< 歴代誌Ⅱ 7 >

1 ソロモン祈ることを終し時天より火くだりて燔祭と犠牲とを焚きヱホバの榮光その家に充り
Salomo wiee ne mpaeɛbɔ no, ogya firi ɔsoro bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ, na Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.
2 ヱホバの榮光ヱホバの家に充しに因て祭司はヱホバの家に入ことを得ざりき
Asɔfoɔ no mpo antumi anhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, na Awurade animuonyam ahyɛ hɔ ma.
3 イスラエルの子孫は皆火の降れるを見またヱホバの榮光のその家にのぞめるを見て敷石の上にて地に俯伏て拝しヱホバを讃て云り善かなヱホバその恩惠は世々限なしと
Ɛberɛ a Israelfoɔ nyinaa hunuu sɛ ogya no reba fam, na Awurade animuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ, sɔree Awurade kamfoo no sɛ, “Ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”
4 斯て王および民みなヱホバの前に犠牲を献ぐ
Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no nyinaa bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade.
5 ソロモン王の献げたる犠牲は牛二萬二千羊十二萬斯王と民みな神の家を開けり
Ɔhene Salomo de anantwie ɔpeduonu mmienu ne nnwan ɔpeha aduonu baeɛ sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. Enti, ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano.
6 祭司は立てその職をなしレビ人はヱホバの樂器を執て立つ其樂器はダビデ王彼らの手によりて讃美をなすに當り自ら作りてヱホバの恩惠は世々限なしと頌へしめし者なり祭司は彼らの前にありて喇叭を吹きイスラエルの人は皆立をる
Asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifoɔ a wɔreto dwom sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” no nso yɛeɛ. Wɔde nnwontodeɛ a Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyegyee nnwontoɔ no ho. Asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ no di nhwɛanimu no hyɛnee ntotorobɛnto wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nyinaa gyinagyina hɔ.
7 ソロモンまたヱホバの家の前なる庭の中を聖め其處にて燔祭と酬恩祭の脂とを献げたり是はソロモンの造れる銅の壇その燔祭と素祭と脂とを受るに足ざりしが故なり
Na afei, Salomo buee adihɔ mfimfini a ɛwɔ Awurade Asɔredan no anim ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔahye sradeɛ a ɛfiri asomdwoeɛ afɔdeɛ mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na wasi no, na ɛsua ma ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ ne sradeɛ afɔdeɛ nyinaa no.
8 その時ソロモン七日の間節筵をなしけるがイスラエル全國の人々すなはちハマテの入口よりエジプトの河までの人々あつまりて彼とともにあり其會はなはだ大なりき
Nnanson a ɛdi soɔ no mu, wɔdii Dwanekɔbea Afahyɛ, na nipadɔm fifiri Israel mmusuakuo no nyinaa mu baeɛ. Wɔfifiri akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kɔsi Misraim asuwa anafoɔ fam no.
9 かくて第八日に聖會を開けり彼らは七日のあひだ壇奉納の禮をおこなひまた七日のあひだ節筵を守りけるが
Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawieeɛ, ɛfiri sɛ na wɔde nnanson abue afɔrebukyia no ano na wɔde nnanson nso adi Dwanekɔbea Afahyɛ no.
10 七月の二十三日にいたりてソロモン民をその天幕に歸せり皆ヱホバがダビデ、ソロモンおよびその民イスラエルに施こしたまひし恩惠のために喜こび且心に樂しみて去り
Afahyɛ no awieeɛ no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyeeɛ, ɛfiri sɛ, na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ adi no yie.
11 ソロモン、ヱホバの家と王の家とを造了へヱホバの家と己の家とにつきて爲んと心に思ひし事を盡く成就たり
Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfie no sie. Ɔwiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
12 時にヱホバ夜ソロモンに顯れて之に言たまひけるは我すでに汝の祈祷を聽きまた此處をわがために選びて犠牲を献ぐる家となす
Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mate wo mpaeɛbɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ beaeɛ a wɔmmɔ afɔdeɛ.
13 我天を閉て雨なからしめ又は蟊賊に命じて地の物を食はしめ又は疫病を我民の中におくらんに
“Ɛtɔ ɛda a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osuo rentɔ, anaa ebia mɛma ntutummɛ abɛsɛe mo mfudeɛ anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so.
14 我名をもて稱らるる我民もし自ら卑くし祈りてわが面を求めその惡き道を離れなば我天より聽てその罪を赦しその地を醫さん
Na sɛ me nkurɔfoɔ a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpaeɛ, ahwehwɛ me, na wɔadane afiri wɔn amumuyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yadeɛ.
15 今より我この處の祈祷に目を啓き耳を傾むけん
Mpaeɛ biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, mɛtie,
16 今我すでに此家を選びかつ聖別む我名は永く此にあるべしまた我目もわが心も恒に此にあるべし
ɛfiri sɛ, mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fie daa daa. Mʼaniwa ne mʼakoma bɛtena ha daa.
17 汝もし汝の父ダビデの歩みしごとく我前に歩み我が汝に命じたるごとく凡て行ひてわが法度と律例を守らば
“Na wo deɛ, sɛ wodi mʼakyi sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na wotie mʼahyɛdeɛ, di me mmara nyinaa so a,
18 我は汝の父ダビデに契約してイスラエルを治むる人汝に缺ること無るべしと言しごとく汝の國の祚を堅うすべし
meremma obiara mfa wʼahennwa nkɔ. Saa bɔ korɔ yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid wɔ ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Meremma onipa a ɔbɛdi Israel so ɔhene mmɔ no no.’
19 然ど汝ら若ひるがへり我が汝らの前に置たる法度と誡命を棄て往て他の神々に事へかつ之を拝まば
“Nanso, sɛ wogya me, na wobu mmara ne ahyɛdeɛ a mahyɛ wo no so, na wokɔsom anyame foforɔ a,
20 我かれらを我が與へたる地より抜さるべし又我名のために我が聖別たる此家は我これを我前より投棄て萬國の中に諺語となり嘲笑とならしめん
ɛnneɛ, mɛtutu Israelfoɔ ase afiri mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din animuonyam no. Mɛyɛ no ahohoradeɛ ama aman nyinaa ahunu.
21 且又この家は高くあれども終にはその傍を過る者は皆これに驚きて言んヱホバ何故に此地に此家に斯なしたるやと
Ɛwom, saa asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ atantanneɛ ama wɔn a wɔtwa mu hɔ no. Wɔbɛbisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sei aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’
22 人これに答へて言ん彼ら己の先祖をエジプトの地より導き出ししその神ヱホバを棄て他の神々に附從がひ之を拝み之に事へしによりてなりヱホバ之がためにこの諸の災禍を彼らに降せりと
Na mmuaeɛ bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, ne nkurɔfoɔ poo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim, kɔsomm anyame foforɔ. Ɛno enti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’”

< 歴代誌Ⅱ 7 >