< 2 Beresosɛm 19 >

1 Bere a ɔhene Yehosafat duu ne fi wɔ Yerusalem asomdwoe mu no,
Jehoshaphat the king of Judah returned to his house in peace to Jerusalem.
2 Hanani babarima Yehu, ɔdehufo no kohyiaa no. Obisaa ɔhene Yehosafat se, “So ɛsɛ wo sɛ woboa amumɔyɛfo, na wodɔ wɔn a wokyi Awurade ana? Nea woayɛ yi nti Awurade abufuw aba wo so.
Jehu the son of Hanani the seer went out to meet him, and said to king Jehoshaphat, "Should you help the wicked, and love those who hate Jehovah? Because of this, wrath is on you from before Jehovah.
3 Nanso ade pa bi wɔ wo mu, efisɛ woatutu Asera nnua a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”
Nevertheless there are good things found in you, in that you have put away the Asheroth out of the land, and have set your heart to seek God."
4 Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Nanso, otuu kwan fii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔw asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wɔnsan nkɔ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn.
Jehoshaphat lived at Jerusalem: and he went out again among the people from Beersheba to the hill country of Ephraim, and brought them back to Jehovah, the God of their fathers.
5 Oyiyii atemmufo wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa,
He set judges in the land throughout all the fortified cities of Judah, city by city,
6 hyɛɛ wɔn se, “Atɛn biara a mubebu no bere biara no, munnwen ho yiye. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade a ɔbɛka mo ho biara a ɛbɛba sɛ mubu ho atɛn no ani.
and said to the judges, "Consider what you do: for you do not judge for man, but for Jehovah; and he is with you in the judgment.
7 Munsuro Awurade, na mummu atɛntrenee, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, kyi ntɛnkyew, nhwɛanim ne kɛtɛasehyɛ.”
Now therefore let the fear of Jehovah be on you. Take heed and do it: for there is no iniquity with Jehovah our God, nor respect of persons, nor taking of bribes."
8 Na Yehosafat yii Lewifo, asɔfo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel no ma wɔsom sɛ atemmufo wɔ Yerusalem. Na wodi Awurade mmara mu nsɛm ne ofie ntawntaw nsɛm nso.
Moreover in Jerusalem Jehoshaphat appointed Levites and priests, and of the heads of the ancestral houses of Israel, for the judgment of Jehovah, and for controversies. They returned to Jerusalem.
9 Ɔhyɛɛ wɔn se, “Daa, momfa onyamesuro, nokware ne adwene pa nyɛ mo adwuma.
He commanded them, saying, "Thus you shall do in the fear of Jehovah, faithfully, and with a perfect heart.
10 Bere biara a asɛm bi a efi mo nkurɔfo a wɔwɔ nkurow yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudi anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛde sobu no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabufuw remma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.
Whenever any controversy shall come to you from your brothers who dwell in their cities, between blood and blood, between law and commandment, statutes and ordinances, you shall warn them, that they not be guilty towards Jehovah, and so wrath come on you and on your brothers. Do this, and you shall not be guilty.
11 “Ɔsɔfopanyin Amaria bɛyɛ mo panyin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na otua Yuda abusuakuw ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawntawsɛm nyinaa mu. Lewifo no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntrenee. Momfa akokoduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade trenee ho.”
Look, Amariah the chief priest is over you in all matters of Jehovah; and Zebadiah the son of Ishmael, the ruler of the house of Judah, in all the king's matters: also the Levites shall be officers before you. Deal courageously, and may Jehovah be with the good."

< 2 Beresosɛm 19 >