< 2 Beresosɛm 15 >

1 Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so,
The Spirit of God came on Azariah the son of Oded:
2 na opue kohyiaa ɔhene Asa a ofi akono reba no. Ɔteɛɛ mu guu Asa so se, “Tie me, Asa, Yudamanfo nyinaa ne Benyamin muntie. Mmere dodow a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Bere biara a mobɛhwehwɛ no no, mubehu no. Nanso sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.
and he went out to meet Asa, and said to him, "Hear me, Asa, and all Judah and Benjamin. Jehovah is with you, while you are with him; and if you seek him, he will be found by you; but if you forsake him, he will forsake you.
3 Teteete no, na Israel nni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wonni Onyankopɔn mmara nso.
Now for a long time Israel was without the true God, and without a teaching priest, and without law.
4 Nanso bere biara a mobɛkɔ ahohia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Nyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, muhuu no.
But when in their distress they turned to Jehovah, the God of Israel, and sought him, he was found by them.
5 Saa esum bere no mu, na akwantu yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa.
In those times there was no peace to him who went out, nor to him who came in; but great troubles were on all the inhabitants of the lands.
6 Akodi baa ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, efisɛ Awurade maa ɔhaw ahorow bebree baa mo so.
They were broken in pieces, nation against nation, and city against city; for God troubled them with all adversity.
7 Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, munnya akokoduru, na mubenya mo adwumayɛ so akatua.”
But you be strong, and do not let your hands be slack; for your work shall be rewarded."
8 Bere a Asa tee saa asɛm yi fii odiyifo Asaria nkyɛn no, onyaa akokoduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkurow a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔw nsase so no so. Osiesiee Awurade afɔremuka a na esi Awurade Asɔredan ntwironoo anim no.
When Asa heard these words, and the prophecy of Azariah the son of Oded the prophet, he took courage and put away the abominations out of all the land of Judah and Benjamin and out of the cities which he had taken from the hill country of Ephraim; and he renewed the altar of Jehovah, that was before the vestibule of Jehovah.
9 Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wofi Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa bere so, efisɛ wohuu sɛ Awurade, ne Nyankopɔn, ka ne ho.
He gathered all Judah and Benjamin, and those who lived with them out of Ephraim and Manasseh, and out of Simeon: for they fell to him out of Israel in abundance, when they saw that Jehovah his God was with him.
10 Ɛrekɔ ɔsram a ɛto so abiɛsa awiei no mu a na Asa adi ade mfe dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem.
So they gathered themselves together at Jerusalem in the third month, in the fifteenth year of the reign of Asa.
11 Saa da no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔre. Na mmoa no dodow yɛ anantwi ahanson a nguan ne mmirekyi nso dodow yɛ mpem ason.
They sacrificed to Jehovah in that day, of the spoil which they had brought, seven hundred head of cattle and seven thousand sheep.
12 Afei, wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.
They entered into the covenant to seek Jehovah, the God of their fathers, with all their heart and with all their soul;
13 Wɔpenee so se, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, wobekum no, sɛ onnyinii anaa wanyin, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea.
and that whoever would not seek Jehovah, the God of Israel, should be put to death, whether small or great, whether man or woman.
14 Wɔhyɛn ntorobɛnto ne mmɛn denneennen, de dii Awurade nokwaredi ntam no ho adanse.
They swore to Jehovah with a loud voice, and with shouting, and with trumpets, and with cornets.
15 Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, efisɛ wofi wɔn koma nyinaa mu na ɛyɛe. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wohuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegye fii wɔn atamfo a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.
All Judah rejoiced at the oath; for they had sworn with all their heart, and sought him with their whole desire; and he was found of them: and Jehovah gave them rest all around.
16 Mpo ɔhene Asa tuu ne nena baa Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ osii Asera nnua a ɛyɛ atantanne. Otwaa dua no, bubuu mu, hyew no wɔ Kidron bon mu.
Also Maacah, the mother of Asa the king, he removed from being queen, because she had made an abominable image for an Asherah; and Asa cut down her image, and made dust of it, and burnt it in the Kidron Valley.
17 Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwanna nyinaa.
But the high places were not taken away out of Israel: nevertheless the heart of Asa was perfect all his days.
18 Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahorow a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.
He brought into God's house the things that his father had dedicated, and that he himself had dedicated, silver, and gold, and vessels.
19 Enti ɔko ansi bio kosii Asa adedi afe a ɛto so aduasa anum no so.
There was no more war to the five and thirtieth year of the reign of Asa.

< 2 Beresosɛm 15 >