< 歴代誌Ⅱ 10 >

1 爰にレハベアム、シケムに往り其はイスラエルみな彼を王となさんとてシケムに到りたればたり
Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri sɛ, na Israelfoɔ nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekɔsi no ɔhene.
2 ネバテの子ヤラベアムはさきにソロモン王の面を避てエジプトに逃れ居しがこのことを聞てエジプトより歸れり
Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee Salomo wuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri sɛ, ɔdwane firii Salomo anim kɔɔ Misraim.
3 人衆人を遣はして之を招きたるなり斯てヤラベアムとイスラエルの人みな來りてレハベアムに語りて言けるは
Israel mpanimfoɔ soma maa wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa.
4 汝の父我らの軛を苦しくせり然ば汝今汝の父の苦しき役とその我らに蒙むらせたる重き軛を軽くしたまへ然れば我儕なんぢに事へん
Wɔkaa sɛ, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.”
5 レハベアムかれらに言けるは汝ら三日を經て再び我に來れと民すなはち去り
Rehoboam buaa wɔn sɛ, “Mommra nnansa akyi, mmɛgye mmuaeɛ.” Enti, nnipa no kɔeɛ.
6 是においてレハベアム王その父ソロモンの生る間これが前に立たる老人等に計りて言けるは汝ら如何に敎へて此民に答へしむるや
Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanimfoɔ bi a na wɔtu nʼagya Salomo fo ne wɔn kɔsusuu asɛm no ho. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”
7 彼らレハベアムに語りて言けるは汝もし此民を厚く待ひ之を悦こばせ善言を之に語らば永く汝の僕たらんと
Mpanimfoɔ yi buaa sɛ, “Sɛ woyɛ nnipa no yie, na woyɛ ayamyɛ kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfoɔ nokwafoɔ.”
8 然るに彼その老人等の敎へし敎を棄て自己とともに生長て己の前に立ところの少年等と計れり
Nanso Rehoboam amfa afotuo a mpanimfoɔ no tuu no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfoɔ mmabunu bi a ɔne wɔn sii so a na wɔtu no fo no nkyɛn.
9 即ち彼らに言けるは汝ら如何に敎へて我らをして此我に語りて汝の父の我らに蒙むらせし軛を軽くせよと言ふ民に答へしむるやと
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso mo adwene ne sɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ mete adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?”
10 彼とともに生長たる少年等かれに語りて言けるは汝に語りて汝の父我らの軛を重くしたれば汝これを我らのために軽くせよと言たる此民に汝かく答へ斯これに言べし吾小指は我父の腰よりも太し
Mmeranteɛ no buaa sɛ, “Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no sɛ, ‘Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; sɛ modwene sɛ ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.’
11 我父は汝らに重き軛を負せたりしが我は更に汝らの軛を重くせん我父は鞭をもて汝らを懲せしが我は蠍をもて汝らを懲さんと
Aane, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me deɛ, mɛyɛ deɛ ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.”
12 偖またヤラベアムと民等は皆王の告て第三日に再び我にきたれと言しごとく第三日にレハベアムに詣りしに
Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa sɛ wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no.
13 王荒々しく彼らに答へたり即ちレハベアム王老人の敎を棄て
Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo,
14 少年の敎のごとく彼らに告て言けるは我父は汝らの軛を重くしたりしが我は更に之を重くせん我父は鞭をもて汝らを懲せしが我は蠍をもて汝らを懲さんと
na ɔfaa mmeranteɛ no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me deɛ, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛkeka mo!”
15 王かく民に聽ことをせざりき此事は神より出たる者にしてその然るはヱホバかつてシロ人アヒヤによりてネバテの子ヤラベアムに告たる言を成就んがためなり
Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.
16 イスラエルの民みな王の己に聽ざるを見しかば王に答へて言けるは我らダビデの中に何の分あらんやヱッサイの子の中には所有なしイスラエルよ汝ら各々その天幕に歸れダビデ族よ今おのれの家を顧みよと斯イスラエルは皆その天幕に歸れり
Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ, “Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho. Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie. Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.” Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie.
17 但しユダの邑々に住るイスラエルの子孫の上にはレハベアムなほ王たりき
Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene.
18 レハベアム王役夫の頭なるアドラムを遣はしけるにイスラエルの子孫石をもてこれを撃て死しめたればレハベアム王急ぎてその車に登りてエルサレムに逃かへれり
Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ nnwumayɛfoɔ so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfoɔ no sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem.
19 是のごとくイスラエルはダビデの家に背きて今日にいたる
Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene so sɛ Dawid aseni biara bɛdi wɔn so ɔhene de bɛsi ɛnnɛ.

< 歴代誌Ⅱ 10 >