< 1 Samuel 1 >

1 Na ɔbarima bi firi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nana nso. Na wɔfiri Tohu fie, a ɛwɔ Suf abusua mu.
Now there was a certain man of Ramathaim Zophim, of the hill country of Ephraim, and his name was Elkanah, the son of Jeroham, the son of Elihu, the son of Tohu, the son of Zuph, an Ephraimite.
2 Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana deɛ, na ɔnni ba.
He had two wives. The name of one was Hannah, and the name of the other Peninnah. Peninnah had children, but Hannah had no children.
3 Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafoɔ kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔdeɛ ma Otumfoɔ Awurade wɔ Awurade fie. Na Eli mmammarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfoɔ wɔ hɔ saa ɛberɛ no.
This man went up out of his city from year to year to worship and to sacrifice to Yahweh of Armies in Shiloh. The two sons of Eli, Hophni and Phinehas, priests to Yahweh, were there.
4 Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no, ɔde ɛnam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara.
When the day came that Elkanah sacrificed, he gave portions to Peninnah his wife and to all her sons and her daughters;
5 Nanso, Hana deɛ, na ne kyɛfa yɛ soronko, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no yie, ɛwom sɛ na Awurade mmaa no mma.
but he gave a double portion to Hannah, for he loved Hannah, but Yahweh had shut up her womb.
6 Nanso na Awurade ato nʼawodeɛ mu enti, na Penina di ne ho fɛw.
Her rival provoked her severely, to irritate her, because Yahweh had shut up her womb.
7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo.
So year by year, when she went up to Yahweh’s house, her rival provoked her. Therefore she wept, and didn’t eat.
8 Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no sɛ, “Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, sɛ wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen sɛ anka wowɔ mmammarima edu mpo?”
Elkanah her husband said to her, “Hannah, why do you weep? Why don’t you eat? Why is your heart grieved? Am I not better to you than ten sons?”
9 Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ.
So Hannah rose up after they had finished eating and drinking in Shiloh. Now Eli the priest was sitting on his seat by the doorpost of Yahweh’s temple.
10 Hana firi awerɛhoɔ a ano yɛ den mu suiɛ, ɛberɛ a na ɔrebɔ Awurade mpaeɛ.
She was in bitterness of soul, and prayed to Yahweh, weeping bitterly.
11 Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Ao Awurade Otumfoɔ, sɛ wobɛhwɛ wo ɔsomfoɔ awerɛhoɔdie so, na wotie me mpaeɛbɔ ma me ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛsane ama wo. Ne nna a ɔbɛdi nyinaa ɔbɛyɛ wo dea. Deɛ ɛbɛyɛ adansedie sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa yiwan nka ne ti da.”
She vowed a vow, and said, “Yahweh of Armies, if you will indeed look at the affliction of your servant and remember me, and not forget your servant, but will give to your servant a boy, then I will give him to Yahweh all the days of his life, and no razor shall come on his head.”
12 Ɔgu so rebɔ Awurade mpaeɛ no, na Eli rehwɛ no.
As she continued praying before Yahweh, Eli saw her mouth.
13 Ɔhunuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuu sɛ wanom nsã.
Now Hannah spoke in her heart. Only her lips moved, but her voice was not heard. Therefore Eli thought she was drunk.
14 Ɔbisaa no sɛ, “Ɛsɛ sɛ woba ha ɛberɛ a waboro nsã anaa? Ma wʼani nna hɔ!”
Eli said to her, “How long will you be drunk? Get rid of your wine!”
15 Na Hana buaa sɛ, “Dabi, me wura, memmoroo nsã, na mmom, me werɛ na aho enti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade.
Hannah answered, “No, my lord, I am a woman of a sorrowful spirit. I have not been drinking wine or strong drink, but I poured out my soul before Yahweh.
16 Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbaa omumuyɛfoɔ. Na anibereɛ ne awerɛhoɔ so na merebɔ mpaeɛ.”
Don’t consider your servant a wicked woman; for I have been speaking out of the abundance of my complaint and my provocation.”
17 Ɛnna Eli kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma wʼani nnye! Israel Onyankopɔn nyɛ wʼabisadeɛ mma wo.”
Then Eli answered, “Go in peace; and may the God of Israel grant your petition that you have asked of him.”
18 Hana teaam sɛ, “Meda wo ase, awura!” Ɔsane kɔ kɔdidiiɛ, na wanni awerɛhoɔ bio.
She said, “Let your servant find favor in your sight.” So the woman went her way and ate; and her facial expression wasn’t sad any more.
19 Adeɛ kyee anɔpahema no, efie no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsane kɔɔ Rama. Ɛberɛ a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no,
They rose up in the morning early and worshiped Yahweh, then returned and came to their house to Ramah. Then Elkanah knew Hannah his wife; and Yahweh remembered her.
20 na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Samuel na ɔkaa sɛ, “Mebisaa no firii Awurade nkyɛn.”
When the time had come, Hannah conceived, and bore a son; and she named him Samuel, saying, “Because I have asked him of Yahweh.”
21 Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ ama Awurade.
The man Elkanah, and all his house, went up to offer to Yahweh the yearly sacrifice and his vow.
22 Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ a, mede no bɛkɔ Awurade fie na makɔgya no hɔ ama Awurade afebɔɔ.”
But Hannah didn’t go up, for she said to her husband, “Not until the child is weaned; then I will bring him, that he may appear before Yahweh, and stay there forever.”
23 Elkana kaa sɛ, “Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa na Awurade mmoa wo mma wonni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.
Elkanah her husband said to her, “Do what seems good to you. Wait until you have weaned him; only may Yahweh establish his word.” So the woman waited and nursed her son until she weaned him.
24 Ɔtwaa no nufoɔ wieeɛ no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔrefie wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra baeɛ.
When she had weaned him, she took him up with her, with three bulls, and one ephah of meal, and a container of wine, and brought him to Yahweh’s house in Shiloh. The child was young.
25 Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔdeɛ wieeɛ no, wɔde abɔfra no brɛɛ Eli.
They killed the bull, and brought the child to Eli.
26 Hana bisaa no sɛ, “Owura wokae me anaa? Me wura, me ne ɔbaa a ɔbɛgyinaa ha mfeɛ bebree ni bɔɔ Awurade mpaeɛ no.
She said, “Oh, my lord, as your soul lives, my lord, I am the woman who stood by you here, praying to Yahweh.
27 Mebɔɔ saa abɔfra yi ho mpaeɛ, na Awurade ayɛ mʼabisadeɛ ama me.
I prayed for this child, and Yahweh has given me my petition which I asked of him.
28 Enti, seesei, mede abɔfra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na wɔsomm Awurade wɔ hɔ.
Therefore I have also given him to Yahweh. As long as he lives he is given to Yahweh.” He worshiped Yahweh there.

< 1 Samuel 1 >