< Hiob 38 >

1 Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se, 2 “Hena ne nea ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu kata me nhyehyɛe so? 3 Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mebisa wo nsɛm, na wubebua me. 4 “Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he? Sɛ wote ase, ka ɛ. 5 Hena na osusuw ne tenten ne ne trɛw? Ampa ara wunim! Hena na ɔtwee susuhama faa ani? 6 Dɛn so na egyina, anaa hena na ɔtoo ne tweatibo no, 7 bere a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, na abɔfo nyinaa de anigye teɛɛ mu no? 8 “Hena na ɔkaa po hyɛɛ apon akyi, bere a epue fii ɔyafunu mu, 9 bere a mede omununkum yɛɛ nʼadurade na mede sum kabii kyekyeree no, 10 bere a metoo ɔhye maa no na misisii nʼapon ne nʼadaban, 11 bere a mekae se, ‘Ɛha ara na wubedu na worentra ha; ɛha na wʼahantan asorɔkye no bɛso no?’ 12 “So woahyɛ mmara ama adekyee da? Na woakyerɛ ahemadakye nso afa, 13 sɛ ɛnkɔka asase ano na ontu amumɔyɛfo mfi so? 14 Asase fa ne bɔbea sɛ dɔte a ɛhyɛ nsɔwano ase; na ɛsow tebea da wɔn ho adi te sɛ atade. 15 Wɔde amumɔyɛfo hann akame wɔn, na wɔn abasa a wɔama so no mu abu. 16 “So woapɛɛpɛɛ mu ahu nea po aniwa wɔ anaa woanantew ne bun mu pɛn? 17 So wɔde owu apon akyerɛ wo? Woahu owu sunsuma apon ana? 18 Woate wiase a ɛda hɔ tamaa no ase ana? Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me. 19 “Ɔkwan bɛn na ɛkɔ hann atenae? Na ɛhe na sum te? 20 Wubetumi de wɔn akɔ wɔn sibea? Wunim akwan a ɛkɔ wɔn atenae? 21 Ampa ara wunim, efisɛ na wɔawo wo dedaw. Woanyin yiye! 22 “Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da anaa woahu mparuwbo adekoradan 23 a makora so ama ahohia bere, ɔsa ne akodi nna? 24 Ɔkwan bɛn na ɛkɔ faako a anyinam fi ba, anaa faako a apuei mframa fi na ɛbɔ fa asase so? 25 Hena na otwaa ɛka maa osuhweam, ne ɔkwan maa aprannaa mmubomu, 26 sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte so so, nweatam a obiara nni so, 27 na ama asase kesee a ɛda mpan afɔw na sare afifi wɔ so? 28 Osu wɔ agya ana? Hena na ɔyɛ agya ma obosu a ɛsosɔ? 29 Hena yafunu mu na sukyerɛmma fi? Hena na ɔwoo sukyerɛmma mporoporowa fi soro 30 bere a nsu kyen dan sɛ ɔbo, na bun ani kyen? 31 “Wubetumi de hama akyekyere Akokɔbeatan ne ne mma? Wubetumi asan Nyankrɛnte hama ana? 32 Wubetumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne bere mu anaasɛ wubetumi ayi sisi ne ne mma afi hɔ? 33 So wunim mmara a ɛfa ɔsoro ho? Wubetumi de Onyankopɔn ahenni aba asase so ana? 34 “Wubetumi ama wo nne adu omununkum so na wode nsu akata wo ho ana? 35 Wutumi ma anyinam twa? Wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenni’ ana? 36 Hena na ɔde nyansa ma koma anaasɛ ɔde ntease hyɛ adwene mu? 37 Hena na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum? Hena na obetumi akyea ɔsoro nsu nkotoku, 38 bere a mfutuma ayɛ den ama dɔte atɔwatɔw keka bɔ mu. 39 “Wokɔ ahayɛ ma gyatabere ma gyata didi mee 40 bere a wobutubutuw wɔn abon ano anaasɛ wɔtetɛw adɔtɔ ase? 41 Hena na ɔma kwaakwaadabi aduan bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn na wonni aduan nti wokyinkyin?

< Hiob 38 >