< Yeremia 22 >

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Siane kɔ Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi:
Yahweh said, “Go down to the house of the king of Judah, and speak this word there:
2 ‘Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu.
‘Hear Yahweh’s word, king of Judah, who sits on David’s throne—you, your servants, and your people who enter in by these gates.
3 Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha.
Yahweh says: “Execute justice and righteousness, and deliver him who is robbed out of the hand of the oppressor. Do no wrong. Do no violence to the foreigner, the fatherless, or the widow. Don’t shed innocent blood in this place.
4 Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.
For if you do this thing indeed, then kings sitting on David’s throne will enter in by the gates of this house, riding in chariots and on horses—they, their servants, and their people.
5 Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’”
But if you will not hear these words, I swear by myself,” says Yahweh, “that this house will become a desolation.”’”
6 Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie: “Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi, nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam, sɛ nkuro a obiara nte mu.
For Yahweh says concerning the house of the king of Judah: “You are Gilead to me, the head of Lebanon. Yet surely I will make you a wilderness, cities which are not inhabited.
7 Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo, obiara ne nʼakodeɛ, wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu na wɔato agu ogya no mu.
I will prepare destroyers against you, everyone with his weapons, and they will cut down your choice cedars, and cast them into the fire.
8 “Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’
“Many nations will pass by this city, and they will each ask his neighbor, ‘Why has Yahweh done this to this great city?’
9 Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’”
Then they will answer, ‘Because they abandoned the covenant of Yahweh their God, worshiped other gods, and served them.’”
10 Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ; mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.
Don’t weep for the dead. Don’t bemoan him; but weep bitterly for him who goes away, for he will return no more, and not see his native country.
11 Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio.
For Yahweh says touching Shallum the son of Josiah, king of Judah, who reigned instead of Josiah his father, and who went out of this place: “He won’t return there any more.
12 Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.”
But he will die in the place where they have led him captive. He will see this land no more.”
13 “Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie, na ɔde nsisie si nʼabansoro. Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa, na ɔntua wɔn apaadie so ka.
“Woe to him who builds his house by unrighteousness, and his rooms by injustice; who uses his neighbor’s service without wages, and doesn’t give him his hire;
14 Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’ Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu; ɔde ntweneduro dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
who says, ‘I will build myself a wide house and spacious rooms,’ and cuts out windows for himself, with a cedar ceiling, and painted with red.
15 “Wowɔ ntweneduro bebree a na ɛma woyɛ ɔhene anaa? Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa? Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene, enti ɛsii no yie.
“Should you reign because you strive to excel in cedar? Didn’t your father eat and drink, and do justice and righteousness? Then it was well with him.
16 Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yie maa no. Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?” Awurade na ɔseɛ.
He judged the cause of the poor and needy; so then it was well. Wasn’t this to know me?” says Yahweh.
17 “Mo ani ne mo akoma wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so, sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.”
But your eyes and your heart are only for your covetousness, for shedding innocent blood, for oppression, and for doing violence.”
18 Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’ Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’
Therefore Yahweh says concerning Jehoiakim the son of Josiah, king of Judah: “They won’t lament for him, saying, ‘Ah my brother!’ or, ‘Ah sister!’ They won’t lament for him, saying ‘Ah lord!’ or, ‘Ah his glory!’
19 Wɔbɛsie no sɛ afunumu. Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene Yerusalem apono akyi.”
He will be buried with the burial of a donkey, drawn and cast out beyond the gates of Jerusalem.”
20 “Monkɔ Lebanon nkɔ su, momma wɔnte mo nne wɔ Basan; monsu mfiri Abarim, ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa.
“Go up to Lebanon, and cry out. Lift up your voice in Bashan, and cry from Abarim; for all your lovers have been destroyed.
21 Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo, nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’ Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu; woanyɛ ɔsetie amma me.
I spoke to you in your prosperity, but you said, ‘I will not listen.’ This has been your way from your youth, that you didn’t obey my voice.
22 Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ, na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti.
The wind will feed all your shepherds, and your lovers will go into captivity. Surely then you will be ashamed and confounded for all your wickedness.
23 Mo a mote Lebanon, na modeda ntweneduro adan mu, ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.
Inhabitant of Lebanon, who makes your nest in the cedars, how greatly to be pitied you will be when pangs come on you, the pain as of a woman in travail!
24 “Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo.
“As I live,” says Yahweh, “though Coniah the son of Jehoiakim king of Judah were the signet on my right hand, I would still pluck you from there.
25 Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ.
I would give you into the hand of those who seek your life, and into the hand of them of whom you are afraid, even into the hand of Nebuchadnezzar king of Babylon, and into the hand of the Chaldeans.
26 Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu.
I will cast you out with your mother who bore you into another country, where you were not born; and there you will die.
27 Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.”
But to the land to which their soul longs to return, there they will not return.”
28 Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ, adeɛ a obiara mpɛ anaa? Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma, akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?
Is this man Coniah a despised broken vessel? Is he a vessel in which no one delights? Why are they cast out, he and his offspring, and cast into a land which they don’t know?
29 Ao, asase, asase, asase! Tie Awurade asɛm!
O earth, earth, earth, hear Yahweh’s word!
30 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a ɔnni ba, ɔbarima a ɔrennya nkɔsoɔ ne nkwa nna nyinaa na nʼasefoɔ mu biara renya nkɔsoɔ, na wɔn mu biara rentena Dawid ahennwa so na wɔrenni Yuda so ɔhene bio.”
Yahweh says, “Record this man as childless, a man who will not prosper in his days; for no more will a man of his offspring prosper, sitting on David’s throne and ruling in Judah.”

< Yeremia 22 >