< 歴代誌Ⅱ 9 >

1 茲にシバの女王ソロモンの風聞を聞および難問をもてソロモンを試みんとて甚だ衆多の部從をしたがへ香物と夥多き金と寶石とを駱駝に負せてヱルサレムに來りソロモンの許にいたりてその心にある所をことごとく之に陳けるに
Ɛberɛ a Seba Ɔhemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyie yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfoɔ bebree, nyoma pii a wɔahyehyɛ nnuhwam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔdemmoɔ wɔ wɔn so na ɛbaeɛ.
2 ソロモンこれが問に盡く答へたりソロモンの知ずして答へざる事は無りき
Ɔhyiaa Salomo no, wɔdii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa biara ano sɛdeɛ ɛsɛ.
3 シバの女王ソロモンの智慧とその建たる家を觀
Seba Ɔhemmaa hunuu nyansa a Salomo wɔ ne ahemfie a wasi no,
4 またその席の食物とその諸臣の列坐る状とその侍臣の伺候状と彼らの衣服およびその酒人とその衣服ならびに彼がヱホバの家に上りゆく昇道を觀におよびて全くその氣を奪はれたり
ne ho dwirii no. Ɔhunuu nnuane a ɛsisi ne didipono so no, sɛdeɛ watoto nʼadwumayɛfoɔ ne ntadeɛ fɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafoɔ ne wɔn ntadeɛ yuu ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a Salomo abɔ wɔ Awurade Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwanwa.
5 是において彼王に言けるは我が自己の國にて汝の行爲と汝の智慧とにつきて聞およびたる言は眞實なりき
Ɔfiri ahodwirie mu ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa deɛ woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokorɛ.
6 然るに我は來りて目に觀るまではその言を信ぜざりしが今視ば汝の智慧の大なる事我が聞たるはその半分にも及ばざりき汝は我が聞たる風聞に愈れり
Mannye anni kɔsii sɛ mʼankasa mebaa ha, de mʼani kann bɛhunuiɛ. Nokorɛm, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
7 汝の人々は幸福なるかな汝の前に常に立て汝の智慧を聽る此なんぢの臣僕等は幸福なるかな
Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu?
8 汝の神ヱホバは讃べき哉彼なんぢを悦こびてその位に上らせ汝の神ヱホバの爲に汝を王となしたまへり汝の神イスラエルを愛して永く之を堅うせんとするが故に汝を之が王となして公平と正義を行はせたまふなりと
Awurade, wo Onyankopɔn yɛ kɛse ampa. Nʼani gye wo ho, enti ɔde wo asi ahennwa so sɛ di ɔhene ma no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahennie yi tena afebɔɔ; wasi wo ɔhene sɛdeɛ wode nokorɛ ne atɛntenenee bɛbu ɔman no.”
9 すなはち金百二十タラントおよび莫大の香物と寶石とを王に饋れりシバの女王がソロモン王に饋りたるが如き香物は未だ曾て有ざりしなり
Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ a ɛkari tɔno 4 ne nnuhwam pii ne aboɔdemmoɔ. Seba Ɔhemmaa nnuhwam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da.
10 (かのオフルより金を取きたりしヒラムの臣僕とソロモンの臣僕等また白檀木と寶石とをも携さへいたりければ
Ɛberɛ a Huram hyɛnmufoɔ ne Salomo nkurɔfoɔ de sikakɔkɔɔ firi Ofir baeɛ no, wɔde abako nnua pa bebree ne aboɔdemmoɔ kaa ho baeɛ.
11 王その白檀木をもてヱホバの家と王の宮とに段階を作りまた謳歌者のために琴と瑟とを作れり是より前には是のごとき者ユダの地に見しこと無りき)
Ɔhene no de abako nnua no yɛɛ Awurade Asɔredan ne ahemfie no ntrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ nsankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefoɔ no. Na saa nnwontodeɛ no so bi mmaa da wɔ Yuda.
12 ソロモン王シバの女王に物を饋りてその携へきたれる所に報いたるが上にまた之が望にまかせて凡てその求むる者を與へたり斯て彼はその臣僕とともに去てその國に還りぬ
Biribiara a Seba Ɔhemmaa bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛsom bo pa ara, na ɛboro deɛ ɔhemmaa de brɛɛ noɔ no so. Afei, ɔhemmaa no ne nʼasomfoɔ no sane kɔɔ wɔn ankasa asase so.
13 一年にソロモンの所に來れる金の重量は六百六十六タラントなり
Afe biara, na Salomo nya sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno aduonu enum.
14 この外にまた商賣および商旅の携へきたる者ありアラビアの一切の王等および國の知事等もまた金銀をソロモンに携へ至れり
Na sika a ɔnya firi adwadifoɔ nkyɛn no nka yei ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ.
15 ソロモン王展金の大楯二百を作れりその大楯一枚には展金六百シケルを用ふ
Ɔhene Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akokyɛm akɛseɛ ahanu a wɔde hamre boroeɛ, na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru boro kilogram nson.
16 また展金の小干三百を作れり其小干一枚には金三百シケルを用ふ王これらをレバノン森の家に置り
Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu.
17 王また象牙をもて大なる寳座一を造り純金をもて之を蔽へり
Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho.
18 その寳座には六の階級あり又金の足臺ありて共にその寳座に連なりその坐する處の此旁彼旁に按手ありて按手の側に二頭の獅子立をり
Na ahennwa no wɔ ntrapoe nsia a wɔde sikakɔkɔɔ nantiasoɔ afam ho. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahennwa no ho.
19 その六の階級に十二の獅子ありて此旁彼旁に立り是のごとき者を作れる國は未だ曾て有ざりしなり
Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho.
20 ソロモン王の用ゐる飮料の器は皆金なりまたレバノン森の家の器もことごとく精金なり銀はソロモンの世には何とも算ざりしなり
Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ amapa na wɔde yɛeɛ. Saa ara na nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu no nso teɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, ɛfiri sɛ, Salomo berɛ so no, na wɔbu dwetɛ ade teta bi.
21 其は王の舟ヒラムの僕を乗てタルシシに往き三年毎に一回その舟タルシシより金銀象牙猿および孔雀を載て來りたればたり
Na ɔhene no wɔ adwadie ahyɛn a emu adwumayɛfoɔ yɛ Huram asomfoɔ. Mfeɛ mmiɛnsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nkaatia, nkontromfi ne kohaa brɛ ɔhene no.
22 ソロモン王は天下の諸王に勝りて富有と智慧とをもちたれば
Enti, ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefoɔ ne onyansafoɔ sene ɔhene biara wɔ asase so nyinaa.
23 天下の諸王みな神がソロモンの心に授けたまへる智慧を聽んとてソロモンの面を見んことを求め
Ahemfo fifiri aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi.
24 各々その禮物を携さへ來る即ち銀の器金の器衣服甲冑香物馬騾など年々定分ありき
Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛdeɛ te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntadeɛ, akodeɛ, nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumpɔnkɔ.
25 ソロモン戰車の馬四千厩騎兵一萬二千あり王これを戰車の邑々に置きまたヱルサレムにて自己の所に置り
Na Salomo wɔ mpɔnkɔdan mpemnan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne mpɔnkɔ mpem dumienu. Ɔde mu fa kɛseɛ no kɔɔ nkuro a ne nteaseɛnam wɔ mu mu, ɛnna ɔmaa ebi nso bɛnee no wɔ Yerusalem.
26 彼は河よりペリシテの地とエジプトの界までの諸王を統治めたり
Ɔdii ɔhene, bunkam faa ahemfo nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate ano de kɔsi Filistifoɔ asase ne Misraim hyeɛ so.
27 王は銀を石のごとくヱルサレムに多からしめまた香柏を平野の桑木のごとく多からしめたり
Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ akyee nnua a ɛfifiri wɔ mmepɔ ase wɔ Yuda asase so.
28 また人衆エジプトなどの諸國より馬をソロモンに率いたれり
Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ firi Misraim ne aman ahodoɔ bebree so.
29 ソロモンのその餘の始終の行爲は預言者ナタンの書とシロ人アヒヤの預言と先見者イドがネバテの子ヤラベアムにつきて述たる默旨の中に記さるるにあらずや
Salomo ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu odiyifoɔ Natan nwoma, Ahiya a ɔfiri Silo adiyisɛm ne nhunumuni Ido anisoadehunu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu.
30 ソロモンはヱルサレムにて四十年の間イスラエルの全地を治めたり
Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so ɔhene mfeɛ aduanan.
31 ソロモンその先祖等と倶に寝りてその父ダビデの邑に葬られ其子レハベアムこれに代りて王となれり
Ɔwuiɛ no, wɔsiee no nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

< 歴代誌Ⅱ 9 >