< Nnwom 3 >

1 Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim. Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa! dodow no ara na wɔsɔre tia me! 2 Bebree no ara ka fa me ho se, “Onyankopɔn rennye no.” 3 Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti. 4 Meteɛ mu su frɛ Awurade, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so. 5 Metɔ hɔ na meda a, minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina. 6 Merensuro atamfo mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no. 7 Sɔre, Awurade! Gye me, me Nyankopɔn! Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye; na tutu amumɔyɛfo se. 8 Awurade hɔ na ogye fi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so.

< Nnwom 3 >