< Mateo 18 >

1 Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie no mu? 2 Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini. 3 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, gye sɛ motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu. 4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu. 5 Na mo mu biara a, me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa biara te sɛ yei no, wagye me nso aba ne nkyɛn. 6 “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu. 7 Ewiase nnue wɔ ne suntiduatoɔ ho! Suntiduatoɔ wɔ hɔ deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue. 8 Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wɔde wo onipa mu bɛto ogyatannaa mu. (aiōnios g166) 9 Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu egya mu. (Geenna g1067) 10 “Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfoɔ wɔ mʼagya nkyɛn daa. 11 Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa. 12 “Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no? 13 Na sɛ ɛba sɛ ɔhunu saa odwan no a, nʼani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔwɔ efie no. 14 Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera. 15 “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka deɛ ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ ɔtie deɛ woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua. 16 Na sɛ wantie nso a, sane fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na deɛ ɛbɛsi biara no, nnipa baanu anaa baasa adi ho adanseɛ. 17 Sɛ wantie wo a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu. 18 “Mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasane wɔ asase so no, wɔasane wɔ ɔsoro. 19 “Meresane aka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi na wɔde nokorɛ bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn. 20 Na deɛ baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.” 21 Petro baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn nson anaa?” 22 Yesu buaa no sɛ, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahodoɔ nson! 23 “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta. 24 Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem edu brɛɛ no. 25 Esiane sɛ na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no enti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no. 26 “Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hunu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa.’ 27 Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no. 28 “Saa ɔpaani yi firi hɔ no, ɔkɔhunuu ne nwurakwaa no mu bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Ɔtim no amene sɛ ɔntua no ɛka a ɔde no no wɔ ɛhɔ ara. 29 “Na nʼawurakwaa no koto, paa no kyɛw sɛ ɔnto ne bo ase mma no, na ɔbɛtua ka no. 30 “Nanso ɔno deɛ, wampene. Ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase sɛ gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no. 31 Ɔkafoɔ yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no. 32 “Ɔhene no teeɛ no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Onipa bɔne ne otirimuɔdenfoɔ! Wosrɛɛ me no, mede ɛka kɛseɛ a wode me no nyinaa kyɛɛ wo; 33 ɛnsɛ wo sɛ wo nso wohunu wo yɔnko mmɔbɔ sɛdeɛ mehunu wo mmɔbɔ no anaa?’ 34 Ɔhene no de abufuo maa wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kaa sɛ, gye sɛ watua ɛka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no. 35 “Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”

< Mateo 18 >