< Yohane 1 >

1 Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dedaw. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.
In the beginning was the Word, and the Word was with God, and the Word was God.
2 Mfiase no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.
He was in the beginning with God.
3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.
All things were made through him, and apart from him nothing was made that has been made.
4 Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann.
In him was life, and the life was the light of humanity.
5 Hann no hyerɛn wɔ sum mu a sum no ntumi nni hann no so.
And the light shines in the darkness, and the darkness hasn't overcome it.
6 Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane.
There came a man, sent from God, whose name was John.
7 Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi.
He came as a witness to testify about the light, that all might believe through him.
8 Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa se ɔrebedi hann no ho adanse.
He was not the light, but was sent that he might testify about the light.
9 Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.
The true light that enlightens everyone was coming into the world.
10 Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no.
He was in the world, and the world was made through him, but the world did not recognize him.
11 Ɔbaa nʼankasa ne man mu, nanso ne manfo annye no anto mu.
He came to his own, and those who were his own did not receive him.
12 Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma
But as many as received him, to them he gave the right to become God's children, to those who believe in his name,
13 wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.
who were born not of blood, nor of the will of the flesh, nor of the will of man, but of God.
14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma.
And the Word became flesh and lived among us, and we saw his glory, such glory as of the one and only of the Father, full of grace and truth.
15 Yohane kaa ne ho asɛm se, “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’”
John testified about him and shouted out, saying, "This was the one of whom I said, 'He who comes after me has surpassed me, for he was before me.'"
16 Ofi ne mmɔborɔhunu a to ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa.
For of his fullness we all received, and grace upon grace.
17 Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu Kristo so na yenyaa adom ne nokware.
For the Law was given through Moses, grace and truth came through Jesus Christ.
18 Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.
No one has seen God at any time. The only Son, who is at the Father's side, has made him known.
19 Yudafo mpanyin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfo ne Lewifo kɔɔ Yohane nkyɛn kobisaa no se, “Wone Agyenkwa no ana?”
And this is John's testimony, when the Jewish leaders sent priests and Levites from Jerusalem to ask him, "Who are you?"
20 Yohane antwentwɛn asɛm no mmuae so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ se, “Ɛnyɛ me ne Agyenkwa no.”
And he confessed, and did not deny, but he confessed, "I am not the Christ."
21 Wobisaa no se, “Ɛno de, na wone hena, Elia ana?” Obuaa wɔn se, “Dabi.” Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?” Ɔsan buaa wɔn se, “Dabi”.
And they asked him, "What then? Are you Elijah?" And he said, "I am not." "Are you the Prophet?" And he answered, "No."
22 Wɔsan bisaa no se, “Ɛno de, na wone hena? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amanneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”
They said therefore to him, "Who are you? Give us an answer to take back to those who sent us. What do you say about yourself?"
23 Yohane buaa wɔn se, “Mene nne a efi sare so a ɛteɛ mu sɛnea Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm se, ‘Munsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no.’”
He said, "I am the voice of one crying in the wilderness, 'Make straight the way of the Lord,' as Isaiah the prophet said."
24 Afei wɔn a Farisifo no somaa wɔn no bisaa Yohane bio se,
(Now they had been sent from the Pharisees.)
25 “Sɛ ɛnyɛ wo ne Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifo no a, adɛn nti na wobɔ asu?”
And they asked him, "Why then do you baptize, if you are not the Christ, nor Elijah, nor the Prophet?"
26 Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a munnim no,
John answered them, saying, "I baptize in water, but among you stands one whom you do not know.
27 a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi mʼakyi aba.”
He is the one who comes after me, whose sandal strap I'm not worthy to loosen."
28 Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.
These things were done in Bethany across the Jordan, where John was baptizing.
29 Ade kyee a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteɛɛ mu kae se, “Hwɛ, Onyankopɔn Guamma a oyi wiase bɔne kɔ no!
The next day, he saw Jesus coming to him, and said, "Look, the Lamb of God, who takes away the sin of the world.
30 Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’
This is he of whom I said, 'After me comes a man who ranks ahead of me, because he existed before me.'
31 Me de, na minnim no, nanso mede nsu bɛbɔɔ asu sɛnea ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.”
I did not know him, but for this reason I came baptizing in water: that he would be revealed to Israel."
32 Na Yohane dii adanse se, “Mihuu Honhom no sɛ asian aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresian afi ɔsoro.
And John testified, saying, "I saw the Spirit descending like a dove out of heaven, and it remained on him.
33 Na anka minnim no, nanso bere a Onyankopɔn somaa me se memfa nsu mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me se, ‘Onipa a wubehu sɛ Honhom no besian aba ne so no, ɔno ne nea worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’
And I did not recognize him, but he who sent me to baptize in water, he said to me, 'On whomever you will see the Spirit descending, and remaining on him, this is he who baptizes in the Holy Spirit.'
34 Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”
And I have seen and have testified that this is the Chosen One of God."
35 Ade kyee a Yohane ne nʼasuafo no mu baanu gyina baabi no, wohuu sɛ Yesu retwa mu.
Again, the next day, John was standing with two of his disciples,
36 Yohane hwɛɛ no kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guamma no!”
and he looked at Jesus as he walked, and said, "Look, the Lamb of God."
37 Asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi.
And the two disciples heard him say this, and they followed Jesus.
38 Yesu twaa nʼani huu sɛ wodi nʼakyi no, obisaa wɔn se, “Dɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no se, “Rabi” (a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfo), “ɛhe na wote?”
And Jesus turned and saw them following, and said to them, "What are you looking for?" They said to him, "Rabbi" (which translated means Teacher), "where are you staying?"
39 Obuaa wɔn se, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte na wɔne no tenaa hɔ fii awia nnɔnnan kosii anwummere.
He said to them, "Come, and you will see." They came and saw where he was staying, and they stayed with him that day. It was about four in the afternoon.
40 Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no nti ɛma wokodii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea.
One of the two who heard John, and followed him, was Andrew, Simon Peter's brother.
41 Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no” (Kristo no).
He first found his own brother, Simon, and said to him, "We have found the Messiah." (which is translated, Christ).
42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no se, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso efi nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa” (ɛno ara ne Petro a ne nkyerɛase ne Ɔbotan no).
He brought him to Jesus. Jesus looked at him, and said, "You are Simon the son of John. You shall be called Cephas" (which is translated, Peter).
43 Ade kyee no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.”
On the next day, he was determined to go out into Galilee, and he found Philip. And Jesus said to him, "Follow me."
44 Na Filipo nso fi Betsaida a na Petro ne Andrea nso fi no.
Now Philip was from Bethsaida, of the city of Andrew and Peter.
45 Filipo fii hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba.”
Philip found Nathanael, and said to him, "We have found him of whom Moses in the Law and the Prophets wrote: Jesus of Nazareth, the son of Joseph."
46 Natanael bisaa Filipo se, “Ade pa bi betumi afi Nasaret aba?” Filipo nso ka kyerɛɛ no se, “Bra na bɛhwɛ.”
And Nathanael said to him, "Can any good thing come out of Nazareth?" Philip said to him, "Come and see."
47 Bere a Yesu huu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkae se, “Israelni nokwafo ni ampa.”
Jesus saw Nathanael coming to him, and said about him, "Look, a true Israelite in whom there is no deceit."
48 Natanael bisaa Yesu se, “Woyɛɛ dɛn huu sɛnea mete?” Yesu nso buaa no se, “Bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mihuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”
Nathanael said to him, "How do you know me?" Jesus answered him, "Before Philip called you, when you were under the fig tree, I saw you."
49 Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!”
Nathanael answered him, "Rabbi, you are the Son of God. You are King of Israel."
50 Yesu bisaa no se, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mihuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na wugye di ana? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom.
Jesus answered him, "Because I told you, 'I saw you underneath the fig tree,' do you believe? You will see greater things than these."
51 Mereka nokware akyerɛ mo se, mubehu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ Onipa Ba no so.”
And he said to him, "Truly, truly, I tell you, you will see heaven opened, and the angels of God ascending and descending on the Son of Man."

< Yohane 1 >