< Marko 1 >

1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no, ahyɛaseɛ nie. 2 Wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ, “Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.” 3 “Nne bi reteam firi ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade, mommɔ akwan a ɛtene mma no.’” 4 Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. 5 Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 6 Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ. 7 Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa ahoma mpo, mensɛ sɛ mekoto mesane. 8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!” 9 Ɛda bi, Yesu firii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 10 Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu, 11 ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.” 12 Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ ɛserɛ so. 13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no. 14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. 15 Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!” 16 Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau. 17 Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ.” 18 Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi. 19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte kodoɔ mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. 20 Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi. 21 Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. 22 Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no. 23 Amonom hɔ ara, ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teaam mu sɛ, 24 “Ɛdeɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no!” 25 Yesu teateaa honhommɔne no sɛ, “Mua wʼano! Firi ne mu kɔ!” 26 Honhommɔne no wosoo saa ɔbarima no, ma ɔteateaam den na ɛtu kɔeɛ. 27 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Nkyerɛkyerɛ foforɔ bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!” 28 Saa anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi ho nsɛm trɛ faa Galileaman mu nyinaa. 29 Wɔfirii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea efie. 30 Na Simon ase baa ɛda mpa so a huraeɛ akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31 Yesu kɔɔ baabi a ɔda hɔ, kɔsɔɔ ne nsa, ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn. 32 Ɛduruu anwummerɛ no, nnipa no de ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ. 33 Kuro mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ efie no aboboano, 34 na Yesu saa ayarefoɔ bebree yadeɛ. Ɔtuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, ɛfiri sɛ, na wɔnim no. 35 Ahemadakye a na ɛnim nteteeɛ no, Yesu sɔre firii efie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ. 36 Simon ne wɔn a wɔka ne ho firii adi kɔhwehwɛɛ no, 37 na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.” 38 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkuro a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɛno enti na mebaeɛ.” 39 Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso. 40 Ɔkwatani bi bɛkotoo no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wobɛtumi ama me ho ate.” 41 Yesu hunuu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mepɛ! Wo ho mfi!” 42 Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ, maa ne ho tɔɔ no! 43 Yesu bɔɔ nʼano dendeenden sɛ, 44 “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. Sɛ worekɔ a, fa wʼafɔrebɔdeɛ a Mose ahyɛ sɛ akwatafoɔ a wɔasa wɔn yadeɛ mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ, sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho atɔ wo bio.” 45 Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Esiane yei enti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno enti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.

< Marko 1 >