< Yosua 15 >

1 Asase a wɔde maa mmusua a wɔbom yɛ Yuda abusuakuo no kɔduruu Edom ɛhyeɛ so wɔ anafoɔ fam, na Sin ɛserɛ so na ɛkɔpem. 2 Anafoɔ fam ɛhyeɛ no hyɛɛ aseɛ wɔ Nkyene Ɛpo no mpoano a ɛwɔ anafoɔ fam, 3 tene faa Akrabbim kɔsii Sin ɛserɛ so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafoɔ fam kɔsii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kɔsii Adar, ɛnna ɛdane kɔɔ Karka. 4 Ɛtwaam kɔɔ Asmon kɔduruu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kɔwiee wɔ ɛpo kɛseɛ no mu. Yei ne wɔn anafoɔ fam ɛhyeɛ. 5 Apueeɛ fam ɛhyeɛ no firi Nkyene Ɛpo no kɔduru Asubɔnten Yordan ano. Atifi fam ɛhyeɛ no firi beaeɛ a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Ɛpo no mu, 6 na ɛtwam kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan boɔ no ho. Na Bohan yɛ Ruben babarima. 7 Ɛfiri hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bɔnhwa no mu kɔka Debir, na ɛdane wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a ɛtwam firi Adumim nsianeɛ mu wɔ anafoɔ fam wɔ bɔnhwa no nkyɛn mu. Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no tene kɔsi En-Semes nsuo no ano, na akɔpem En-Rogel. 8 Afei, ɛhyeɛ no fa Hinom babarima bɔnhwa no mu, kɔfa Yebusifoɔ anafoɔ nsianeɛ so, deɛ Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔeɛ fam wɔ bepɔ no apampam, toa so kɔ Hinom bɔnhwa no so kɔsi Refaim bɔnhwa ano wɔ atifi fam. 9 Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no toa so kɔfa bepɔ no apampam kɔ Neftoa asuo no asutire no ho. Ɛfiri hɔ kɔ nkuro a ɛdeda Efron bepɔ so no. Na ɛhima kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.) 10 Ɛhyeɛ no twa fa Baala ho wɔ atɔeɛ fam kɔsi bepɔ Seir so, ɛkɔ ara kɔsi Kesalon kurom wɔ bepɔ Yearim atifi nsianeɛ so, na akɔ fam akɔsi Bet-Semes ne Timna. 11 Ɛhyeɛ no kɔ ara kɔsi bepɔ no nsianeɛ a ɛwɔ Ekron atifi fam, baabi a ɛdane hwɛ Sikron ne Baala bepɔ no. Ɛtra Yabneel na akɔpem Ɛpo Kɛseɛ no. 12 Na atɔeɛ fam ɛhyeɛ no nso ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoanompoano. Yeinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuo no ahyeɛ. 13 Awurade hyɛɛ Yosua sɛ ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no. 14 Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefoɔ no firii hɔ. 15 Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kuro Debir (a kane no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no. 16 Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” 17 Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. 18 Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa firii nʼafunumu so sii fam no, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?” 19 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hyira me bio. Woayɛ adom ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase. 20 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuo no agyapadeɛ. 21 Na Yudafoɔ nkuro a ɛdeda Edom ahyeɛ so wɔ anafoɔ pɛɛ no ne: Kabseel ne Eder ne Yagur, 22 Kina ne Dimona ne Adada, 23 Kedes ne Hasor ne Itnan, 24 Sif ne Telem ne Bealot, 25 Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor), 26 Amam ne Sema ne Molada, 27 Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet, 28 Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia, 29 Baala ne Iim ne Esem, 30 El-Tolad ne Kesil ne Horma, 31 Siklag ne Madmana ne Sansana, 32 Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkuro yi nyinaa ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia dodoɔ yɛ aduonu nkron. 33 Saa nkuro a na ɛwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ no so a wɔde maa Yuda nie: Estaol ne Sora ne Asna. 34 Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam, 35 Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka, 36 Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunan. 37 Deɛ ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad, 38 Dilean ne ne Mispe ne Yokteel, 39 Lakis ne Boskat ne Eglon, 40 Kabon ne Lahmam ne Kitlis, 41 Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunsia. 42 Yeinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan, 43 Yifta ne Asna ne Nesib, 44 Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ nkron. 45 Ekron nkuro ne nkuraaseɛ nyinaa ka Yuda asase ho, 46 ɛfiri Ekron no, ɛhyeɛ no trɛ de kɔ atɔeɛ fam a nkuro a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia ka ho. 47 Saa ara na Asdod nkuro ne ne nkuraaseɛ, Gasa nkuro ne ne nkuraaseɛ kɔsi Misraim asuwa no, de kɔfa Ɛpo Kɛseɛ no mpoano ka ho. 48 Yuda sane nyaa nkuro a ɛdidi so yi a na ɛwɔ nkokoɔ asase so: Samir ne Yatir ne Soko, 49 Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir, 50 Anab ne Estemo ne Anim, 51 Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dubaako. 52 Na saa nkuro yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan, 53 Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka, 54 Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkuro nkron ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia. 55 Nkuro a ɛdidi soɔ yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta, 56 Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa, 57 Kain, Gibea ne Timna, nkuro edu ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia. 58 Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor, 59 Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia. 60 Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkuro mmienu ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia. 61 Ɛserɛ so nkuro no nso ne: Bet-Araba, Midin ne Sekaka, 62 Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia. 63 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yuda abusuakuo no antumi antu wɔn enti, Yebusifoɔ ne Yuda abusuakuo no tenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ.

< Yosua 15 >