< 歴代誌Ⅱ 6 >

1 是においてソロモン言けるはヱホバは濃き雲の中に居んと言たまひしが
Afei, Salomo bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, woaka sɛ, wobɛtena omununkum kusuu mu.
2 我汝のために住むべき家永久に居べき所を建たりと
Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wobɛtumi atena afebɔɔ.”
3 而して王その面をふりむけてイスラエルの全會衆を祝せり時にイスラエルの會衆は皆立をれり
Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ,
4 彼いひけるはイスラエルの神ヱホバは讃べき哉ヱホバはその口をもて吾父ダビデに言ひその手をもて之を成とげたまへり
“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ,
5 即ち言たまひけらく我はわが民をエジプトの地より導き出せし日より我名を置べき家を建しめんためにイスラエルの諸の支派の中より何の邑をも選みしこと無く又何人をも選みて我民イスラエルの君となせしこと無し
‘Ɛfiri da a meyii me nkurɔfoɔ firii Misraim no, menyii kuropɔn biara mfirii Israel mmusuakuo no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔsi Asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Ɛnna nso, menyii ɔhene biara sɛ ɔnni me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim.
6 只我はわが名を置くためにヱルサレムを選みまた我民イスラエルを治めしむるためにダビデを選めり
Nanso, afei, mayi Yerusalem sɛ kuropɔn, ne Dawid sɛ ɔhene.’”
7 夫イスラエルの神ヱホバの名のために家を建ることは我父ダビデの心にありき
Afei, Salomo kaa sɛ, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ ɔsi saa Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam.
8 然るにヱホバわが父ダビデに言たまひけるは我名のために家を建ること汝の心にあり汝の心にこの事あるは善し
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ sɛ wopɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam
9 然れども汝はその家を建べからず汝の腰より出る汝の子その人わが名のために家を建べしと
nanso, ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmammarima no mu baako na ɔbɛsi.’
10 而してヱホバその言たまひし言をおこなひたまへり即ち我わが父ダビデに代りて立ちヱホバの言たまひしごとくイスラエルの位に坐しイスラエルの神ヱホバの名のために家を建て
“Na afei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛfiri sɛ, masi mʼagya anan mu sɛ ɔhene. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam.
11 その中にヱホバがイスラエルの子孫になしたまひし契約を容る櫃ををさめたりと
Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a Awurade ne Israelfoɔ yɛeɛ no hyɛ.”
12 ソロモン、イスラエルの全會衆の前にてヱホバの壇の前に立てその手を舒ぶ
Na Salomo pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ Awurade afɔrebukyia ne Israel manfoɔ no nyinaa anim.
13 ソロモンさきに長五キユビト濶五キユビト高三キユビトの銅の臺を造りてこれを庭の眞中に据おきたりしが乃ちその上に立ちイスラエルの全會衆の前にて膝をかがめ其手を天に舒て
Na wabɔ kɔbere mfrafraeɛ apa a nʼatweeɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa, de asi asɔredan no adihɔ mfimfini. Ɔgyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Ɔbuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ soro.
14 言けるはイスラエルの神ヱホバ天にも地にも汝のごとき神なし汝は契約を保ちたまひ心を全うして汝の前に歩むところの汝の僕等に恩惠を施こしたまふ
Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛdeɛ nyinaa.
15 汝は汝の僕わが父ダビデにのたまひし所を保ちたまへり汝は口をもて言ひ手をもて成就たまへること今日のごとし
Wo bɔ a wohyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.
16 イスラエルの神ヱホバよ然ば汝が僕わが父ダビデに語りて若し汝の子孫その道を愼みて汝がわが前に歩めるごとくに我律法にあゆまばイスラエルの位に坐する人わが前にて汝に缺ること無るべしと言たまひし事をダビデのために保ちたまへ
“Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, ma ɛbɔ a wokɔɔ so hyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ bɔ wɔn bra yie, na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woayɛ no a, wɔbɛdi Israel so ɔhene daa daa.’
17 然ばイスラエルの神ヱホバよ汝が僕ダビデに言たまへるなんぢの言に效驗あらしめたまへ
Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, di saa bɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ Dawid no so.
18 但し神果して地の上に人とともに居たまふや夫天も諸天の天も汝を容るに足ず况て我が建たる此家をや
“Ɛyɛ nokorɛ sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohoa mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masie yi bɛtumi akora wo.
19 然れども我神ヱホバよ僕の祈祷と懇願をかへりみて僕が今汝の前に祈るその號呼と祈祷を聽たまへ
Tie me mpaeɛbɔ ne mʼadesrɛdeɛ, Ao Awurade, me Onyankopɔn. Tie osufrɛ ne mpaeɛ a wo ɔsomfoɔ rebɔ no.
20 願くは汝の目を夜晝此家の上即ち汝が其名を置んと言たまへる所の上に開きたまへ願くは僕がこの處にむかひて祈らん祈祷を聽たまへ
Hwɛ saa Asɔredan yi so, beaeɛ a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpaeɛ a mebɔ wɔ ha no.
21 願くは僕と汝の民イスラエルがこの處にむかひて祈る時にその懇願を聽たまへ請ふ汝の住處なる天より聽き聽て赦したまへ
Tie mʼahobrɛaseɛ ne nokorɛ adebisa a me ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ ha de to wʼanim no. Aane, tie yɛn firi soro baabi a wote no; na sɛ wote nso a, fa kyɛ.
22 人その隣人にむかひて罪を犯せることありてその人誓をもて誓ふことを要められんに若し來りてこの家において汝の壇の前に誓ひなば
“Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ ɔnnim ho hwee wɔ afɔrebukyia a ɛsi asɔredan mu no anim a,
23 汝天より聽て行ひ汝の僕等を鞫き惡き者に返報をなしてその道をその首に歸し義者を義としてその義にしたがひて之を待ひたまへ
tie firi soro, na bu wʼasomfoɔ baanu no a ɛyɛ deɛ wɔabɔ no soboɔ no ne soboɔbɔfoɔ no ntam atɛn. Deɛ ɔdi fɔ no, twe nʼaso na gyaa deɛ ɔdi bem no.
24 汝の民イスラエルなんぢに罪を犯したるがために敵の前に敗れんに若なんぢに歸りて汝の名を崇め此家にて汝の前に祈り願ひなば
“Sɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ yɛ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔn atamfoɔ di wɔn so nkonim na wɔsane ba wo nkyɛn, bɔ wo din na wɔbɔ wo mpaeɛ wɔ Asɔredan yi mu a,
25 汝天より聽て汝の民イスラエルの罪を赦し汝が彼等とその先祖に與へし地に彼等を歸らしめたまへ
tie firi soro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsane nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.
26 彼らが汝に罪を犯したるがために天閉て雨なからんに彼ら若この處にむかひて祈り汝の名を崇め汝が彼らを苦しめたまふ時にその罪を離れなば
“Sɛ wo nkurɔfoɔ yɛ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔto ɔsoro mu na osuo antɔ na wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔredan yi mu, bɔ wo din, twe wɔn ho firi wɔn bɔne ho, ɛfiri sɛ, woatwe wɔn aso a,
27 汝天より聽きて汝の僕等なんぢの民イスラエルの罪を赦したまへ汝旣にかれらにその歩むべき善道を敎へたまへり汝の民に與へて產業となさしめたまひし汝の地に雨を降したまへ
tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko no so.
28 若くは國に饑饉あるか若くは疫病枯死朽腐蟊賊稲蠹あるか若くは其敵かれらをその國の邑に圍む等如何なる災禍如何なる疾病あるとも
“Sɛ ɛkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa mfudeɛ nyarewa ba anaa ntutummɛ ne asa bɛgu mfudeɛ so, anaa wo nkurɔfoɔ atamfoɔ ba asase no so bɛtua wɔn nkuro a, sɛdeɛ ɔhaw no te biara no,
29 もし一人或は汝の民イスラエルみな各々おのれの災禍と憂患を知てこの家にむかひて手を舒なば如何なる祈祷如何なる懇願をなすとも
sɛ wo nkurɔfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ wɔn haw ne awerɛhoɔ ho, na wɔpagya wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a,
30 汝の住處なる天より聽て赦し各々の人にその心を知たまふごとくその道々にしたがひて報いたまへ其は汝のみ人々の心を知たまへばなり
tie firi ɔsoro deɛ wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfoɔ no ma wɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara na wonim onipa akoma mu.
31 汝かく彼らをして汝が彼らの先祖に與へたまへる地に居る日の間つねに汝を畏れしめ汝の道に歩ましめたまへ
Ɛno akyi wɔbɛsuro wo na wɔanante wʼakwan so mmerɛ dodoɔ a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.
32 且汝の民イスラエルの者にあらずして汝の大なる名と強き手と伸たる腕とのために遠き國より來れる異邦人においてもまた若來りてこの家にむかひて祈らば
“Na sɛ ananafoɔ te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ no, na wɔfiri akyirikyiri bɛsom wo din kɛseɛ no, bɔ mpaeɛ de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a,
33 汝の住處なる天より聽き凡て異邦人の汝に龥もとむるごとく成たまへ汝かく地の諸の民をして汝の名を知らしめ汝の民イスラエルの爲ごとくに汝を畏れしめ又わが建たる此家は汝の名をもて稱らるるといふことを知しめたまへ
tie firi soro deɛ wote hɔ, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahunu, asuro wo, sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso bɛhunu sɛ, wo din na ɛda saa Asɔredan a masie yi so.
34 汝の民その敵と戰はんとて汝の遣はしたまふ道に進める時もし汝が選びたまへるこの邑およびわが汝の名のために建たる家にむかひて汝に祈らば
“Sɛ wohyɛ wo nkurɔfoɔ sɛ wɔmfiri adi nkɔko ntia wɔn atamfoɔ, na sɛ wɔbɔ wo mpaeɛ firi kuro yi a woayi, ne saa asɔredan yi a masi de wo din ato so yi mu a,
35 汝天より彼らの祈祷と懇願を聽て彼らを助けたまへ
tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn.
36 人は罪を犯さざる者なければ彼ら汝に罪を犯すことありて汝かれらを怒り彼らをその敵に付したまひて敵かれらを虜として遠き地または近き地に曳ゆかん時
“Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn ama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, sɛ ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn.
37 彼らその擄れゆきし地において自ら心に了るところあり其俘擄の地において翻へりて汝に祈り我らは罪を犯し悖れる事を爲し惡き事を行ひたりと言ひ
Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’
38 その擄へゆかれし俘擄の地にて一心一念に汝に立歸り汝がその先祖に與へたまへる地にむかひ汝が選びたまへる邑と我が汝の名のために建たる家にむかひて祈らば
na sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi ho a,
39 汝の住處なる天より彼らの祈祷と懇願を聽て彼らを助け汝の民が汝にむかひて罪を犯したるを赦したまへ
tie wɔn mpaeɛbɔ no firi soro, deɛ woteɛ hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfoɔ ayɛ atia wo no kyɛ wɔn.
40 然ば我神よ願くは此處にて爲す祈祷に汝の目を開き耳を傾むけたまヘ
“Ao me Onyankopɔn, tie mpaeɛ a wɔbɔ no wɔ ha no nyinaa.
41 ヱホバ神よ今汝および汝の力ある契約の櫃起て汝の安居の所にいりたまへヱホバ神よ願くは汝の祭司等に拯救の衣を纒はせ汝の聖徒等に恩惠を喜こばせたまヘ
“Afei, Ao Awurade Onyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea,
42 ヱホバ神よ汝の膏そそぎし者の面を黜ぞけたまふ勿れ汝の僕ダビデの徳行を記念たまへ
“Ao Awurade Onyankopɔn, nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.

< 歴代誌Ⅱ 6 >