< 3 Mose 5 >

1 “‘Obiara a ɔnka bɔne bi a ɔnim ho biribi ho hwee no di ho fɔ.
If a soule synneth, and hereth the vois of a swerere, and is witnesse, `for ether he siy, ether `is witynge, if he schewith not, he schal bere his synne.
2 “‘Obiara a ɔde ne nsa ka adeɛ bi a amanneɛ kwan so, ɛho nte, te sɛ aboa bi a ne ho nteɛ no funu, sɛ ɔyɛ wiram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea fam no, mpo sɛ wɔnnim sɛ wɔn ho agu fi a, wɔbɛfa no sɛ wɔn ho nte na wɔdi fɔ.
A persone that touchith ony vnclene thing, ether which is slayn of a beeste, ether is deed bi it silf, ether touchith ony other crepynge beeste, and foryetith his vnclennesse, he is gilti, and trespassith.
3 Sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a ɛfiri onipa mu a ɛho nte na ɔte ne ho ase sɛ wayɛ saa adeɛ no a, ɔdi ho fɔ.
And if he touchith ony thing of the vnclennesse of man, bi al the vnclennesse bi which he is wont to be defoulid, and he foryetith, and knowith afterward, he schal be suget to trespas.
4 Sɛ obi ka ntam a, sɛ ntam no yɛ anaa ɛyɛ ntanhunu no, sɛ ɔhunu sɛ ɛyɛ ntanhunu a, ɔdi ho fɔ.
A soule that swerith, and bryngith forth with hise lippis, that it schulde do ether yuel, ether wel, and doith not, and confermeth the same thing with an ooth, ethir with a word, and foryetith, and aftirward vndirstondith his trespas, do it penaunce for synne,
5 Sɛ obi di yeinom bi ho fɔ a, ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne no mu nokorɛ
and offre it of the flockis a femal lomb, ethir a goet;
6 na ɔde odwanbereɛ anaa abirekyibereɛ bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔsɔfoɔ na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔdeɛ ama no. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.
and the preest schal preie for hym, and for his synne.
7 “‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔdeɛ na ɔbaako ayɛ ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ.
But if he may not offre a beeste, offre he twei turtlis, ethir `briddis of culuers to the Lord, oon for synne, and the tother in to brent sacrifice.
8 Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no na ɔde anomaa a ɔdi ɛkan no abɔ bɔne afɔdeɛ no. Ɔbɛkyinsa aboa no kɔn nanso ɔrente ne ti mfiri so,
And he schal yyue tho to the preest, which schal offre the firste for synne, and schal folde ayen the heed therof to the wengis, so that it cleue to the necke, and be not `brokyn outirli.
9 na wapete ne mogya no bi agu afɔrebukyia no ho. Mogya no nkaeɛ no, ɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase. Yei ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne.
And the preest schal sprynge the wal of the auter, of the blood therof; sotheli what euer `is residue, he schal make to droppe doun at the `foundement of the auter, for it is for synne.
10 Ɔde anomaa a ɔtɔ so mmienu no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ ɔbɔɔ afɔdeɛ a ɛdi ɛkan no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama deɛ wayɛ bɔne no, na ɛnam so ma wɔde ne bɔne akyɛ no.
Sotheli he schal brenne the tother brid in to brent sacrifice, as it is wont to be doon; and the preest schal preie for hym, and for his synne, and it schal be foryouun to hym.
11 “‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ a, ɔde asikyiresiam papa lita mmienu ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhwam nso gu so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ bɔne afɔdeɛ.
That if his hond mai not offre twei turtlis, ethir twei `briddis of culueris, he schal offre for his synne the tenthe part of ephi of wheete flour; he schal not putte oile `in to it, nether he schal putte ony thing of encense, for it is for synne.
12 Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no asa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no afɔrebukyia no so ama Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ biara. Yei bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ.
And he schal yyue it to the preest, which preest schal take vp an handful therof, and schal brenne on the auter, in to mynde of hym that offeride,
13 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikyiresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no te sɛ afudeɛ afɔrebɔdeɛ no ara pɛ.’”
and the preest schal preie for hym, and schal clense; forsothe he schal have the tother part in yifte.
14 Awurade hyɛɛ mmara maa Mose sɛ,
And the Lord spak to Moises,
15 “Sɛ obi anhyɛ da na ɔgu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpatadeɛ wɔ ne fɔ no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔdeɛ.
and seide, If a soule brekith cerymonyes bi errour, and synneth in these thingis that ben halewid to the Lord, it schal offre for his trespas a ram without wem of the flockis, that may be bouyt for twey siclis, bi the weiyte of the seyntuarie.
16 Ade kronkron a onipa no guu ho fi no nso, ɔde foforɔ bɛsi anan na watua dekodeɛ no boɔ ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfoɔ na ɔde odwennini no abɔ bɔne afɔdeɛ no na wɔde ne bɔne akyɛ no.
And he schal restore that harm that he dide, and he schal putte the fyuethe part aboue, and schal yyue to the preest, which preest schal preye for hym, and offre the ram, and it schal be foryouun to hym.
17 “Sɛ obi anhyɛ da na ɔbu Awurade mmara no bi so a, ɔdi fɔ enti ɛsɛ sɛ ɔtua afɔbudeɛ a Mose bɛhyɛ no.
A soule that synneth bi ignoraunce, and doith oon of these thingis that ben forbodun in the lawe of the Lord, and is gilti of synne, and vndirstondith his wickidnesse,
18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a ɔnni dɛm brɛ ɔsɔfoɔ sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no de ayɛ mpatadeɛ ama no sɛdeɛ bɔne biara a ɔyɛeɛ a wanhyɛ da no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
it schal offre to the preest a ram without wem of the flockis, bi the mesure of estymacioun of synne; and the preest schal preye for hym, for he dide vnwytynge, and it schal be foryouun to him,
19 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔdeɛ no sɛ afɔdie afɔrebɔ, ɛfiri sɛ, ɔdi fɔ pefee wɔ Awurade anim.”
for by errour he trespasside ayens the Lord.

< 3 Mose 5 >