< Nnwom 85 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma dwom. Wo Awurade, wodom wʼasase; wode Yakob ahonyade san maa no.
[For the Chief Musician. A Psalm by the sons of Korah.] Jehovah, you have been favorable to your land. You have restored the fortunes of Jacob.
2 Wode wo nkurɔfo bɔne kyɛɛ wɔn na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.
You have forgiven the iniquity of your people. You have covered all their sin. (Selah)
3 Wode wʼabufuw nyinaa too nkyɛn na wodan fii wʼabufuwhyew ho.
You have taken away all your wrath. You have turned from the fierceness of your anger.
4 San gye yɛn bio, Onyankopɔn, yɛn Gyefo, na ma wʼani nnye yɛn ho.
Restore us, God of our salvation, and cause your indignation toward us to cease.
5 Wo bo befuw yɛn akosi daa ana? Wʼabufuw bɛtoa so akɔ awo ntoantoaso nyinaa so ana?
Will you be angry with us forever? Will you draw out your anger to all generations?
6 Worenhyɛ yɛn den bio, na ama wo nkurɔfo asɛpɛw wɔn ho wɔ wo mu ana?
Won't you revive us again, that your people may rejoice in you?
7 Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, na ma yɛn wo nkwagye no.
Show us your loving kindness, Jehovah. Grant us your salvation.
8 Metie nea Awurade Nyankopɔn bɛka; ɔde asomdwoe hyɛ ne nkurɔfo, ahotefo no bɔ, enti ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ agyimisɛm ho.
I will hear what God, Jehovah, will speak, for he will speak peace to his people, his faithful ones; but let them not turn again to folly.
9 Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no, na nʼanuonyam bɛtena yɛn asase so.
Surely his salvation is near those who fear him, that glory may dwell in our land.
10 Ɔdɔ ne nokwaredi behyia, na trenee ne asomdwoe befew wɔn ho wɔn ho ano.
Mercy and truth meet together. Righteousness and peace have kissed each other.
11 Nokwaredi bepue afi asase no so, na trenee ahwɛ afi ɔsoro.
Truth springs out of the earth. Righteousness has looked down from heaven.
12 Awurade bɛma yɛn nea eye ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.
Yes, Jehovah will give that which is good. Our land will yield its increase.
13 Trenee di nʼanim siesie ɔkwan ma nʼanammɔntu.
Righteousness goes before him, And prepares the way for his steps.

< Nnwom 85 >