< Luka 22 >

1 Afei, na Yudafoɔ Apiti Afahyɛ a wɔsane frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn. 2 Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro. 3 Ɔbonsam kɔwuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no mu. 4 Yuda kɔɔ asɔfoɔ mpanin ne Asɔredan no mu awɛmfoɔ mpanin nkyɛn ne wɔn kɔsusuu ɛkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. 5 Wɔn ani gyeeɛ, penee so sɛ wɔbɛma no sika. 6 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ ɛkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu ɛberɛ a nnipa dodoɔ biara nni ne ho. 7 Afei, da a wɔkum Twam Afahyɛ odwan de di burodo a mmɔreka nni mu no duruiɛ no, 8 Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduane a yɛbɛdi no.” 9 Wɔbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduane no?” 10 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ moduru kuro no mu a, mobɛhunu obi a wakɔ asuo reba. Monni nʼakyi nkɔ efie a ɔbɛkɔ mu no mu 11 na mommisa efiewura no sɛ, ‘Yɛn ɔkyerɛkyerɛfoɔ se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafoɔ no sɛ wɔmmɛdi Twam Afahyɛ aduane no?’ 12 Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto ɛpono no.” 13 Wɔkɔɔ kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ Yesu kaeɛ no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ Twam Afahyɛ aduane no wɔ hɔ. 14 Ɛberɛ no duruiɛ no, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔtenatenaa adidipono no ho. 15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam Afahyɛ aduane yi, ansa na mahunu amane no akyɛre. 16 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa adidie yi akyi no, merenni Twam Afahyɛ aduane yi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.” 17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Monnye na obiara nnom bi. 18 Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa yi bi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.” 19 Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede rema mo. Monnye nni. Ɛda biara a mobɛdi saa burodo yi bi no, momfa nkae me.” 20 Saa ara nso na adidie no akyi no, ɔfaa kuruwa kaa sɛ, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforɔ a wɔnam so bɛgye mo nkwa. 21 Nanso, mo a mo ne me te adidiiɛ ha yi mu baako na ɔbɛyi me ama. 22 Ɛtwa sɛ Onipa Ba no wu, sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso deɛ ɔbɛyi no ama no deɛ, ɔnnue.” 23 Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyi no ama no. 24 Asuafoɔ no gyee wɔn ho akyinnyeɛ pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no mu. 25 Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ, “Ewiase deɛ, atumfoɔ hyɛ wɔn a wɔdi wɔn so no so ma wɔn nso a wɔhyɛ wɔn so no nso bu wɔn sɛ wɔn adɛɛfoɔ. 26 Nanso, mo deɛ, deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na deɛ ɔdi mo so no nso nyɛ mo mu ɔsomfoɔ. 27 Merebisa mo sɛ, nnipa baanu yi mu hwan na ɔdi ne yɔnko so, deɛ ɔte adidipono ho anaa deɛ ɔsom deɛ ɔte adidipono no ho no? Nanso, me deɛ, mewɔ mo mu sɛ mo ɔsomfoɔ. 28 Me ne mo na afa ɔhaw ne amaneɛ mu a, moda so ne me nam. 29 Mʼagya de Ahennie no ama me. Saa ara nso na mede rema mo. 30 Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.” 31 Afei, Awurade kaa sɛ, “Simon, Simon! Monhwɛ yie na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ. 32 Nanso, wo Simon deɛ, masrɛ ama wo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wonu wo ho sane ba me nkyɛn a, hyɛ wo nuanom no gyidie mu den.” 33 Petro buaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bɛwu.” 34 Yesu nso buaa no sɛ, “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.” 35 Afei, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a mesomaa mo a na monkura sikabɔtɔ anaa akwantubɔtɔ na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa?” Asuafoɔ no buaa no sɛ, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.” 36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika no, ɔmfa; deɛ ɔwɔ akwantubɔtɔ no nso, ɔmfa. Deɛ ɔnni akofena no ntɔn ne ntoma mfa nkɔtɔ bi. 37 Na berɛ aduru sɛ, nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfoɔ mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.” 38 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, yɛwɔ akofena mmienu wɔ ha.” Yesu buaeɛ sɛ, “Ɛyɛ, ɛno ara dɔɔso.” 39 Yesu ne nʼasuafoɔ no firii kuro no mu kɔɔ Ngo Bepɔ no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na nʼasuafoɔ no ka ne ho. 40 Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.” 41 Afei, ɔtwee ne ho firii asuafoɔ no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotoeɛ, bɔɔ mpaeɛ sɛ, 42 “Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ” 43 Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛhyɛɛ no den. 44 Esiane sɛ na Yesu ho yera no wɔ Honhom mu no enti, ɔmaa ne mpaeɛbɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa sosɔ guu fam. 45 Mpaeɛbɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhoɔ ne ɔbrɛ enti, wɔadeda. 46 Ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.” 47 Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako di wɔn anim, baa ne so. Yuda Iskariot twe bɛn Yesu yɛɛ no atuu. 48 Yesu bisaa no sɛ, “Yuda, ɔdɔ nsɛnkyerɛnneɛ yi so na wonam reyi Onipa Ba no ama?” 49 Ɛberɛ a asuafoɔ a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛreba no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, yɛntwitwa wɔn akofena anaa?” 50 Asuafoɔ no mu baako twaa Ɔsɔfopanin no ɔsomfoɔ no aso nifa. 51 Yesu ampɛ deɛ osuani no yɛeɛ no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyae deɛ mopɛ sɛ moyɛ no.” Ɔfaa ɔsomfoɔ no aso no de taree hɔ bio. 52 Yesu bisaa asɔfoɔ mpanin ne asɔredan sohwɛfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ a wɔbaa ne so no sɛ, “Meyɛ odwotwafoɔ na mode akofena ne nkontimmaa aba me so? 53 Ɛberɛ a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankye me; afei na mo berɛ aso a ɔbonsam nam ne tumi so reyɛ adwuma ampa.” 54 Afei, wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanin efie. Ɛberɛ a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. 55 Petro duruu Ɔsɔfopanin no efie hɔ no, na asraafoɔ no asɔ ogya wɔ adihɔ hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56 Abaayewa bi hunuu Petro sɛ ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifoɔ no mu baako.” 57 Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.” 58 Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.” Petro buaa no sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.” 59 Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.” 60 Petro sanee ne mprɛnsa so sɛ, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔneeɛ. 61 Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no, 62 Petro de awerɛhoɔ firii adi kɔsuiɛ. 63 Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, 64 sane bisaa no sɛ, “Odiyifoɔ, hwan na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” 65 Wɔkɔɔ so yeyaa no kaa abususɛm ahodoɔ guu ne so. 66 Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hyiaeɛ maa wɔde Yesu baa wɔn anim 67 bisaa no sɛ, “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ meka sɛ mene Kristo no a, morennye nni, 68 na sɛ mebisa mo nso a, moremmua me. 69 Na ɛfiri saa ɛberɛ yi mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Otumfoɔ no nifa so.” 70 Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa bisaa no bio sɛ, “Ɛnneɛ na wone Onyankopɔn Ba no anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Deɛ moreka no yɛ nokorɛ.” 71 Yei ma wɔkaa sɛ, “Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Yɛate afiri ɔno ankasa anom.”

< Luka 22 >