< エゼキエル書 19 >

1 汝イスラエルの君等のために哀の詞をのべて
“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom
2 言ふべし汝の母なる牝獅は何故に牡獅の中に伏し小獅の中にその子を養ふや
na monka sɛ: “‘Na wo maame yɛ gyatabereɛ mu soronko wɔ agyata mu! Ɔdaa gyataburuwa mu yɛnee ne mma.
3 彼その一の子を育てたれば小獅となりて食を攫ことを學ひ遂に人を食へり
Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu, na ɔwee nnipa nam.
4 國々の人これの事を聞きこれを陷阱にて執へ鼻環をほどこしてこれをエジプトの地にひきいたれり
Amanaman no tee ne nka, na wɔn amena yii no. Wɔguu no nkapo de no kɔɔ Misraim asase so.
5 牝獅姑く待しがその望を失ひしを見たれば又一個の子を取てこれを小獅とならしむ
“‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ, na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no, ɔfaa ne ba foforɔ yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.
6 是すなはち牝獅の中に歩みて小獅となり食を攫ことを學ひしが亦人を食ひ
Ɔkyinkyinii agyata no mu ɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu na ɔwee nnipa nam.
7 其寡婦をしりその邑々を滅せりその咆哮聲によりてその地とその中に盈る者荒たり
Ɔbubuu wɔn abandenden na ɔsɛee wɔn nkuro. Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no, ne mmobomu bɔɔ wɔn hu.
8 是をもて四方の國人その國々より攻來り網をこれにうちかけ陷阱にてこれを執へ
Afei amanaman no sɔre tiaa no, wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so. Wɔguu no asau kyeree no wɔ wɔn amena mu.
9 鼻環をほどこして籠にいれ之をバビロンの王の許に曳いたりて城の中に携へ入れ其聲を再びイスラエルの山々に聞えざらしむ
Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo mu na wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene. Wɔde no too nneduafie, na wɔante ne mmobomu no bio wɔ Israel mmepɔ no so.
10 汝の母は汝の血にして水の側に植たる葡萄樹のごとし水の多きがために結實多く蔓はびこれり
“‘Na wo maame te sɛ bobedua a wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu. Na ɛso aba, na ɛyiyii mman nsuo a ɔnya no bebree no enti.
11 是に強き枝ありて君王等の杖となすべし是の長は雲に至りその衆多の枝のために高く聳えて見へたり
Ne mman yɛɛ den yie ɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma. Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko.
12 然るに是怒をもて拔れて地に擲たる東風その實を吹乾かしその強き枝は折れて枯れ火に焚る
Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase de no hwee fam. Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ, ɛso aba tete guiɛ; na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ na ogya hyeeɛ.
13 今これは荒野にて乾ける水なき地に植りてあり
Afei wɔakɔtɛ no wɔ ɛserɛ so asase wesee a nsuo nni muo.
14 その枝の芽より火いでてその果を燒けば復強き枝の君王等の杖となるべき者其になし是哀の詞なり哀の詞となるべし
Ogya trɛ firii ne mman baako so na ɛhyee nʼaba. Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so deɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.’ Yei yɛ kwadwom, na ma wɔnto no saa ara.”

< エゼキエル書 19 >