< Nnwom 108 >

1 Dawid dwom. Onyankopɔn, me koma asi pi; mede me kra nyinaa bɛto wʼayeyi nnwom.
[A Song. A Psalm by David.] My heart is steadfast, God. I will sing and I will make music with my soul.
2 Munnyan, sanku ne bɛnta! Menyan anɔpahema.
Wake up, harp and lyre. I will wake up the dawn.
3 Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman mu; mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa no mu.
I will give thanks to you, Jehovah, among the nations. I will sing praises to you among the peoples.
4 Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; wo nokwaredi du wim.
For your loving kindness is great above the heavens. Your faithfulness reaches to the skies.
5 Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.
Be exalted, God, above the heavens. Let your glory be over all the earth.
6 Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
That your beloved may be delivered, save with your right hand, and answer us.
7 Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se, “Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu na masusuw Sukot Bon.
God has spoken from his sanctuary: "In triumph, I will divide Shechem, and measure out the Valley of Succoth.
8 Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dade kyɛw, Yuda yɛ mʼahempema.
Gilead is mine. Manasseh is mine. Ephraim also is my helmet. Judah is my scepter.
9 Moab yɛ me guasɛn, Edom so na metow me mpaboa gu; na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”
Moab is my wash pot. I will toss my sandal on Edom. I will shout in triumph over Philistia."
10 Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?
Who will bring me into the fortified city? Who has led me to Edom?
11 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?
Haven't you rejected us, God? You do not go forth, God, with our armies.
12 Boa yɛn tia ɔtamfo no, na ɔdesani mmoa nka hwee.
Give us help against the enemy, for the help of man is vain.
13 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim, na obetiatia yɛn atamfo so.
Through God, we will do valiantly. For it is he who will trample down our enemies.

< Nnwom 108 >