13 然るにイスラエルの家は曠野にて我に背き人の行ひて之によりて生べき者なるわが法度にあゆまず吾が律法を輕んじ大に吾が安息日を汚したれば曠野にてわが憤恨をかれらに注ぎてこれを滅さんと言ひたりしが
“‘Nanso, Israelfoɔ tee mʼanim atua wɔ ɛserɛ no so. Wɔanni me nhyehyɛeɛ so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a ɔbɛdi soɔ no bɛnya nkwa wɔ wɔn mu, na wɔguu me home nna ho fi koraa. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ ɛserɛ no so.
14 我わが名のために事をなせり是わが彼らを導きいだして見せしところの異邦人等の目のまへにわが名を汚されざらしめんためなりき
Nanso, me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma ho ɛkwan ma wɔnngu me ho fi wɔ amanaman a meyii wɔn firii so no ani so.
15 但し我曠野にて彼らにむかひて吾手をあげ彼らをわが與へしその乳と蜜の流るる地に導かじと誓へり是は諸の地の中の美しき者なり
Afei memaa me nsa so kaa ntam wɔ ɛserɛ no so sɛ meremfa wɔn nkɔ asase a mede ama wɔn no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene soɔ, nsase nyinaa mu deɛ ɛyɛ pa ara no,
16 是かれら心にその偶像を慕ひてわが律法を輕んじ棄てわが法憲にあゆまずわが安息日を汚したればなり
ɛfiri sɛ, wɔpoo me mmara, wɔanni mʼahyɛdeɛ so na wɔguu me home nna ho fi, ɛsiane sɛ na wɔn akoma da wɔn ahoni no so.
17 然りといへども吾かれらを惜み見てかれらを滅ぼさず曠野にて彼らを絕さざりき
Nanso mehunuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn, na mantɔre wɔn ase wɔ ɛserɛ no so.
18 我曠野にてかれらの子等に言り汝らの父の法度にあゆむなかれ汝らの律法を守るなかれ汝らの偶像をもて汝らの身を汚すなかれ
Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ ɛserɛ no so sɛ, “Monnni mo agyanom ahyɛdeɛ ne wɔn mmara so, na mommfa wɔn ahoni ngu mo ho fi.
19 我は汝らの神ヱホバなり吾法度にあゆみ吾律法を守りてこれを行ひ
Mene Awurade, mo Onyankopɔn; monni mʼahyɛdeɛ so na monhwɛ yie nni me mmara so.
20 わが安息日を聖くせよ是は我と汝らの間の徴となりて汝らをして我が汝らの神ヱホバなるを知しめんと
Monyɛ me home nna kronkron na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ me ne mo ntam. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn no.”
21 然るにその子等我にそむき人の行ひてこれによりて活べき者なるわが法度にあゆまず吾律法をまもりて之をおこなはずわが安息日を汚したれば我わが憤恨を彼らにそそぎ曠野にてわが忿怒をかれらに洩さんと言たりしが
“‘Nanso mma no yɛɛ dɔm tiaa me. Wɔanni mʼahyɛdeɛ so, na wɔanhwɛ anni me mmara so, deɛ onipa di so a ɔbɛnya nkwa no. Wɔguu me home nna ho fi. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo a ɛtia wɔn wɔ ɛserɛ no so.
22 吾手を翻してわが名のために事をなせり是わが彼らを導き出して見せしところの異邦人等の目のまへにわが名を汚されざらしめんためなりき
Nanso metwentwɛn so, na me din enti, meyɛɛ deɛ amma ɛho ngu fi wɔ aman a meyii wɔn firii so no ani so.
23 但し我汝らを國々に散し處々に撒んと曠野にてかれらにむかひて我手を擧たり
Memaa me nsa so kaa ntam wɔ ɛserɛ no so sɛ mɛhwete wɔn wɔ amanaman no so na mabɔ wɔn apansam wɔ nsase no so,
24 是かれらわが律法を行はずわが法度を輕じわが安息日をけがしその父の偶像を目に慕ひたればなり
ɛfiri sɛ, wɔanni me mmara so, na mmom wɔpoo mʼahyɛdeɛ guu me home nna ho fi, na wɔn ani kɔdii wɔn agyanom ahoni akyi.
25 我かれらに善らぬ法度を與へかれらが由て活べからざる律法を與へ
Bio, mede wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a ɛnyɛ, ne mmara a ɛde asotwe mmom na ɛbɛba wɔn so, na ɛnyɛ nkwa;
26 彼らをしてその禮物によりて己の身を汚さしむ即ちかれらその長子をして火の中を通過しめたり是は我彼らを滅し彼らをして我のヱホバなるを知しめんためなり
memaa ho ɛkwan ma wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ de guu wɔn ho fi, sɛdeɛ mede ahodwirie bɛhyɛ wɔn ma ama wɔahunu sɛ me ne Awurade.’
27 然ば人の子よイスラエルの家につげて之にいふべし主ヱホバかくいひたまふ彼らの父等は更にまた不忠の罪ををかし我を瀆せり
“Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israelfoɔ, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Na yei mu nso, mo agyanom poo me na wɔnam so kaa abususɛm tiaa me:
28 我わが彼らに與へんと手をあげし此地にかれらを導きいれしに彼ら諸の高丘と諸の茂樹を尋ね得てその犠牲を其處に供へその憤らしき禮物をそこに獻げその馨しき佳氣をそこに奉つりその神酒をそこに灌げり
Mede wɔn baa asase a maka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so no, wɔbɔɔ afɔdeɛ, yɛɛ afɔrebɔdeɛ maa kokoɔ biara a ɛkorɔn anaa dua biara a ɛso wɔ nhahan de hyɛɛ me abufuo; wɔde nnuhwam maeɛ na wɔhwiee ahwiesa maa wɔn.
29 我かれらに言り汝らが往ところの崇き處は何なるやと其名は今日にいたるまでバマと言ふなり
Na mebisaa wɔn sɛ: Ɛhe ne saa sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ yi?’” (Wɔfrɛ hɔ Bama de bɛsi ɛnnɛ.)
30 この故にイスラエルの家に言ふべし主ヱホバかくいひたまふ汝らの先祖の途をもて汝らはその身を汚し彼等の憎むべき物をしたひてこれと姦淫を行ふにあらずや
“Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mobɛgu mo ho fi sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ na mo kɔn dɔ wɔn ahoni tantan no anaa?
31 汝等はその禮物を獻げその子女に火の中を通らしめて今日にいたるまで汝らの諸の偶像をもてその身を汚すなり然ばイスラエルの家よ我なんぢらの問を容るべけんや主ヱホバいふ我は活く我は汝らの問を容ざるなり
Sɛ mode mo ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ mo mmammarima bɔ afɔdeɛ wɔ ogya so ma mo ahoni a, ɛnneɛ mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi bɛsi ɛnnɛ. Memma mommɛbisa me hɔ adeɛ anaa, Ao Israel efie? Ampa ara, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, meremma mommmisa me hɔ adeɛ.
32 汝ら我儕は木と石に事へて異邦人の如くなり國々の宗族のごとくならんと言ば汝らの心に起るところの事は必ず成ざるべし
“‘Moka sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman no, te sɛ ewiasefoɔ a wɔsom nnua ne aboɔ no.” Nanso deɛ ɛwɔ mo adwene mu no rensi da.
33 主ヱホバいふ我は生く我かならず強き手と伸たる腕をもて怒を注ぎて汝らを治めん
Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede nsa a ɛyɛ den, basa a wɔatene mu ne abufuhyeɛ a wɔahwie agu bɛdi mo so.
34 我強き手と伸たる腕をもて怒を注ぎて汝らを國々より曳いだし汝らが散れたる處々より汝らを集め
Mede mo bɛfiri amanaman no so, na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔapete mo wɔ so no; mede nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔatene mu ne abufuhyeɛ a wɔahwie agu na ɛbɛyɛ.
35 國々の曠野に汝らを導き其處にて面をあはせて汝らを鞫かん
Mede mo bɛba amanaman no ɛserɛ so, na ɛhɔ na mɛbu mo atɛn animu ne animu.
36 主ヱホバいふ我エジプトの曠野にて汝らの先祖等を鞫きしごとくに汝らを鞫くべし
Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn wɔ Misraim ɛserɛ soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
37 我なんぢらをして杖の下を通らしめ契約の索に汝らを入しめ
Mɛma moafa mʼabaa no ase na mahunu mo yie na mede mo aba apam no nkyehoma ase.
38 汝らの中より背ける者および我に悖れる者を別たんその寓れる地より我かれらをいだすべし彼らはイスラエルの地に來らざるべし汝らすなはち我のヱホバなるを知ん
Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwom sɛ mɛyi wɔn afiri aman a wɔte soɔ no mu, nanso wɔn nan rensi Israel asase so. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
39 然ばイスラエルの家よ主ヱホバかくいふ汝等おのおの往てその偶像に事へよ然ど後には汝らかならず我に聽て重てその禮物と偶像をもてわが名を汚さざるべし
“‘Na mo deɛ, Ao Israel efie, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mo mu biara nkɔsom nʼahoni! Nanso, akyiri no, mobɛtie me na moremfa mo ayɛyɛdeɛ ne ahoni ngu me din kronkron ho fi bio.
40 主ヱホバいふ吾が聖山の上イスラエルの高山の上にてイスラエルの全家その地の者皆我に事へん其處にて我かれらを悦びて受納ん其處にて我なんぢらの獻物および初成の禮物すべて汝らが聖別たる者を求むべし
Ɛfiri sɛ, me bɛpɔ kronkron no so, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛhɔ, wɔ asase no so na Israel efie nyinaa bɛsom me, na ɛhɔ na mobɛsɔ mʼani. Ɛhɔ na mɛhia mo afɔrebɔdeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ a ɛdi mu no aka mo afɔdeɛ kronkron no nyinaa ho.
41 我汝らを國々より導き出し汝らが散されたる處々より汝らを集むる時馨しき香氣のごとくに汝らを悦びて受納れ汝らによりて異邦人等の目のまへに我の聖ことをあらはすべし
Sɛ meyi mo firi amanaman no mu na meboaboa mo ano firi nsase a wɔbɔɔ mo petee so no a, mobɛsɔ mʼani sɛ krobo a ɛyi hwa, afei mɛda me kronnyɛ adi wɔ mo mu ama amanaman no ahunu.
42 我が汝らをイスラエルの地すなはちわが汝らの先祖等にあたへんと手をあげしところの地にいたらしめん時に汝等は我のヱホバなるを知るにいたらん
Sɛ mede mo ba Israel asase a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom so a, na mobɛhunu sɛ mene Awurade.
43 汝らは其身を汚したるところの汝らの途と汝らのもろもろの行爲を彼處にて憶え其なしたる諸の惡き作爲のために自ら恨み視ん
Ɛhɔ no, mobɛkae mo suban ne nneyɛɛ nyinaa a mode agu mo ho fi, na mo ho bɛyɛ mo nwunu ɛsiane amumuyɛ a moayɛ no nyinaa enti.
44 イスラエルの家よ我汝らの惡き途によらず汝らの邪なる作爲によらずして吾名のために汝等を待はん時に汝らは我のヱホバなるを知るにいたらん主ヱホバこれを言ふなり
Israel, ɛfata sɛ wɔtwe wʼaso. Nanso mene wo bɛdi no wɔ ɛkwan a ɛbɛhyɛ me din animuonyam so. Wobɛhunu sɛ mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
45 ヱホバの言また我にのぞみて言ふ
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
46 人の子よ汝の面を南方に向け南にむかひて言を垂れ南の野の森の事を預言せよ
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm tia anafoɔ fam na hyɛ nkɔm tia kwaeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam asase soɔ.
47 すなはち南の森に言ふべしヱホバの言を聽け主ヱホバかく言ふ視よ我なんぢの中に火を燃さん是なんぢの中の諸の靑樹と諸の枯木を焚べしその烈しき火焰消ることなし南より北まで諸の面これがために燒ん
Ka kyerɛ anafoɔ fam kwaeɛ no sɛ: ‘Tie Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛto wo mu ogya, na ɛbɛhye nnua a ɛwɔ wo so nyinaa: Deɛ ɛyɛ mono ne deɛ awoɔ. Wɔrennum ogyadɛreɛ no na ɛbɛhye asase no ani nyinaa; ɛfiri anafoɔ fam kɔsi atifi fam.
48 肉ある者みな我ヱホバのこれを燒しなるを見ん是は消ざるべし
Obiara bɛhunu sɛ me Awurade na masɔ ogya no ano; ɛrennum.’”
49 我是において言り嗚呼主ヱホバよ人われを指て言ふ彼は譬言をもて語るにあらずやと
Afei mekaa sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade! Wɔka fa me ho sɛ, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi anaa?’”

< エゼキエル書 20 >