< エゼキエル書 21 >

1 ヱホバの言われにのぞみて言ふ
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 人の子よ汝の面をヱルサレムに向け聖き處々にむかひて言を垂れイスラエルの地にむかひて預言し
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase
3 イスラエルの地に言ふべしヱホバかく言ふ視よ我汝を責め吾刀を鞘より拔はなし義者と惡者とを汝の中より絕ん
na ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼakofena afiri ne bɔha mu de ayi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu.
4 我義者と惡者とを汝の中より絕んとすればわが刀鞘より脱出て南より北までの凡て肉ある者を責ん
Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam.
5 肉ある者みな我ヱホバのその刀を鞘より拔はなちしを知らん是は歸りをさまらざるべし
Afei nnipa nyinaa bɛhunu sɛ me Awurade, matwe mʼakofena afiri ne bɔha mu na ɛrensane bio.’
6 人の子よ腰の碎くるまでに歎き彼らの目のまへにて痛く歎け
“Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim.
7 人汝に何て歎くやと言ば汝言べし來るところの風聞のためなり心みな鎔け手みな痿え魂みな弱り膝みな水とならん視よ事いたれりかならず成ん主ヱホバこれを言ふ
Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na woresi apinie a?’ Wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no enti. Akoma biara bɛboto na nsa biara mu agogo, honhom biara bɛtɔ baha na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɛkwan biara soɔ ɛbɛba, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
8 ヱホバの言我にのぞみて言ふ
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
9 人の子よ預言して言ふべしヱホバかく言ふ劍あり研ぎ且磨きたる劍あり
“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “‘Akofena bi, akofena bi, wɔase ano, atwi ho,
10 是は大に殺す事をなさんがために研てあり光り閃かんがために磨きてあり我子の杖は萬の樹を藐視ずとて我等喜ぶべけんや
wɔase ano ama akumkumakumkum no, wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! “‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee.
11 是を手に執んために與へて磨かしむ是劍は殺す者の手に付さんために之を研かつ磨かしむるなり
“‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔase ano, atwi ho, ayɛ no krado ama okumfoɔ no.
12 人の子よ叫び哭け其は是わが民の上に臨みイスラエルの諸の牧伯等の上に臨めばなり彼らはわが民とともに劍に仆る故に汝腿を撃べし
Su na twa adwo, onipa ba, ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ; ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama akofena no aka me nkurɔfoɔ ho. Enti fa wo nsa gu wo tiri so.
13 その試すでに成る若かの藐視ずるところの杖きたらずば如何ぞや主ヱホバこれを言ふ
“‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’
14 人の子よ汝預言し手を拍べし劍人を刺透すところの劍三倍に働かん是は人を刺透し大なる者を殺すところの劍にして彼らを責る者なり
“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma akofena no ntwitwa mprenu mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akumakunkum akofena, akumakunkum kɛseɛ no akofena, a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa.
15 彼らの心を鎔し礙く物を増んがために我拔身の劍をその諸の門に立つ嗚呼是は光ひらめき脱いでて人を殺さんとす
Ɛbɛma akoma nyinaa aboto na atɔfoɔ adɔɔso, mede akunkumakunkum akofena no asisi wɔn apono nyinaa ano. Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam wɔaso mu ama akumkumakumkum.
16 汝合して右に向へ進んで左に向へ汝の刃の向ふところに隨ヘ
Ao akofena, twa kɔ nifa, na twa kɔ benkum, deɛ wo dadeɛ bɛfa biara.
17 我また吾手を拍ちわが怒を靜めん我ヱホバこれを言ふなり
Me nso, mɛbɔ me nsam, na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo Me Awurade na makasa no.”
18 ヱホバの言また我にのぞみて言ふ
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
19 人の子よバビロンの王の劍の由て來るべき二の途を設けよ其二の途を一の國より出しめて道標の記號を畵き邑の途の首處にこれを畵くべし
“Onipa ba, bɔ akwan mmienu ma Babiloniahene akofena no mfa so, na ne mmienu mfiri aseɛ wɔ amantam korɔ mu. Fa akyerɛkyerɛkwan si nkwanta a ɛmane kɔ kuropɔn no mu.
20 汝またアンモンの子孫のラバとユダの堅き城の邑ヱルサレムとに劍のきたるべき途を設けよ
Bɔ ɛkwan baako a akofena no bɛfa soɔ akɔtia Amonfoɔ Raba ne baako nso a ɛbɛtia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no.
21 バビロンの王その道の首處その途の岐處に止りて占卜をなし箭を搖りテラピムに問ひ肝を察べをるなり
Na Babiloniahene bɛgyina akwan mmienu no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ. Ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ brɛboɔ mu.
22 彼の右にヱルサレムといふ占卜いづ云く破城槌を備へ口をひらきて喊き殺し聲をあげて吶喊を作り門にむかひて破城槌を備へ壘をきづき雲梯を建べしと
Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na ɛhɔ na wɔbɛhyehyɛ obubuadaban nnua de ama okum kɛseɛ no. Afei wɔde osebɔ bɛpagya obubuadaban nnua no apempem apono no. Wɔbɛyɛ epie na wasisi pampim.
23 是はかれらの目には虛僞の占考と見ゆ聖き誓言かれらに在ばなり然れども彼罪を憶ひおこさしむ即ちかれらは取るべし
Ɛbɛyɛ sɛ nkɔntorɔ ama wɔn a wɔ ne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdie na wafa wɔn nnommum.
24 是故に主ヱホバかく言ふ汝ら旣にその罪を憶おこさしめて汝らの愆著明になりたれば汝らの罪その諸の行爲に顯る汝ら旣に憶いださるれば必ず手に執へらるべし
“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi nam mo atuateɛ so akae me mo afɔdie, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi enti, wɔbɛfa mo nnommum.
25 汝刺透さるる者罪人イスラエルの君主よ汝の罪その終を來らしめて汝の罰せらるる日至る
“‘Wo, Israel heneba otirimuɔdenfoɔ a wo ɛda aduru. Wo a wo asotwe berɛ aduru ne mpɔnpɔnsoɔ,
26 主ヱホバかく言ふ冕旒を去り冠冕を除り離せ是は是ならざるべし卑き者は高くせられ高き者は卑くせられん
yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Tu abɔtiten no, yi ahenkyɛ no. Ɛrenyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no: Wɔbɛpagya deɛ abrɛ ase, na deɛ ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase.
27 我顚覆をなし顚覆をなし顚覆を爲ん權威を持べき者の來る時まで是は有ことなし彼に我之を與ふ
Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’
28 人の子よ汝預言して言べし主ヱホバ、アンモンの子孫とその嘲笑につきて斯言ふと即ち汝言べし劍あり劍あり是殺すことのために拔てあり滅すことのために磨きありて光ひらめくなり
“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho: “‘Akofena bi, akofena bi, wɔatwe ama akunkumakunkum, wɔatwi ho sɛ ɛnni nam na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!
29 人なんぢに虛淨を預言し汝に假僞の占考を示して汝をその殺さるる惡人の頸の上に置んとす彼らの罪その終を來らしめて彼らの罰せらるる日いたる
Atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no wɔde bɛto wɔn kɔn mu amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ, ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no aduru ne mponponsoɔ no.
30 これをその鞘にかへし納めよ汝の造られし處なんぢの生れし地にて我汝を鞫き
“‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha mu wɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔ wɔ wo nananom asase so, mɛbu wo atɛn.
31 わが怒を汝に斟ぎ吾憤恨の火を汝にむかひて燃し狂暴人滅すことに巧なる者の手に汝を付すべし
Mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so na mahome mʼabufuo a ɛyɛ hu atia wo; Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ nsa, wɔn a wɔwɔ adesɛeɛ ho nyansa.
32 汝は火の薪となり汝の血は國の中にあらん汝は重ねて憶えらるることなかるべし我ヱホバこれを言ばなり
Wobɛyɛ nnyensin ama ogya, wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so, na wɔrenkae wo bio; me Awurade na makasa.’”

< エゼキエル書 21 >