< Mateo 16 >

1 Ɛda koro bi, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛeɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn. 2 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monim ewiem nsakraeɛ ho nkyerɛaseɛ. Sɛ owia rekɔtɔ, na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ɔkyena ewiem bɛte. 3 Sɛ ɛduru anɔpa na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ewiem rente da mu no nyinaa. Nanso, montumi nkyerɛ mmerɛ mu nsɛnkyerɛnneɛ no ase. 4 Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ. 5 Asuafoɔ no tware kɔɔ asuogya nohoa no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduane. 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.” 7 Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa. 8 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane? 9 Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri burodo enum a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no? 10 Mo werɛ asane afiri burodo nson a mede maa nnipa mpemnan ne deɛ ɛkaeɛ no? 11 Adɛn enti na modwene sɛ aduane ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresane aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.’” 12 Afei, asuafoɔ no tee deɛ ɔkaeɛ no ase sɛ, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka. 13 Ɛberɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hwan?” 14 Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni. Ebinom nso se Elia. Afoforɔ nso se wone Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.” 15 Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ “Na mo nso, mose mene hwan?” 16 Simon Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba no!” 17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn ahyira wo, Yona ba Simon. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ onipa na ɔyii yei kyerɛɛ wo, na mmom, mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no. 18 Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo bɛsie, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da. (Hadēs g86) 19 Mede Ɔsoro Ahennie no nsafoa bɛma wo, na ɛpono biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɛpono biara a wobɛbue wɔ asase so no, wɔbɛbue wɔ ɔsoro!” 20 Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no. 21 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa kɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amaneɛ a ɛbɛto no wɔ hɔ wɔ Yudafoɔ mpanin, asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyane no ho asɛm pefee kyerɛɛ nʼasuafoɔ no. 22 Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!” 23 Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.” 24 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi. 25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne ɔkra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me enti, ne ɔkra bɛfiri ne nsa no, ne nsa bɛsane aka. 26 Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne ɔkra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na onipa bɛtumi de asi ne ɔkra ananmu? 27 Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɛeɛ ho atɛn. 28 “Nokorɛ mese mo sɛ: Mo mu bi renwu kɔsi sɛ mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahennie mu.”

< Mateo 16 >