< Yosua 15 >

1 Asase a wɔde maa mmusua a wɔbom yɛ Yuda abusuakuo no kɔduruu Edom ɛhyeɛ so wɔ anafoɔ fam, na Sin ɛserɛ so na ɛkɔpem.
猶大支派按着宗族拈鬮所得之地是在儘南邊,到以東的交界,向南直到尋的曠野。
2 Anafoɔ fam ɛhyeɛ no hyɛɛ aseɛ wɔ Nkyene Ɛpo no mpoano a ɛwɔ anafoɔ fam,
他們的南界是從鹽海的儘邊,就是從朝南的海汊起,
3 tene faa Akrabbim kɔsii Sin ɛserɛ so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafoɔ fam kɔsii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kɔsii Adar, ɛnna ɛdane kɔɔ Karka.
通到亞克拉濱坡的南邊,接連到尋,上到加低斯‧巴尼亞的南邊,又過希斯崙,上到亞達珥,繞到甲加,
4 Ɛtwaam kɔɔ Asmon kɔduruu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kɔwiee wɔ ɛpo kɛseɛ no mu. Yei ne wɔn anafoɔ fam ɛhyeɛ.
接連到押們,通到埃及小河,直通到海為止。這就是他們的南界。
5 Apueeɛ fam ɛhyeɛ no firi Nkyene Ɛpo no kɔduru Asubɔnten Yordan ano. Atifi fam ɛhyeɛ no firi beaeɛ a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Ɛpo no mu,
東界是從鹽海南邊到約旦河口。北界是從約旦河口的海汊起,
6 na ɛtwam kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan boɔ no ho. Na Bohan yɛ Ruben babarima.
上到伯‧曷拉,過伯‧亞拉巴的北邊,上到呂便之子波罕的磐石;
7 Ɛfiri hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bɔnhwa no mu kɔka Debir, na ɛdane wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a ɛtwam firi Adumim nsianeɛ mu wɔ anafoɔ fam wɔ bɔnhwa no nkyɛn mu. Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no tene kɔsi En-Semes nsuo no ano, na akɔpem En-Rogel.
從亞割谷往北,上到底璧,直向河南亞都冥坡對面的吉甲;又接連到隱‧示麥泉,直通到隱‧羅結,
8 Afei, ɛhyeɛ no fa Hinom babarima bɔnhwa no mu, kɔfa Yebusifoɔ anafoɔ nsianeɛ so, deɛ Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔeɛ fam wɔ bepɔ no apampam, toa so kɔ Hinom bɔnhwa no so kɔsi Refaim bɔnhwa ano wɔ atifi fam.
上到欣嫩子谷,貼近耶布斯的南界(耶布斯就是耶路撒冷);又上到欣嫩谷西邊的山頂,就是在利乏音谷極北的邊界;
9 Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no toa so kɔfa bepɔ no apampam kɔ Neftoa asuo no asutire no ho. Ɛfiri hɔ kɔ nkuro a ɛdeda Efron bepɔ so no. Na ɛhima kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.)
又從山頂延到尼弗多亞的水源,通到以弗崙山的城邑,又延到巴拉(巴拉就是基列‧耶琳);
10 Ɛhyeɛ no twa fa Baala ho wɔ atɔeɛ fam kɔsi bepɔ Seir so, ɛkɔ ara kɔsi Kesalon kurom wɔ bepɔ Yearim atifi nsianeɛ so, na akɔ fam akɔsi Bet-Semes ne Timna.
又從巴拉往西繞到西珥山,接連到耶琳山的北邊(耶琳就是基撒崙);又下到伯‧示麥過亭納,
11 Ɛhyeɛ no kɔ ara kɔsi bepɔ no nsianeɛ a ɛwɔ Ekron atifi fam, baabi a ɛdane hwɛ Sikron ne Baala bepɔ no. Ɛtra Yabneel na akɔpem Ɛpo Kɛseɛ no.
通到以革倫北邊,延到施基崙,接連到巴拉山;又通到雅比聶,直通到海為止。
12 Na atɔeɛ fam ɛhyeɛ no nso ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoanompoano. Yeinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuo no ahyeɛ.
西界就是大海和靠近大海之地。這是猶大人按着宗族所得之地四圍的交界。
13 Awurade hyɛɛ Yosua sɛ ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no.
約書亞照耶和華所吩咐的,將猶大人中的一段地,就是基列‧亞巴,分給耶孚尼的兒子迦勒。亞巴是亞衲族的始祖(基列‧亞巴就是希伯崙)。
14 Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefoɔ no firii hɔ.
迦勒就從那裏趕出亞衲族的三個族長,就是示篩、亞希幔、撻買;
15 Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kuro Debir (a kane no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no.
又從那裏上去,攻擊底璧的居民。(這底璧從前名叫基列‧西弗。)
16 Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.”
迦勒說:「誰能攻打基列‧西弗將城奪取,我就把我女兒押撒給他為妻。」
17 Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
迦勒兄弟基納斯的兒子俄陀聶奪取了那城,迦勒就把女兒押撒給他為妻。
18 Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa firii nʼafunumu so sii fam no, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
押撒過門的時候,勸丈夫向她父親求一塊田,押撒一下驢,迦勒問她說:「你要甚麼?」
19 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hyira me bio. Woayɛ adom ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase.
她說:「求你賜福給我,你既將我安置在南地,求你也給我水泉。」她父親就把上泉下泉賜給她。
20 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuo no agyapadeɛ.
以下是猶大支派按着宗族所得的產業。
21 Na Yudafoɔ nkuro a ɛdeda Edom ahyeɛ so wɔ anafoɔ pɛɛ no ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,
猶大支派儘南邊的城邑,與以東交界相近的,就是甲薛、以得、雅姑珥、
22 Kina ne Dimona ne Adada,
基拿、底摩拿、亞大達、
23 Kedes ne Hasor ne Itnan,
基低斯、夏瑣、以提楠、
24 Sif ne Telem ne Bealot,
西弗、提鍊、比亞綠、
25 Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor),
夏瑣‧哈大他、加略‧希斯崙(加略‧希斯崙就是夏瑣)、
26 Amam ne Sema ne Molada,
亞曼、示瑪、摩拉大、
27 Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet,
哈薩‧迦大、黑實門、伯‧帕列、
28 Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia,
哈薩‧書亞、別是巴、比斯約他、
29 Baala ne Iim ne Esem,
巴拉、以因、以森、
30 El-Tolad ne Kesil ne Horma,
伊勒多臘、基失、何珥瑪、
31 Siklag ne Madmana ne Sansana,
洗革拉、麥瑪拿、三撒拿、
32 Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkuro yi nyinaa ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia dodoɔ yɛ aduonu nkron.
利巴勿、實忻、亞因、臨門,共二十九座城,還有屬城的村莊。
33 Saa nkuro a na ɛwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ no so a wɔde maa Yuda nie: Estaol ne Sora ne Asna.
在高原有以實陶、瑣拉、亞實拿、
34 Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam,
撒挪亞、隱‧干寧、他普亞、以楠、
35 Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,
耶末、亞杜蘭、梭哥、亞西加、
36 Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunan.
沙拉音、亞底他音、基底拉、基底羅他音,共十四座城,還有屬城的村莊。
37 Deɛ ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad,
又有洗楠、哈大沙、麥大‧迦得、
38 Dilean ne ne Mispe ne Yokteel,
底連、米斯巴、約帖、
39 Lakis ne Boskat ne Eglon,
拉吉、波斯加、伊磯倫、
40 Kabon ne Lahmam ne Kitlis,
迦本、拉幔、基提利、
41 Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunsia.
基低羅、伯‧大袞、拿瑪、瑪基大,共十六座城,還有屬城的村莊。
42 Yeinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan,
又有立拿、以帖、亞珊、
43 Yifta ne Asna ne Nesib,
益弗他、亞實拿、尼悉、
44 Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ nkron.
基伊拉、亞革悉、瑪利沙,共九座城,還有屬城的村莊。
45 Ekron nkuro ne nkuraaseɛ nyinaa ka Yuda asase ho,
又有以革倫和屬以革倫的鎮市村莊;
46 ɛfiri Ekron no, ɛhyeɛ no trɛ de kɔ atɔeɛ fam a nkuro a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia ka ho.
從以革倫直到海,一切靠近亞實突之地,並屬其地的村莊。
47 Saa ara na Asdod nkuro ne ne nkuraaseɛ, Gasa nkuro ne ne nkuraaseɛ kɔsi Misraim asuwa no, de kɔfa Ɛpo Kɛseɛ no mpoano ka ho.
亞實突和屬亞實突的鎮市村莊;迦薩和屬迦薩的鎮市村莊;直到埃及小河,並大海和靠近大海之地。
48 Yuda sane nyaa nkuro a ɛdidi so yi a na ɛwɔ nkokoɔ asase so: Samir ne Yatir ne Soko,
在山地有沙密、雅提珥、梭哥、
49 Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir,
大拿、基列‧薩拿(基列‧薩拿就是底璧)、
50 Anab ne Estemo ne Anim,
亞拿伯、以實提莫、亞念、
51 Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dubaako.
歌珊、何倫、基羅,共十一座城,還有屬城的村莊。
52 Na saa nkuro yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan,
又有亞拉、度瑪、以珊、
53 Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka,
雅農、伯‧他普亞、亞非加、
54 Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkuro nkron ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
宏他、基列‧亞巴(基列‧亞巴就是希伯崙)、洗珥,共九座城,還有屬城的村莊。
55 Nkuro a ɛdidi soɔ yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta,
又有瑪雲、迦密、西弗、淤他、
56 Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,
耶斯列、約甸、撒挪亞、
57 Kain, Gibea ne Timna, nkuro edu ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia.
該隱、基比亞、亭納,共十座城,還有屬城的村莊。
58 Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor,
又有哈忽、伯‧夙、基突、
59 Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
瑪臘、伯‧亞諾、伊勒提君,共六座城,還有屬城的村莊。
60 Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkuro mmienu ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
又有基列‧巴力(基列‧巴力就是基列‧耶琳)、拉巴,共兩座城,還有屬城的村莊。
61 Ɛserɛ so nkuro no nso ne: Bet-Araba, Midin ne Sekaka,
在曠野有伯‧亞拉巴、密丁、西迦迦、
62 Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
匿珊、鹽城、隱‧基底,共六座城,還有屬城的村莊。
63 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yuda abusuakuo no antumi antu wɔn enti, Yebusifoɔ ne Yuda abusuakuo no tenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ.
至於住耶路撒冷的耶布斯人,猶大人不能把他們趕出去,耶布斯人卻在耶路撒冷與猶大人同住,直到今日。

< Yosua 15 >