< Nnwom 135 >

1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade din; monkamfo no, mo Awurade asomfo,
Praise JAH. Praise the name of Jehovah. Praise him, you servants of Jehovah,
2 mo a mosom wɔ Awurade fi, wɔ adiwo a ɛwɔ yɛn Nyankopɔn fi.
you who stand in the house of Jehovah, in the courts of our God's house.
3 Monkamfo Awurade efisɛ oye; monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.
Praise JAH, for Jehovah is good. Sing praises to his name, for that is pleasant.
4 Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne de, wayi Israel sɛ nʼade a ɛsom bo.
For JAH has chosen Jacob for himself; Israel for his own possession.
5 Minim sɛ Awurade so; Ɔso sen anyame nyinaa.
For I know that Jehovah is great, that our Lord is above all gods.
6 Awurade yɛ nea ɔpɛ biara wɔ ɔsoro ne asase so, po ne mu bun nyinaa.
Whatever Jehovah pleased, that he has done, in heaven and in earth, in the seas and in all deeps;
7 Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba; ɔsoma anyinam ka osu ho na ɔma ahum tu fi ne koradan mu.
who causes the clouds to rise from the farthest parts of the earth; who makes lightnings with the rain; who brings forth the wind out of his treasuries;
8 Okum Misraim mmakan, nnipa ne mmoa mmakan.
Who struck the firstborn of Egypt, both of man and animal;
9 Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwade baa mo mfimfini, Misraim, de tiaa Farao ne nʼasomfo nyinaa.
Who sent signs and wonders into the midst of you, Egypt, on Pharaoh, and on all his servants;
10 Ɔsɛee amanaman pii, na okunkum ahemfo akɛse,
who struck many nations, and killed mighty kings,
11 Amorifo hene, Sihon Basan hene, Og ne Kanaan ahemfo nyinaa,
Sihon king of the Amorites, Og king of Bashan, and all the kingdoms of Canaan,
12 na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade ɔde maa ne nkurɔfo Israelfo.
and gave their land for a heritage, a heritage to Israel, his people.
13 Awurade, wo din wɔ hɔ daa. Awurade wo din ahyeta awo ntoatoaso nyinaa mu.
Your name, Jehovah, endures forever; your renown, Jehovah, throughout all generations.
14 Awurade bedi ama ne nkurɔfo na obehu nʼasomfo mmɔbɔ.
For Jehovah will judge his people, and have compassion on his servants.
15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ.
The idols of the nations are silver and gold, the work of men's hands.
16 Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa, wɔwɔ ani, nanso wonhu ade;
They have mouths, but they can't speak. They have eyes, but they can't see.
17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, na ɔhome nso nni wɔn anom.
They have ears, but they can't hear; neither is there any breath in their mouths.
18 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
Those who make them will be like them; yes, everyone who trusts in them.
19 Monkamfo Awurade, mo Israelfo nyinaa; monkamfo Awurade, Aaron fi;
House of Israel, praise Jehovah. House of Aaron, praise Jehovah.
20 monkamfo Awurade, Lewi fi; monkamfo Awurade, mo a musuro no.
House of Levi, praise Jehovah. You who fear Jehovah, praise Jehovah.
21 Mumfi Sion nkamfo Awurade, monkamfo nea ɔte Yerusalem no. Monkamfo Awurade.
Blessed be Jehovah from Zion, Who dwells at Jerusalem. Praise JAH.

< Nnwom 135 >