< Yosua 14 >

1 Israelfoɔ mmusuakuo nkaeɛ no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo ntuanofoɔ no de maa wɔn.
以色列人在迦南地所得的產業,就是祭司以利亞撒和嫩的兒子約書亞,並以色列各支派的族長所分給他們的,都記在下面,
2 Saa mmusuakuo nkron ne fa yi nam ntontobɔ so na wɔnyaa wɔn agyapadeɛ no sɛdeɛ Awurade faa Mose so hyɛɛ no.
是照耶和華藉摩西所吩咐的,把產業拈鬮分給九個半支派。
3 Na Mose ama mmusuakuo mmienu ne fa no nsase sɛ wɔn agyapadeɛ wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam dada.
原來,摩西在約旦河東已經把產業分給那兩個半支派,只是在他們中間沒有把產業分給利未人。
4 Yosef abusuakuo no deɛ, na abɛyɛ mmusuakuo mmienu a wɔn ne Manase ne Efraim. Lewifoɔ no deɛ, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkuro a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ so adidi.
因為約瑟的子孫是兩個支派,就是瑪拿西和以法蓮,所以沒有把地分給利未人,但給他們城邑居住,並城邑的郊野,可以牧養他們的牲畜,安置他們的財物。
5 Enti, asase no mu kyekyɛ no, wɔgyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.
耶和華怎樣吩咐摩西,以色列人就照樣行,把地分了。
6 Wɔtuu asomafoɔ firi Yuda abusuakuo mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn onipa, a ɛfa me ne wo ho wɔ ɛberɛ a na yɛwɔ Kades-Barnea no.
那時,猶大人來到吉甲見約書亞,有基尼洗族耶孚尼的兒子迦勒對約書亞說:「耶和華在加低斯‧巴尼亞指着我與你對神人摩西所說的話,你都知道了。
7 Ɛberɛ a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no somaa me firi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfeɛ aduanan. Mesane mʼakyi na mefiri akoma pa mu bɛkaa deɛ mehunuiɛ nyinaa,
耶和華的僕人摩西從加低斯‧巴尼亞打發我窺探這地,那時我正四十歲;我按着心意回報他。
8 nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔɔ no, hunahunaa nnipa no, tuu wɔn aba mu sɛ wɔnntu wɔn nan nnsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu deɛ, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Onyankopɔn akyi.
然而,同我上去的眾弟兄使百姓的心消化;但我專心跟從耶和華-我的上帝。
9 Enti saa ɛda no, Mose hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Kanaan asase a wokɔnantee so yi bɛyɛ wo ne wʼasefoɔ agyapadeɛ sononko daa nyinaa, ɛfiri sɛ, wofiri wʼakoma nyinaa mu adi Awurade, me Onyankopɔn akyi.’
當日摩西起誓說:『你腳所踏之地定要歸你和你的子孫永遠為業,因為你專心跟從耶和華-我的上帝。』
10 “Afei, sɛdeɛ wohunu yi, Awurade ahwɛ me so yie mfeɛ aduanan enum firi ɛberɛ a Mose hyɛɛ saa bɔ yi wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nenam ɛserɛ so no. Ɛnnɛ madi mfeɛ aduɔwɔtwe enum.
自從耶和華對摩西說這話的時候,耶和華照他所應許的使我存活這四十五年;其間以色列人在曠野行走。看哪,現今我八十五歲了,
11 Me ho yɛ den ɛnnɛ te sɛ ɛda a Mose somaa me no na mɛtumi atu kwan akɔ ɔko ano seesei te sɛ kane no.
我還是強壯,像摩西打發我去的那天一樣;無論是爭戰,是出入,我的力量那時如何,現在還是如何。
12 Enti merebisa na wode bepɔ asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafoɔ no, yɛhunuu sɛ Anakfoɔ tete nkuropɔn akɛseɛ a wato ɔfasuo afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afiri asase no so sɛdeɛ Awurade kaa no.”
求你將耶和華那日應許我的這山地給我;那裏有亞衲族人,並寬大堅固的城,你也曾聽見了。或者耶和華照他所應許的與我同在,我就把他們趕出去。」
13 Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapadeɛ.
於是約書亞為耶孚尼的兒子迦勒祝福,將希伯崙給他為業。
14 Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefoɔ dea, ɛfiri sɛ ɔde nʼakoma nyinaa dii Awurade Israel Onyankopɔn akyi.
所以希伯崙作了基尼洗族耶孚尼的兒子迦勒的產業,直到今日,因為他專心跟從耶和華-以色列的上帝。
15 (Kane no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfoɔ mu okunini kɛseɛ pa ara bi.) Na akokoakoko firii asase no so.
希伯崙從前名叫基列‧亞巴;亞巴是亞衲族中最尊大的人。於是國中太平,沒有爭戰了。

< Yosua 14 >