< Luka 22 >

1 Afei, na Yudafoɔ Apiti Afahyɛ a wɔsane frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn.
Afei, na Yudafo Apiti Afahyɛ a wɔsan frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn.
2 Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro.
Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro.
3 Ɔbonsam kɔwuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no mu.
Satan kowuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu.
4 Yuda kɔɔ asɔfoɔ mpanin ne Asɔredan no mu awɛmfoɔ mpanin nkyɛn ne wɔn kɔsusuu ɛkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho.
Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho.
5 Wɔn ani gyeeɛ, penee so sɛ wɔbɛma no sika.
Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika.
6 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ ɛkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu ɛberɛ a nnipa dodoɔ biara nni ne ho.
Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a nnipa dodow biara nni ne ho.
7 Afei, da a wɔkum Twam Afahyɛ odwan de di burodo a mmɔreka nni mu no duruiɛ no,
Afei, da a wokum twam guan de di brodo a mmɔkaw nni mu no duu no,
8 Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduane a yɛbɛdi no.”
Yesu somaa Petro ne Yohane se, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduan a yebedi no.”
9 Wɔbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduane no?”
Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?”
10 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ moduru kuro no mu a, mobɛhunu obi a wakɔ asuo reba. Monni nʼakyi nkɔ efie a ɔbɛkɔ mu no mu
Obuaa wɔn se, “Sɛ mudu kurow no mu a, mubehu obi a wakɔ asu reba. Munni nʼakyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu,
11 na mommisa efiewura no sɛ, ‘Yɛn ɔkyerɛkyerɛfoɔ se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafoɔ no sɛ wɔmmɛdi Twam Afahyɛ aduane no?’
na mummisa ofiwura no se, ‘Yɛn kyerɛkyerɛfo se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafo no sɛ wommedi Twam Afahyɛ aduan no?’
12 Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto ɛpono no.”
Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto pon no.”
13 Wɔkɔɔ kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ Yesu kaeɛ no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ Twam Afahyɛ aduane no wɔ hɔ.
Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohuu sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ.
14 Ɛberɛ no duruiɛ no, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔtenatenaa adidipono no ho.
Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa didipon no ho.
15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam Afahyɛ aduane yi, ansa na mahunu amane no akyɛre.
Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam aduan yi, ansa na mahu amane no akyɛ.
16 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa adidie yi akyi no, merenni Twam Afahyɛ aduane yi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”
Mereka akyerɛ mo se, saa adidi yi akyi no, merenni Twam aduan yi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”
17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Monnye na obiara nnom bi.
Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se, “Munnye na obiara nnom bi.
18 Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa yi bi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”
Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛba.”
19 Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede rema mo. Monnye nni. Ɛda biara a mobɛdi saa burodo yi bi no, momfa nkae me.”
Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa brodo yi bi no, momfa nkae me.”
20 Saa ara nso na adidie no akyi no, ɔfaa kuruwa kaa sɛ, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforɔ a wɔnam so bɛgye mo nkwa.
Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa.
21 Nanso, mo a mo ne me te adidiiɛ ha yi mu baako na ɔbɛyi me ama.
Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama.
22 Ɛtwa sɛ Onipa Ba no wu, sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso deɛ ɔbɛyi no ama no deɛ, ɔnnue.”
Etwa sɛ miwu, sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.”
23 Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyi no ama no.
Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea obeyi no ama no.
24 Asuafoɔ no gyee wɔn ho akyinnyeɛ pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no mu.
Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no mu.
25 Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ, “Ewiase deɛ, atumfoɔ hyɛ wɔn a wɔdi wɔn so no so ma wɔn nso a wɔhyɛ wɔn so no nso bu wɔn sɛ wɔn adɛɛfoɔ.
Yesu tee no, ɔkae se, “Amanaman mu atumfo hyɛ wɔn a wodi wɔn so no so ma wɔn nso bu wɔn ho sɛ Adehye.
26 Nanso, mo deɛ, deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na deɛ ɔdi mo so no nso nyɛ mo mu ɔsomfoɔ.
Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo.
27 Merebisa mo sɛ, nnipa baanu yi mu hwan na ɔdi ne yɔnko so, deɛ ɔte adidipono ho anaa deɛ ɔsom deɛ ɔte adidipono no ho no? Nanso, me deɛ, mewɔ mo mu sɛ mo ɔsomfoɔ.
Merebisa mo se, nnipa baanu yi mu hena na odi ne yɔnko so, nea ɔte didipon ho anaa nea ɔsom nea ɔte didipon no ho no? Nanso me de, mewɔ mo mu sɛ mo somfo.
28 Me ne mo na afa ɔhaw ne amaneɛ mu a, moda so ne me nam.
Me ne mo na afa ɔhaw ne amane mu a, moda so ne me nam.
29 Mʼagya de Ahennie no ama me. Saa ara nso na mede rema mo.
Mʼagya de ahenni no ama me. Saa ara nso na mede rema mo.
30 Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.”
Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”
31 Afei, Awurade kaa sɛ, “Simon, Simon! Monhwɛ yie na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ.
Afei Awurade kae se, “Simon, Simon! Monhwɛ yiye na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ.
32 Nanso, wo Simon deɛ, masrɛ ama wo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wonu wo ho sane ba me nkyɛn a, hyɛ wo nuanom no gyidie mu den.”
Nanso wo Simon de, masrɛ ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wunu wo ho san ba me nkyɛn a hyɛ wo nuanom no gyidi mu den.”
33 Petro buaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bɛwu.”
Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.”
34 Yesu nso buaa no sɛ, “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
Yesu nso buaa no se, “Petro, mereka akyerɛ wo se, nnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
35 Afei, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a mesomaa mo a na monkura sikabɔtɔ anaa akwantubɔtɔ na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa?” Asuafoɔ no buaa no sɛ, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”
Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Bere a mesomaa mo a na munkura sika nkotoku anaa akwantu kotoku na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo ana?” Asuafo no buaa no se, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”
36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika no, ɔmfa; deɛ ɔwɔ akwantubɔtɔ no nso, ɔmfa. Deɛ ɔnni akofena no ntɔn ne ntoma mfa nkɔtɔ bi.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, nea ɔwɔ sika no, ɔmfa; nea ɔwɔ akwantu kotoku no nso, ɔmfa. Nea onni afoa no ntɔn ne ntama mfa nkɔtɔ bi.
37 Na berɛ aduru sɛ, nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfoɔ mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
Na bere adu sɛ nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
38 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, yɛwɔ akofena mmienu wɔ ha.” Yesu buaeɛ sɛ, “Ɛyɛ, ɛno ara dɔɔso.”
Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ afoa abien wɔ ha.” Yesu buae se, “Eye, ɛno ara dɔɔso.”
39 Yesu ne nʼasuafoɔ no firii kuro no mu kɔɔ Ngo Bepɔ no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na nʼasuafoɔ no ka ne ho.
Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho.
40 Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”
Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”
41 Afei, ɔtwee ne ho firii asuafoɔ no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotoeɛ, bɔɔ mpaeɛ sɛ,
Afei ɔtwee ne ho fii asuafo no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotow, bɔɔ mpae se,
42 “Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ”
“Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ”
43 Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛhyɛɛ no den.
Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi ɔsoro bɛhyɛɛ no den.
44 Esiane sɛ na Yesu ho yera no wɔ Honhom mu no enti, ɔmaa ne mpaeɛbɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa sosɔ guu fam.
Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔ guu fam.
45 Mpaeɛbɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhoɔ ne ɔbrɛ enti, wɔadeda.
Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda.
46 Ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”
Ɔkae se, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”
47 Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako di wɔn anim, baa ne so. Yuda Iskariot twe bɛn Yesu yɛɛ no atuu.
Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim baa ne so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu few nʼafono.
48 Yesu bisaa no sɛ, “Yuda, ɔdɔ nsɛnkyerɛnneɛ yi so na wonam reyi Onipa Ba no ama?”
Yesu bisaa no se, “Yuda, mfewano na wode reyi Onipa Ba no ama ana?”
49 Ɛberɛ a asuafoɔ a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛreba no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, yɛntwitwa wɔn akofena anaa?”
Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn afoa ana?”
50 Asuafoɔ no mu baako twaa Ɔsɔfopanin no ɔsomfoɔ no aso nifa.
Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa.
51 Yesu ampɛ deɛ osuani no yɛeɛ no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyae deɛ mopɛ sɛ moyɛ no.” Ɔfaa ɔsomfoɔ no aso no de taree hɔ bio.
Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnyɛ eyi bi bio!” Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree hɔ bio.
52 Yesu bisaa asɔfoɔ mpanin ne asɔredan sohwɛfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ a wɔbaa ne so no sɛ, “Meyɛ odwotwafoɔ na mode akofena ne nkontimmaa aba me so?
Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so yi?
53 Ɛberɛ a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankye me; afei na mo berɛ aso a ɔbonsam nam ne tumi so reyɛ adwuma ampa.”
Bere a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankyere me; eyi ne mo bere; nea sum di mu tumi.”
54 Afei, wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanin efie. Ɛberɛ a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi.
Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi.
55 Petro duruu Ɔsɔfopanin no efie hɔ no, na asraafoɔ no asɔ ogya wɔ adihɔ hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi.
Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi.
56 Abaayewa bi hunuu Petro sɛ ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifoɔ no mu baako.”
Abaawa bi huu Petro sɛ ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.”
57 Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.”
Petro san se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.”
58 Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.” Petro buaa no sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”
Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.” Petro buaa no se, “Dabi, menka wɔn ho.”
59 Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
60 Petro sanee ne mprɛnsa so sɛ, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔneeɛ.
Petro san ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee.
61 Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no,
Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no,
62 Petro de awerɛhoɔ firii adi kɔsuiɛ.
Petro de awerɛhow fii adi kosui.
63 Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no,
Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no,
64 sane bisaa no sɛ, “Odiyifoɔ, hwan na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.”
san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.”
65 Wɔkɔɔ so yeyaa no kaa abususɛm ahodoɔ guu ne so.
Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so.
66 Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hyiaeɛ maa wɔde Yesu baa wɔn anim
Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hyia ma wɔde Yesu baa wɔn anim
67 bisaa no sɛ, “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ meka sɛ mene Kristo no a, morennye nni,
bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa wɔn se, “Sɛ meka se mene Kristo no a, morennye nni,
68 na sɛ mebisa mo nso a, moremmua me.
na sɛ mibisa mo nso a, moremmua me.
69 Na ɛfiri saa ɛberɛ yi mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Otumfoɔ no nifa so.”
Na efi saa bere yi mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Tumfo no nifa so.”
70 Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa bisaa no bio sɛ, “Ɛnneɛ na wone Onyankopɔn Ba no anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Deɛ moreka no yɛ nokorɛ.”
Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?” Obuaa wɔn se, “Nea moreka no yɛ nokware.”
71 Yei ma wɔkaa sɛ, “Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Yɛate afiri ɔno ankasa anom.”
Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.”

< Luka 22 >