< Nnwom 6 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so. Dawid dwom. Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu. 2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw; Awurade sa me yare na me nnompe wɔ ahoyeraw mu. 3 Me kra wɔ ahohia mu. Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn? 4 San bra, Awurade, na begye me nkwa; gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti. 5 Obi a wawu no renkae wo da, hena na ofi ɔda mu kamfo wo? (Sheol h7585) 6 Apinisi ama mayɛ mmerɛw. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa, na me nusu fɔw me sumii. 7 Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti. 8 Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho! efisɛ Awurade ate me sufrɛ. 9 Awurade ate me mmɔborɔsu; Awurade tie me sufrɛ. 10 Mʼatamfo nyinaa anim begu ase na wɔn ho adwiriw wɔn; na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.

< Nnwom 6 >