< Luka 19 >

1 Ɛda bi a na Yesu retwam wɔ Yeriko no, 2 ɔhunuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtogyeni panin sane yɛ osikani nso. 3 Ɛberɛ a Yesu retwam no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ɔhunu no, nanso ɛsiane sɛ na ɔyɛ onipa tiawa na wɔn a wɔdi Yesu akyi no dɔɔso enti, wanhunu no. 4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako. 5 Ɛberɛ a Yesu duruu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so hunuu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam, na wo fie na ɛnnɛ mɛtena.” 6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so. 7 Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no.” 8 Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.” 9 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba. 10 Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.” 11 Ɛberɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn. 12 Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene. 13 Ansa na ɔrebɛfiri nʼakwantuo no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ mu edu maa wɔn mu biara minaedu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma kɔsi sɛ mɛba.’ 14 “Kurom hɔfoɔ no tee nʼahennie no ho asɛm no, wɔtuu nnipa kɔhunuu mpanimfoɔ no sɛ wɔmpɛ no. 15 “Nanso, wɔsii no ɔhene ma ɔsane kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no. Ɔduruiɛ no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ edu no sɛ, wɔmmɛbu sika a ɔde maa wɔn no ho nkonta nkyerɛ no. 16 “Odwumayɛfoɔ a ɔdii ɛkan baeɛ no bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho edu.’ 17 “Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa, ɛsiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokorɛ enti, mede nkuro edu bɛhyɛ wʼase na woadi so.’ 18 “Odwumayɛfoɔ a ɔtɔ so mmienu no baeɛ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho enum.’ 19 “Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mede nkuro enum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’ 20 “Ɔfoforɔ nso bɛkaa sɛ, ‘Me wura wo sika mina edu a wode maa me no, mede sieeɛ, ɛno nie. 21 Na mesuro wo, ɛfiri sɛ, wo ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ wo dea no, wogye; deɛ wunnuaeɛ nso, wotwa.’ 22 “Ne wura no buaa no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na megyina abu wo atɛn. Wonim sɛ me ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ me dea no megye; deɛ mennuaeɛ no, metwa. 23 Adɛn enti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebaeɛ yi mɛnya ho nsiho.’ 24 “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a na wɔgyina hɔ no sɛ ‘Monnye sika no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔde ne deɛ yɛɛ adwuma nyaa mmɔho edu no.’ 25 “Asomfoɔ no kaa sɛ, ‘Yɛn wura, sɛ yei deɛ ɔwɔ sika bebree!’ 26 “Owura no kaa sɛ, ‘Merema mo ate aseɛ sɛ, deɛ ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na deɛ ɔwɔ kakra bi no, deɛ ɔwɔ mpo no, wɔbɛgye afiri ne nsam. 27 Na afei, momfa mʼatamfoɔ a anka wɔmpɛ sɛ medi adeɛ no mmra mʼanim ha na monkum wɔn!’” 28 Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔdii nʼasuafoɔ no ɛkan kɔɔ Yerusalem. 29 Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔ so no, ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 30 “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na moduru hɔ a, mobɛhunu afunumu ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsane no mfa no mmrɛ me. 31 Sɛ obi bisa sɛ, ‘Adɛn enti na moresane no’ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ne ho hia Awurade.’” 32 Asuafoɔ baanu a wɔkɔeɛ no kɔhunuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. 33 Ɛberɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane aboa no?” 34 Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.” 35 Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so ma ɔtenaa ne so. 36 Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so. 37 Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho sɛ, 38 “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!” 39 Farisifoɔ no bi a na wɔfra nnipakuo no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ wʼakyidifoɔ no na wɔmmua wɔn ano!” 40 Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ wɔmua wɔn ano koraa a, aboɔ mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.” 41 Yesu rebɛn Yerusalem a ɔhunuu kuro no no, ɔsu maa emu nnipa no sɛ, 42 “Mo a anka asomdwoeɛ yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri kwan, nanso mo nsa renka da! 43 Nna bi bɛba a mo atamfoɔ bɛba abɛtoa mo, aka mo ahyɛ, 44 atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kuro yi pasaa, ɛfiri sɛ, moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.” 45 Yesu duruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpamoo nnipa a na wɔredi edwa wɔ hɔ no kaa sɛ, 46 “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Mʼasɔredan yɛ mpaeɛbɔbea; nanso mode ayɛ akorɔmfoɔ ahyiaeɛ!’” 47 Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ mpanimfoɔ, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ rehwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so anya no, akyere no, akum no. 48 Nanso, na wɔnhunu ɛkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ nyinaa na nnipa akyere ne so retie no.

< Luka 19 >