< 1 Samuel 2 >

1 Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu! Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ! Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ, na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho.
Hannah prayed, and said, “My heart exults in Yahweh! My horn is exalted in Yahweh. My mouth is enlarged over my enemies, because I rejoice in your salvation.
2 “Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade! Obi bi nka wo ho; Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.
There is no one as holy as Yahweh, for there is no one besides you, nor is there any rock like our God.
3 “Gyae ahantansu ne ahomasoɔ no, nkasa wɔ ahantan so saa! Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔnim wo nneyɛeɛ na ɔbɛbu wo deɛ woayɛ no so atɛn.
“Don’t keep talking so exceedingly proudly. Don’t let arrogance come out of your mouth, for Yahweh is a God of knowledge. By him actions are weighed.
4 “Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio; na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den.
“The bows of the mighty men are broken. Those who stumbled are armed with strength.
5 Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn. Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn. Afei, obonini wɔ mma baason, na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no.
Those who were full have hired themselves out for bread. Those who were hungry are satisfied. Yes, the barren has borne seven. She who has many children languishes.
6 “Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba; Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom. (Sheol h7585)
“Yahweh kills and makes alive. He brings down to Sheol and brings up. (Sheol h7585)
7 Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ; ɔbrɛ obi ase na wapagya obi.
Yahweh makes poor and makes rich. He brings low, he also lifts up.
8 Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu aane, ɔyi no firi nsosie mu; ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma de wɔn tena animuonyam nkonnua so. “Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea, na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ.
He raises up the poor out of the dust. He lifts up the needy from the dunghill to make them sit with princes and inherit the throne of glory. For the pillars of the earth are Yahweh’s. He has set the world on them.
9 Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban, na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu. “Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim;
He will keep the feet of his holy ones, but the wicked will be put to silence in darkness; for no man will prevail by strength.
10 Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn. Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so; Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara. “Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ; deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”
Those who strive with Yahweh shall be broken to pieces. He will thunder against them in the sky. “Yahweh will judge the ends of the earth. He will give strength to his king, and exalt the horn of his anointed.”
11 Afei, Elkana ne Hana gyaa Samuel hɔ kɔɔ efie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade ɔboafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔboaa ɔsɔfoɔ Eli.
Elkanah went to Ramah to his house. The child served Yahweh before Eli the priest.
12 Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade,
Now the sons of Eli were wicked men. They didn’t know Yahweh.
13 anaa wɔn asɔfodwuma. Ɛberɛ biara a obi bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no na wɔrenoa ɛnam no, Eli mma no soma ɔsomfoɔ de adinam a ɛwɔ ano mmiɛnsa ba. Ɛberɛ a ɛnam no si ogya so no,
The custom of the priests with the people was that when anyone offered a sacrifice, the priest’s servant came while the meat was boiling, with a fork of three teeth in his hand;
14 ɔsomfoɔ no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ deɛ adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no dea. Wɔde Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɛkwan yi so.
and he stabbed it into the pan, or kettle, or cauldron, or pot. The priest took all that the fork brought up for himself. They did this to all the Israelites who came there to Shiloh.
15 Ɛtɔ dabi a, ansa na wɔbɛhye sradeɛ no, ɔsɔfoɔ no ɔsomfoɔ ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ, “Ma ɔsɔfoɔ no ɛnam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo ɛnam a woanoa, na mmom, ɛnam mono nko ara.”
Yes, before they burned the fat, the priest’s servant came, and said to the man who sacrificed, “Give meat to roast for the priest; for he will not accept boiled meat from you, but raw.”
16 Onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no ka sɛ, “Fa dodoɔ biara a wopɛ, nanso sradeɛ no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfoɔ no bɛka sɛ, “Dabi, fa ma me seesei ara, anyɛ saa a, mede tumi bɛfa.”
If the man said to him, “Let the fat be burned first, and then take as much as your soul desires;” then he would say, “No, but you shall give it to me now; and if not, I will take it by force.”
17 Na saa bɔne a mmeranteɛ yi yɛ yi yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ, na wɔbu Awurade afɔrebɔ no animtia.
The sin of the young men was very great before Yahweh; for the men despised Yahweh’s offering.
18 Samuel deɛ, ɛwom na ɔyɛ abarimaa, nanso na ɔyɛ Awurade ɔboafoɔ. Na wɔde nwera asɔfotadeɛ ahyɛ no te sɛ ɔsɔfoɔ.
But Samuel ministered before Yahweh, being a child, clothed with a linen ephod.
19 Afe biara a ne maame ne ne kunu rekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ no, na ne maame pam batakari kumaa bi de kɔma no.
Moreover his mother made him a little robe, and brought it to him from year to year when she came up with her husband to offer the yearly sacrifice.
20 Ansa na wɔbɛsane akɔ efie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka sɛ, “Awurade mma ɔbaa yi nwo mma, na ɔmmɛsi deɛ ɔbɔɔ ho mpaeɛ nyaeɛ a ɔde no maa Awurade no ananmu.”
Eli blessed Elkanah and his wife, and said, “May Yahweh give you offspring from this woman for the petition which was asked of Yahweh.” Then they went to their own home.
21 Na Awurade maa Hana woo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim.
Yahweh visited Hannah, and she conceived and bore three sons and two daughters. The child Samuel grew before Yahweh.
22 Afei, Eli bɔɔ akɔkoraa, nanso na ɔnim deɛ ne mmammarima no de reyɛ Israelfoɔ. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ, na ɔnim sɛ ne mmammarima no fa mmabaawa a wɔboa ntomadan no ano adwumayɛ no.
Now Eli was very old; and he heard all that his sons did to all Israel, and how that they slept with the women who served at the door of the Tent of Meeting.
23 Eli ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Metete mo ho nsɛm firi ɔmanfoɔ nkyɛn a ɛfa amumuyɛsɛm a modie no ho. Adɛn enti na mokɔ so yɛ bɔne?
He said to them, “Why do you do such things? For I hear of your evil dealings from all these people.
24 Me mma, ɛsɛ sɛ mogyae! Mo ho nsɛm a metete firi Awurade nkurɔfoɔ nkyɛn fa mo ho no nyɛ.
No, my sons; for it is not a good report that I hear! You make Yahweh’s people disobey.
25 Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforɔ a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifoɔ no. Nanso, sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hwan na ɔbɛtumi adi agyinamu?” Eli mma no antie wɔn agya no afotuo, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkum wɔn.
If one man sins against another, God will judge him; but if a man sins against Yahweh, who will intercede for him?” Notwithstanding, they didn’t listen to the voice of their father, because Yahweh intended to kill them.
26 Na abɔfra Samuel nyiniiɛ, na ɔkɔɔ so nyaa adom firii Awurade ne ɔmanfoɔ nkyɛn.
The child Samuel grew on, and increased in favor both with Yahweh and also with men.
27 Ɛda koro bi Onyankopɔn onipa bi baa Eli nkyɛn de nkra yi brɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade ka, ‘Manna me ho adi pefee ankyerɛ wʼagya fie ɛberɛ a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no anaa?
A man of God came to Eli and said to him, “Yahweh says, ‘Did I reveal myself to the house of your father when they were in Egypt in bondage to Pharaoh’s house?
28 Israel mmusuakuo no nyinaa mu no, Aaron na meyii no sɛ, ɔnyɛ me ɔsɔfoɔ a ɔbɛkɔ afɔrebukyia anim akɔhye aduhwam, na wahyɛ asɔfotadeɛ wɔ mʼanim. Na mede afɔdeɛ a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfoɔ no.
Didn’t I choose him out of all the tribes of Israel to be my priest, to go up to my altar, to burn incense, to wear an ephod before me? Didn’t I give to the house of your father all the offerings of the children of Israel made by fire?
29 Adɛn enti na motiatia me kum afɔdeɛ ne mʼaduane afɔdeɛ so? Adɛn enti na mobu mo mmammarima sene me? Moawe afɔrebɔdeɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ no mu kyɛfa a ɛyɛ no, na monam so ayeyɛ akɛseɛ!’
Why do you kick at my sacrifice and at my offering, which I have commanded in my habitation, and honor your sons above me, to make yourselves fat with the best of all the offerings of Israel my people?’
30 “Enti, asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusua fa no bɛyɛ mʼasɔfoɔ, nanso, wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni; na wɔn a wɔbu me animtia no, mɛbɔ wɔn ahohora.
“Therefore Yahweh, the God of Israel, says, ‘I said indeed that your house and the house of your father should walk before me forever.’ But now Yahweh says, ‘Far be it from me; for those who honor me I will honor, and those who despise me will be cursed.
31 Mɛma mo fiefoɔ agyae mʼasɔfodie som no. Mpatuwuo mpa mo fie da na mo mu biara rentena ase nni mfeɛ, mmee.
Behold, the days come that I will cut off your arm and the arm of your father’s house, that there will not be an old man in your house.
32 Mode anibereɛ na ɛbɛhwɛ nkɔsoɔ a mede bɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ. Na mo abusuafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛbɔ akɔkoraa.
You will see the affliction of my habitation, in all the wealth which I will give Israel. There shall not be an old man in your house forever.
33 Wɔn a wɔbɛka akyire no bɛtena ase awerɛhoɔ ne ntehem mu. Na wɔn mma bɛwuwu atɔfowuo.
The man of yours whom I don’t cut off from my altar will consume your eyes and grieve your heart. All the increase of your house will die in the flower of their age.
34 “‘Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu saa no enti, mɛma wo mmammarima baanu no a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no awuwu da korɔ mu.
This will be the sign to you that will come on your two sons, on Hophni and Phinehas: in one day they will both die.
35 Ɛno akyi masi ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛsom me, na wayɛ deɛ mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mɛhyira nʼasefoɔ, na ne fiefoɔ bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefoɔ akɔsi daa.
I will raise up a faithful priest for myself who will do according to that which is in my heart and in my mind. I will build him a sure house. He will walk before my anointed forever.
36 Na wʼasefoɔ nyinaa bɛkoto nʼasefoɔ, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduane. Wɔbɛka sɛ, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfoɔ no mu sɛdeɛ ɛbɛma yɛanya aduane adi, amee.”’”
It will happen that everyone who is left in your house will come and bow down to him for a piece of silver and a loaf of bread, and will say, “Please put me into one of the priests’ offices, that I may eat a morsel of bread.”’”

< 1 Samuel 2 >