< Yeremia 39 >

1 Yudahene Sedekia dii adeɛ no, ne mfeɛ nkron mu bosome edu so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa, wɔtua kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ.
In the ninth year of Zedekiah king of Judah, in the tenth month, Nebuchadnezzar king of Babylon and all his army came against Jerusalem, and besieged it.
2 Sedekia adedie afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so ɛnan no da a ɛtɔ so nkron no, wɔbubuu kuropɔn no afasuo.
In the eleventh year of Zedekiah, in the fourth month, the ninth day of the month, a breach was made in the city.
3 Na Babiloniahene adwumayɛfoɔ no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Ɛpono hɔ: Nergal-Sareser a ɔfiri Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire, ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a aka no nyinaa.
All the princes of the king of Babylon came in, and sat in the middle gate: Nergal Sharezer, Samgarnebo, Sarsechim the Rabsaris, Nergal Sharezer the Rabmag, with all the rest of the princes of the king of Babylon.
4 Ɛberɛ a Yudahene Sedekia ne nʼasraafoɔ nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwaneeɛ, wɔfaa ɔhene turo mu firii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɛpono a ɛwɔ afasuo mmienu no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.
When Zedekiah the king of Judah and all the men of war saw them, then they fled and went out of the city by night, by the way of the king’s garden, through the gate between the two walls; and he went out toward the Arabah.
5 Nanso, Babilonia akodɔm no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tata so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn.
But the army of the Chaldeans pursued them, and overtook Zedekiah in the plains of Jericho. When they had taken him, they brought him up to Nebuchadnezzar king of Babylon to Riblah in the land of Hamath; and he pronounced judgment on him.
6 Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ mmapɔmma nyinaa nso.
Then the king of Babylon killed Zedekiah’s sons in Riblah before his eyes. The king of Babylon also killed all the nobles of Judah.
7 Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia.
Moreover he put out Zedekiah’s eyes and bound him in fetters, to carry him to Babylon.
8 Babiloniafoɔ no de ogya too ahemfie no ne nnipa no afie mu, na wɔdwirii Yerusalem afasuo no.
The Chaldeans burned the king’s house and the people’s houses with fire and broke down the walls of Jerusalem.
9 Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de kuropɔn no mu nkaeɛfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a aka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.
Then Nebuzaradan the captain of the guard carried away captive into Babylon the rest of the people who remained in the city, the deserters also who fell away to him, and the rest of the people who remained.
10 Nanso, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano no gyaa ahiafoɔ wɔnni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa ɛberɛ no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.
But Nebuzaradan the captain of the guard left of the poor of the people, who had nothing, in the land of Judah, and gave them vineyards and fields at the same time.
11 Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho sɛ,
Now Nebuchadnezzar king of Babylon commanded Nebuzaradan the captain of the guard concerning Jeremiah, saying,
12 “Fa no na hwɛ ne so; nha no na deɛ ɔbisa biara no, yɛ ma no.”
“Take him and take care of him. Do him no harm; but do to him even as he tells you.”
13 Enti, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano, Nebusaradan, adwumayɛfoɔ panin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa
So Nebuzaradan the captain of the guard, Nebushazban, Rabsaris, and Nergal Sharezer, Rabmag, and all the chief officers of the king of Babylon
14 soma ma wɔkɔfaa Yeremia firi awɛmfoɔ adihɔ hɔ baeɛ. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne efie. Enti, Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfoɔ mu.
sent and took Jeremiah out of the court of the guard, and committed him to Gedaliah the son of Ahikam, the son of Shaphan, that he should bring him home. So he lived among the people.
15 Ɛberɛ a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn sɛ,
Now Yahweh’s word came to Jeremiah while he was shut up in the court of the guard, saying,
16 “Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek sɛ, ‘Sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me nsɛm a ɛtia kuropɔn yi no mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiedie so ama aba mu. Saa ɛberɛ no ɛbɛba mu wɔ wʼanim.
“Go, and speak to Ebedmelech the Ethiopian, saying, ‘Yahweh of Armies, the God of Israel, says: “Behold, I will bring my words on this city for evil, and not for good; and they will be accomplished before you in that day.
17 Nanso mɛgye wo saa ɛda no, Awurade na ɔseɛ; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wosuro wɔn no nsa.
But I will deliver you in that day,” says Yahweh; “and you will not be given into the hand of the men of whom you are afraid.
18 Mɛgye wo nkwa, na worentɔ wɔ akofena ano na mmom wobɛnya wo tiri adidi mu, ɛfiri sɛ wogye me di, Awurade, na ɔseɛ.’”
For I will surely save you. You won’t fall by the sword, but you will escape with your life, because you have put your trust in me,” says Yahweh.’”

< Yeremia 39 >