< Nnwom 99 >

1 Awurade di hene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam, ma asase nwosow.
Jehovah reigns. Let the peoples tremble. He sits enthroned among the cherubim; the earth shakes.
2 Awurade a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse; wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu.
Jehovah is great in Zion. He is high above all the peoples.
3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no, ɔyɛ ɔkronkron.
Let them praise your great and awesome name. He is Holy.
4 Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee, woama pɛpɛyɛ atim; wayɛ nea eye na ɛteɛ wɔ Yakob mu.
The King's strength also loves justice. You do establish equity. You execute justice and righteousness in Jacob.
5 Momma Awurade, yɛn Nyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim; ɔyɛ ɔkronkron.
Exalt Jehovah our God. Worship at his footstool. He is Holy.
6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho, na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; wɔfrɛɛ Awurade, na ogyee wɔn so.
Moses and Aaron were among his priests, Samuel among those who call on his name; they called on Jehovah, and he answered them.
7 Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so.
He spoke to them in the pillar of cloud. They kept his testimonies, the statute that he gave them.
8 Awurade, yɛn Nyankopɔn, wugyee wɔn so; woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel, nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.
You answered them, Jehovah our God. You are a God who forgave them, although you took vengeance for their doings.
9 Momma Awurade yɛn Nyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so, na Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron.
Exalt Jehovah, our God. Worship at his holy mountain, for Jehovah, our God, is holy.

< Nnwom 99 >