< Yeremia 23 >

1 “Nnome nka nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe na wɔhwete me nnwankuo no” Awurade na ɔseɛ.
“Woe to the shepherds who destroy and scatter the sheep of my pasture!” says Yahweh.
2 Ɛno enti yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me nkurɔfoɔ so nie: “Esiane sɛ, moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yie no enti, mede asotwe bɛbrɛ mo wɔ mo bɔne a moayɛ no nti,” deɛ Awurade seɛ nie.
Therefore Yahweh, the God of Israel, says against the shepherds who feed my people: “You have scattered my flock, driven them away, and have not visited them. Behold, I will visit on you the evil of your doings,” says Yahweh.
3 “Me ara ankasa mɛboaboa me nnwan nkaeɛ no afifiri aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛ.
“I will gather the remnant of my flock out of all the countries where I have driven them, and will bring them again to their folds; and they will be fruitful and multiply.
4 Na mɛyi nnwanhwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ɔseɛ.
I will set up shepherds over them who will feed them. They will no longer be afraid or dismayed, neither will any be lacking,” says Yahweh.
5 “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛma tenenee dubaa bi so ama Dawid, ɔhene bi a ɔbɛdi adeɛ nyansa mu na wayɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase yi so.
“Behold, the days come,” says Yahweh, “that I will raise to David a righteous Branch; and he will reign as king and deal wisely, and will execute justice and righteousness in the land.
6 Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwa na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu. Yei ne edin a wɔde bɛfrɛ no: Awurade Yɛn Tenenee.
In his days Judah will be saved, and Israel will dwell safely. This is his name by which he will be called: Yahweh our righteousness.
7 Na afei nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’
“Therefore, behold, the days come,” says Yahweh, “that they will no more say, ‘As Yahweh lives, who brought up the children of Israel out of the land of Egypt;’
8 na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”
but, ‘As Yahweh lives, who brought up and who led the offspring of the house of Israel out of the north country, and from all the countries where I had driven them.’ Then they will dwell in their own land.”
9 Ɛfa adiyifoɔ no ho no: Mʼakoma abubu wɔ me mu; me nnompe nyinaa woso. Mete sɛ ɔsabofoɔ, mete sɛ obi a nsã aboro noɔ, ɛsiane Awurade ne ne nsɛm kronkron no enti.
Concerning the prophets: My heart within me is broken. All my bones shake. I am like a drunken man, and like a man whom wine has overcome, because of Yahweh, and because of his holy words.
10 Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; nnome no enti asase no awo wesee adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye. Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene.
“For the land is full of adulterers; for because of the curse the land mourns. The pastures of the wilderness have dried up. Their course is evil, and their might is not right;
11 “Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn; mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,” Awurade na ɔseɛ.
for both prophet and priest are profane. Yes, in my house I have found their wickedness,” says Yahweh.
12 “Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro; wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase. Mede amanehunu bɛba wɔn so wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” Awurade na ɔseɛ.
Therefore their way will be to them as slippery places in the darkness. They will be driven on, and fall therein; for I will bring evil on them, even the year of their visitation,” says Yahweh.
13 “Samaria adiyifoɔ mu no mehunuu saa atantanneɛ yi: Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm nam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan.
“I have seen folly in the prophets of Samaria. They prophesied by Baal, and caused my people Israel to err.
14 Na Yerusalem adiyifoɔ mu no mahunu adeɛ a ɛyɛ hu: Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden, enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho. Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me; na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.”
In the prophets of Jerusalem I have also seen a horrible thing: they commit adultery and walk in lies. They strengthen the hands of evildoers, so that no one returns from his wickedness. They have all become to me as Sodom, and its inhabitants as Gomorrah.”
15 Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ fa adiyifoɔ no ho: “Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti, abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.”
Therefore Yahweh of Armies says concerning the prophets: “Behold, I will feed them with wormwood, and make them drink poisoned water; for from the prophets of Jerusalem ungodliness has gone out into all the land.”
16 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo; wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ. Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu, a ɛmfiri Awurade anom.
Yahweh of Armies says, “Don’t listen to the words of the prophets who prophesy to you. They teach you vanity. They speak a vision of their own heart, and not out of the mouth of Yahweh.
17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ, ‘Awurade se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’ Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa, wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’
They say continually to those who despise me, ‘Yahweh has said, “You will have peace;”’ and to everyone who walks in the stubbornness of his own heart they say, ‘No evil will come on you.’
18 Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm? Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm?
For who has stood in the council of Yahweh, that he should perceive and hear his word? Who has listened to my word, and heard it?
19 Hwɛ, Awurade ahum bɛtu abufuhyeɛ mu, ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ amumuyɛfoɔ mpampam.
Behold, Yahweh’s storm, his wrath, has gone out. Yes, a whirling storm! It will burst on the head of the wicked.
20 Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte aseɛ yie.
Yahweh’s anger will not return until he has executed and performed the intents of his heart. In the latter days, you will understand it perfectly.
21 Mansoma saa adiyifoɔ yi, nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyini; manto wɔn nkra biara, nanso wɔahyɛ nkɔm.
I didn’t send these prophets, yet they ran. I didn’t speak to them, yet they prophesied.
22 Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a, anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔ na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔne ne wɔn nneyɛɛ bɔne ho.
But if they had stood in my council, then they would have caused my people to hear my words, and would have turned them from their evil way, and from the evil of their doings.
23 “Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mennyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?
“Am I a God at hand,” says Yahweh, “and not a God afar off?
24 Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a merentumi nhunu no anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?” Awurade na ɔseɛ.
Can anyone hide himself in secret places so that I can’t see him?” says Yahweh. “Don’t I fill heaven and earth?” says Yahweh.
25 “Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde medin hyɛ nkɔmtorɔ no keka. Wɔkeka sɛ, ‘Mesoo daeɛ! Mesoo daeɛ!’
“I have heard what the prophets have said, who prophesy lies in my name, saying, ‘I had a dream! I had a dream!’
26 Yei bɛkɔ so akɔsi da bɛn wɔ atorɔ adiyifoɔ yi akoma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm?
How long will this be in the heart of the prophets who prophesy lies, even the prophets of the deceit of their own heart?
27 Wɔdwene sɛ daeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfoɔ werɛ afiri me din, sɛdeɛ Baalsom enti wɔn agyanom werɛ firii me din no.
They intend to cause my people to forget my name by their dreams which they each tell his neighbor, as their fathers forgot my name because of Baal.
28 Ma odiyifoɔ a waso daeɛ no nka nʼadaeso, na ma deɛ ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokorɛm. Na ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?” Awurade na ɔseɛ.
The prophet who has a dream, let him tell a dream; and he who has my word, let him speak my word faithfully. What is the straw to the wheat?” says Yahweh.
29 “Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” Awurade na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa?
“Isn’t my word like fire?” says Yahweh; “and like a hammer that breaks the rock in pieces?
30 “Ɛno nti,” Awurade na ɔseɛ, “mekyi adiyifoɔ a wɔfa nsɛm a ɛfiri wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛdeɛ ɛfiri me nkyɛn no.
“Therefore behold, I am against the prophets,” says Yahweh, “who each steal my words from his neighbor.
31 Aane,” Awurade asɛm nie, “mekyi saa adiyifoɔ a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawoɔ ka sɛ, ‘Awurade na ɔseɛ.’
Behold, I am against the prophets,” says Yahweh, “who use their tongues, and say, ‘He says.’
32 Nokorɛm, mekyi wɔn a wɔhyɛ adaeɛso ho nkɔmtorɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atorɔ nsɛm daadaa me nkurɔfoɔ ma wɔfom ɛkwan, nso mensomaa wɔn na mennyii wɔn. Wɔn ho nni mfasoɔ mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ɔseɛ.
Behold, I am against those who prophesy lying dreams,” says Yahweh, “who tell them, and cause my people to err by their lies, and by their vain boasting; yet I didn’t send them or command them. They don’t profit this people at all,” says Yahweh.
33 “Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa mo sɛ, ‘Ɛdeɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ɔseɛ.’
“When this people, or the prophet, or a priest, asks you, saying, ‘What is the message from Yahweh?’ Then you shall tell them, ‘“What message? I will cast you off,” says Yahweh.’
34 Sɛ odiyifoɔ bi, ɔsɔfoɔ bi anaa obi foforɔ si so dua sɛ, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fiefoɔ aso.
As for the prophet, the priest, and the people, who say, ‘The message from Yahweh,’ I will even punish that man and his household.
35 Yei ne deɛ mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuaeɛ ne sɛn?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’
You will say everyone to his neighbor, and everyone to his brother, ‘What has Yahweh answered?’ and, ‘What has Yahweh said?’
36 Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; ɛfiri sɛ, obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa enti modanedane nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn, Teasefoɔ, Asafo Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn mu.
You will mention the message from Yahweh no more, for every man’s own word has become his message; for you have perverted the words of the living God, of Yahweh of Armies, our God.
37 Yei ne deɛ mokɔ so ka kyerɛ odiyifoɔ: ‘Mmuaeɛ bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’
You will say to the prophet, ‘What has Yahweh answered you?’ and, ‘What has Yahweh spoken?’
38 Ɛwom, mosi so dua sɛ, ‘Yei ne Awurade adiyisɛm’ nanso sei na Awurade ka: Mokaa sɛ, ‘Yei yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ ɛberɛ a maka akyerɛ mo sɛ monnka saa nsɛm yi bio.
Although you say, ‘The message from Yahweh,’ therefore Yahweh says: ‘Because you say this word, “The message from Yahweh,” and I have sent to you, telling you not to say, “The message from Yahweh,”
39 Afei, nokorɛm, me werɛ bɛfiri mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afiri mʼani so.
therefore behold, I will utterly forget you, and I will cast you off with the city that I gave to you and to your fathers, away from my presence.
40 Na mede daa animguaseɛ, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”
I will bring an everlasting reproach on you, and a perpetual shame, which will not be forgotten.’”

< Yeremia 23 >