< 歴代誌Ⅱ 8 >

1 ソロモン二十年を經てヱホバの家と己の家を建をはりけるが
Salomo dii ɔhene no, ne mfeɛ aduonu so na ɔwiee Awurade Asɔredan sie dwumadie kɛseɛ ne nʼankasa ahemfie no sie.
2 ヒラム邑幾何をソロモンに歸しければソロモンまた之を建なほしイスラエルの子孫をしてその中に住しむ
Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkuro a ɔhene Huram de ama no no so. Ɔsiesiee nkuro no, na ɔmaa Israelfoɔ no kɔtenatenaa mu.
3 ソロモンまたハマテゾバに往て之に勝り
Saa ɛberɛ yi ara mu nso na Salomo ko tiaa kuro Hamat-Soba, dii so nkonim.
4 彼また曠野のタデモルを建てハマテの諸の府庫邑を建つ
Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ ɛserɛ so, na ɔkyekyeree nkuro wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma.
5 また上ベテホロンおよび下ベテホロンを建つ是は堅固の邑にして石垣あり門あり關木あり
Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafoɔ Bet-Horon ho ban. Ɔsane too wɔn afasuo no, de apono a wɔbram akyire totoo ano.
6 ソロモンまたバアラテとおのが有る府庫の邑々と戰車の諸の邑々と騎兵の邑々ならびにそのエルサレム、レバノンおよび己が治むるところの全地に建んと望みし者を盡く建つ
Saa ɛberɛ yi, ɔsane kyekyeree Baalat ne mmeammea a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, sane kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeammea bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa nʼakoma tɔɔ ne yam.
7 凡てイスラエルの子孫にあらざるヘテ人アモリ人ペリジ人ヒビ人ヱブス人の遺れる者
Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Na saa nnipa no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.
8 その地にありて彼らの後に遺れるその子孫即ちイスラエルの子孫の滅ぼし盡さざりし民はソロモンこれを使役して今日にいたる
Yeinom yɛ aman a Israel ntɔree wɔn ase korakora no asefoɔ. Ɛno enti, Salomo hyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔsom sɛ apaafoɔ.
9 然れどもイスラエルの子孫をばソロモン一人も奴隸となして其工事に使ふことをせざりき彼らは軍人となり軍旅の長となり戰車と騎兵の長となれり
Nanso, Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafoɔ, mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafoɔ so asahene.
10 ソロモン王の有司の首は二百五十人ありて民を統ぶ
Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahanu aduonum maa wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsoɔnnwuma so.
11 ソロモン、パロの女をダビデの邑より携へのぼりて曩にこれがために建おきたる家にいたる彼すなはち言り我妻はイスラエルの王ダビデの家に居べからずヱホバの契約の櫃のいたれる處は皆聖ければなりと
Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babaa firii Dawid kuro mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu. Ɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfie, ɛfiri sɛ, na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”
12 茲にソロモン曩に廊の前に築きおきたるヱホバの壇の上にてヱホバに燔祭を献ぐることをせり
Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wasi wɔ Asɔredan no abankua no anim no so, maa Awurade.
13 即ちモーセの命令にしたがひて毎日例のごとくに之を献げ安息日月朔および年に三次の節會すなはち酵いれぬパンの節と七週の節と結茅節とに之を献ぐ
Ɛda biara, na wɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ Mose hyɛɛ wɔn no. Afahyɛ ahodoɔ a wɔdiiɛ no bi ne Homeda, Ɔbosome Foforɔ Ɛda, ne mfirinhyia mmiɛnsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwaberɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ.
14 ソロモンその父ダビデの定めたる所にしたがひて祭司の班列を定めてその職に任じ又レビ人をその勤務に任じて日々例のごとく祭司の前にて頌讃をなし奉事をなさしめ又門を守る者をしてその班列にしたがひて諸門を守らしむ神の人ダビデの命ぜしところ是の如くなりければなり
Salomo de asɔfoɔ no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifoɔ no dii ɔmanfoɔ no anim too ayɛyie nnwom, na wɔboaa asɔfoɔ no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apono ano ahwɛfoɔ akuakuo no sisii wɔn apono ano sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa no kyerɛɛ wɔn no.
15 祭司とレビ人は諸の事につきまた府庫の事につきて王に命ぜられたる所に違ざりき
Salomo ankwae amfiri akwankyerɛ a Dawid maeɛ a ɛfa asɔfoɔ, Lewifoɔ ne sikakorabea ho no.
16 ソロモンはヱホバの家の基を置る日までにその工事の準備をことごとく爲しおきて遂に之を成をへたればヱホバの家は全備せり
Na Salomo hwɛɛ sɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho firi da a wɔtwaa ne fapem, kɔsi da a wɔde wiee sie no adi mu.
17 茲にソロモン、ヱドムの地の海邊にあるエジオンゲベルおよびエロテに往り
Akyire no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Ɛpo Kɔkɔɔ mpoano hɔ.
18 時にヒラムその僕等の手に託て船を彼に遣りまた海の事を知る僕等を遣りけるが彼等すなはちソロモンの僕とともにオフルに往て彼處より金四百五十タラントを取てソロモン王の許に携へ來れり
Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanimfoɔ hwɛ so, na emu adwumayɛfoɔ yɛ wɔn a wɔnim adwuma yie. Salomo nkurɔfoɔ ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔno 17 brɛɛ Salomo.

< 歴代誌Ⅱ 8 >